Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMABUN

Bere a Ɛhia Sɛ Wosan Kɔ Fie

Bere a Ɛhia Sɛ Wosan Kɔ Fie

ƆHAW NO

Ɛnnɛ, mmerante ne mmabaa pii tu fi fie sɛ wɔrekɔbɔ wɔn bra, nanso sikasɛm nti wobɛhwɛ na wɔasan wɔn akyi. Biribi saa ato wo pɛn?

Sɛ wodɔ wo maame ne wo papa mpo a, ɛnyɛ mmerɛ sɛ wobɛsan w’akyi akɔ fie. Wo deɛ tie asɛm a ababaa bi a ɔde Sarah * kaeɛ: “Bere a metee me ho no, mehuu sɛ afei deɛ manyin, na me ara mɛtumi ayɛ nneɛma bi; ɛnyɛ obi na ɔbɛyɛ ama me. Nanso mesan baa fie no, na mayɛ sɛ akɔdaa bi.” Richard nso kaa sɛ: “Na mempɛ sɛ mesan kɔtena m’awofo so. Nanso, na metwe a ɛmma. Enti twa ara na na ɛtwa sɛ mesan kɔ fie. Na mafɛre me tirim.”

Sɛ biribi saa ato wo a, asɛm a yɛresusu ho yi bɛtumi aboa wo ma wasan agyina wo nan so.

NEA ƐDE ƆHAW NO BA

Sikasɛm. Sɛ mmerante ne mmabaa fi abrabɔ ase a, ɔhaw baako a ɛtaa pem wɔn ntɛm ne sikasɛm. Richard kaa sɛ, “Bere a mefii m’awofo nkyɛn no, na ɛyɛ den sɛ mɛhwɛ me ho. Sika a mewɔ da hɔ nyinaa saeɛ.” Asɛm koro no ara na ɛtoo ababaa bi a ne din de Shaina. Bere a ɔdii mfe 24 na ɔfii fie kɔhyɛɛ ɔbra ase, nanso afe ne fã akyi no, ɔsan baeɛ. Ɔno ankasa kaa sɛ: “Manhwɛ me sikasɛm yie. Enti bere a mefii fie no, na menni kaprɛ mpo da me ho, na meresan aba no, na ɛka na ɛso me.” *

Adwumasɛm. Sɛ obi te ne ho fi n’awofo ho na n’adwuma fi ne nsa a, ne sikasɛm ne ntotoe biara a wayɛ bɛtumi asɛe. Biribi saa too Shaina. Ɔkaa sɛ: “Mekɔɔ sukuu kɔsuaa ayaresa ho ade kakra, na mewieeɛ no, adwumakuo bi boa ma menyaa adwuma. Nanso akyiri yi, adwuma no fii me nsa. Afei na menhu nea menyɛ bio. Asɛm no ne sɛ na menni kuro kɛse mu, enti bere a m’adwuma sɛeeɛ no na mennya adwuma foforo biara!”

Wɔanhwɛ kwan saa . . . Mmerante ne mmabaa repɛ adwuma a, wɔn mu pii nnim sɛ ɛgye animia na wɔn nsa akɔ wɔn ano. Mpɛn pii no wɔwura adwuma no mu ansa na wɔahu sɛ ɛnyɛ ahogono saa. Afei deɛ na fahodi a wɔsusu sɛ wɔbɛnya no ate wɔn ani so. Wɔba bɛhu sɛ sɛɛ mpaninyɛ nna fam.

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Ma w’awofo nhu sɛ wopɛ sɛ wosan ba fie. Mobɛtumi asusu nea ɛdidi so yi ho: Wobɛtena fie hɔ akɔsi da bɛn? Wobɛyɛ dɛn aboa w’awofo ma wɔatua ɛka ahorow a wɔbɔ no? Efie nnwuma bɛn na wobɛtumi ayɛ aboa wɔn? Wobɛyɛ dɛn anya sika ahyɛ ɔbra ase bio? Ma ɛntena w’adwenem sɛ ɛmfa ho mfe a woadi no, woabɛhyɛ w’awofo ase bio; enti ɛsɛ sɛ wodi wɔn mmara so.—Bible mu asɛm: Exodus 20:12.

Hu sɛnea wobɛhwɛ wo sika so yie. Nwoma a wɔato din The Complete Guide to Personal Finance: For Teenagers and College Students ka sɛ: “Nneɛma a wode wo sika yɛ na ɛkyerɛ sɛ wobɛtumi ahwɛ wo sika so yie anaasɛ woretumi. . . . Adeɛ a ɛsɛ sɛ ɛtena w’adwenem daa ne sɛ worensɛe sika wɔ nneɛma a ɛho nhia ho.”—Bible mu asɛm: Luka 14:28.

Hwehwɛ afotu pa. Sɛ wobisa w’awofo anaa ɔpanin bi a, ɔbɛtumi aboa wo ma woahu sɛnea wobɛsie sika, atoto wo sikasɛm yie, na woatuatua wo ho aka. Ababaa bi a ɔde Marie kaa sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ mefi biribiara ase foforo. M’adamfo bi boaa me ma mehuu nneɛma a ɛho hia ne nea ɛnsɛ sɛ mede ha me ho. Me ho dwirii me paa, efisɛ nneɛma a na matotɔ no pii so nni mfaso! Afei mehuu sɛ, sɛ mɛtumi ate me ho abɔ me bra a, gye sɛ menya ahosodi.”—Bible mu asɛm: Mmebusɛm 13:10.

Ɛnyɛ adwuma a woyɛ na ɛhia, na mmom sɛ wobɛtumi ayɛ no yie

Kɔ so hwehwɛ adwuma. Seesei a wowɔ fie yi, wowɔ bere kakra; enti fa hwehwɛ adwuma. Nanso hwɛ yie: Sɛ worepɛ adwuma a, ebinom bɛka sɛ hwehwɛ “adwuma a ɛda wo koma so.” Nanso sɛ woka sɛ “adwuma a ɛda wo koma so” nko ara na wobɛyɛ a, sɛ ebi bɛtɔ wo nan so koraa a, wobɛprɛ atwene! Enti mfa w’adwene nsi adwuma baako so, anyɛ saa a wobɛkyinkyin saa. Kae sɛ ɛnyɛ adwuma a woyɛ na ɛhia, na mmom sɛ wobɛtumi ayɛ no yie. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi nim n’adwuma yie a, ɔde anigye na ɛyɛ. Adwuma bɛyɛ wo dɛ a, ɛgyina wo so na ɛnyɛ adwuma no!

^ nky. 5 Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no.

^ nky. 8 Wɔn a wɔkɔ suapɔn wɔ United States no taa hyia ɔhaw a ɛte saa. The Wall Street Journal de too dwa sɛ, sɛ kɔlegefo gye aban bosea kɔ sukuu a, wɔbɛwie no na ɛka a ɛda wɔn anim bɛyɛ $33,000.