Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Krɔɔs

Krɔɔs

Nnipa pii bu krɔɔs sɛ ɛyɛ Kristofo ahyɛnsode. Nanso ɛnyɛ obiara na ogye tom sɛ ɛsɛ sɛ yɛde krɔɔs si yɛn fie, asɔredan mu, anaa yɛde to yɛn kɔn mu.

Yesu wuu wɔ krɔɔs so anaa?

NEA NKURƆFO KA

 

Romafo de Yesu sɛn krɔɔs so kum no. Ná krɔɔs no yɛ nnua mmienu a wɔde abea mu.

NEA BIBLE KA

 

“Dua so” na wɔsɛn Yesu kum no. (Asomafo Nnwuma 5:30, Akuapem Twi Bible) Bere a wɔrekyerɛw Bible no, nsɛmfua mmienu na wɔde gyinaa hɔ maa dua a wɔsɛn Yesu wɔ so no. Emu biara kyerɛ dua baako, ɛnyɛ mmienu. Asɛmfua no baako ne stau·ros.ʹ Nhoma bi ka sɛ, Hela asɛmfua stau·rosʹ no kyerɛ “mpuran anaa dua biara a ɛte saa. Ennyina hɔ mma ‘krɔɔs.’” (Crucifixion in Antiquity) Ɛnna baako nso ne xyʹlon. Ɛno na wɔde dii dwuma wɔ Asomafo Nnwuma 5:30 no. “Ɛkyerɛ dua tenten baako. Dua saa na na Romafo de abɔnefo sɛn so kum wɔn.” *

Wohwɛ Bible mu a, wɔde mmara bi maa tete Israelfo a ɛma yehu sɛnea wokum Yesu. Mmara no kaa sɛ: “Sɛ ɔbarima bi yɛ bɔne a ɛsɛ owu na wokum no de no sɛn dua so a, . . . Onyankopɔn nnome wɔ obiara a wɔasɛn no so.” (Deuteronomium 21:22, 23) Ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ Kristoni no twee adwene sii saa mmara no so, na ɔkaa sɛ Yesu sii “yɛn ananmu bɛyɛɛ nea wɔadome no, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Wɔadome obiara a wɔsɛn no dua [xyʹlon] so.’” (Galatifo 3:13) Enti Paulo kyerɛe sɛ, Yesu wuu wɔ dua so—dua baako a esi hɔ.

“Wɔsɛn no dua so kum no.”Asomafo Nnwuma 10:39, Akuapem Twi Bible.

Yesu asuafo no, krɔɔs na wɔde som Onyankopɔn anaa? So wɔde dii dwuma sɛ Kristosom ahyɛnsode?

NEA BIBLE KA

 

Enni Bible mu baabiara sɛ Kristofo a wodi kan no de krɔɔs dii dwuma sɛ wɔn som mu ahyɛnsode. Mmom na ɛyɛ Romafo a wɔwɔ hɔ saa bere no na wɔde krɔɔs gyina hɔ ma wɔn anyame. Yesu wu akyi bɛyɛ mfe 300 no, Roma Ɔhempɔn Constantine de krɔɔs no gyinaa hɔ sɛ n’asraafo no ahyɛnsode. Ɛno akyi no, wofii ase de dii dwuma wɔ “Kristosom” mu.

Sɛ abosonsomfo de krɔɔs dii dwuma de som wɔn anyame a, wugye di sɛ Yesu asuafo no nso de bedi dwuma de asom nokware Nyankopɔn no? Dabi, na wonim sɛ efi tete nyinaa Onyankopɔn ani nnye ho sɛ yɛde “ade biara sɛso” bedi dwuma wɔ ne som mu. Afei nso, ɛsɛ sɛ Kristofo ‘guan abosonsom.’ (Deuteronomium 4:15-19; 1 Korintofo 10:14) “Onyankopɔn yɛ Honhom,” na yɛrentumi mfa yɛn aniwa nhu no. Enti tete Kristofo no amfa nneɛma a aniwa hu ne ahyɛnsode ahorow so ansom Onyankopɔn. Mmom wɔsom no “honhom” mu, kyerɛ sɛ wɔmaa honhom kronkron a aniwa ntumi nhu no kyerɛɛ wɔn kwan. Afei wɔsom no “nokware mu” kyerɛ sɛ wɔyɛɛ wɔn ade ma ɛne Onyankopɔn apɛde a ɛwɔ Bible mu no hyiae.Yohane 4:24.

“Nokware asomfo bɛsom Agya no honhom ne nokware mu.”Yohane 4:23.

Kristofo bɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ wobu Yesu Kristo?

NEA NKURƆFO KA

 

“Ade a wɔnam so gyee yɛn deɛ, sɛ yɛkyerɛ obu ma no na yebu no sɛ ɛyɛ ade kronkron a, mfomso biara nni ho. . . . Obi a n’ani gye ahyɛnsode no ho no, n’ani gye onii a egyina hɔ ma no no nso ho.”New Catholic Encyclopedia.

NEA BIBLE KA

 

Yesu wu no nti, Kristofo betumi anya bɔne fafiri, abɔ Onyankopɔn mpae, na wɔanya daa nkwa. Wei de asɛyɛde kɛse abɛto Kristofo so. (Yohane 3:16; Hebrifo 10:19-22) Wɔnka nkyerɛɛ Kristofo sɛ wɔmfa Yesu honi nni dwuma mfa nkyerɛ sɛ wobu no anaasɛ wɔnka kɛkɛ sɛ wogye Yesu di. Efisɛ “gyidi nso sɛ nnwuma nka ho a, na awu.” (Yakobo 2:17) Ɛsɛ sɛ Kristofo de wɔn nnwuma kyerɛ sɛ wɔwɔ Yesu mu gyidi. Ɔkwan bɛn so?

Bible ka sɛ: “Ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn, efisɛ eyi ho na yɛabu atɛn, sɛ obiakofo wu maa obiara . . . na wɔn a wɔte ase no antena ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatena ase ama nea owu maa wɔn na wonyan no no.” (2 Korintofo 5:14, 15) Ɔdɔ soronko a Kristo daa no adi no hyɛ Kristofo ma wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn abrabɔ mu na ama wɔatumi asuasua no. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛma wotumi di Yesu ni yiye koraa sen sɛ wɔde ɔsom mu ahyɛnsode bi bedi dwuma.

M’Agya no apɛde ne sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no benya daa nkwa.”Yohane 6:40.

^ nky. 8 Baabi a efi ni: Ethelbert W. Bullinger nhoma a wɔato din A Critical Lexicon and Concordance to the English and Greek New Testament, 11th Edition, kratafa 818-819.