Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Sɛnea Wowa Tumi Tu Kosi Baabi Pɛpɛɛpɛ

Sɛnea Wowa Tumi Tu Kosi Baabi Pɛpɛɛpɛ

WOWA betumi atu akosi baabi a ɔpɛ biara a ɔrempatere. Ɔyɛ no sɛn?

Susuw ho: Sɛ wowa tu na sɛ obetumi akosi baabi pɛpɛɛpɛ a, gye sɛ ɔtew ne mmirika so koraa yɛ no nkakrankakra kosi hɔ. Sɛ ebetumi ayɛ yiye a, gye sɛ ɔyɛ nneɛma mmienu bi. Nea edi kan, baabi a ɔrekosi no, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ne tenten. Afei ɛsɛ sɛ ɔhwɛ mmirika a ɔde bɛkɔ. Ɛnyɛ ntummoa nyinaa na ebetumi ayɛ saa, efisɛ wontumi nnannan wɔn ani na ade wɔ akyiri nso a, wontumi nhu no yiye te sɛ wowa.

Sɛnea wowa hu ade no, ɛyɛ soronko koraa wɔ nnipa ho. Nnipa deɛ, biribi wɔ akyiri oo, ɛwɔ anim oo, wotumi hu no yiye. Nanso wowa deɛ, ayɛ sɛ, sɛ wɔrebɛn biribi a, na ade no reyɛ kɛse paa. Sɛ wɔbɛn ade no pii a, na ayɛ te sɛ nea ɛreyɛ kɛse mpo aboro so. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ wɔ Australian National University akyerɛ sɛ, sɛ wowa rekosi biribi so a, ɔrebɛn hɔ no nyinaa na ɔretew ne mmirika so sɛnea ɛbɛyɛ a ɛhɔ renyɛ kɛse mmoro so wɔ n’ani so. Ennu sɛ onnu hɔ no, na watumi atew ne mmirika no so koraa, enti ɛma otumi si hɔ pɛpɛɛpɛ.

Nhoma bi kaa sɛ, “Sɛnea wowa tumi si baabi pɛpɛɛpɛ a ɔmmrɛ no, . . . wogu so ara rehwɛ sɛ wobetumi ayɛ biribi wɔ robɔt a etumi tu mu na ama ɛno nso atumi [ayɛ] saa ara.”—Proceedings of the National Academy of Sciences.

Wudwen ho sɛn? Wohwɛ a sɛnea wowa tumi tu si baabi pɛpɛɛpɛ no, ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔɔ no saa?