Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hu Nokware a Ɛwɔ Asɛm No Mu

Hu Nokware a Ɛwɔ Asɛm No Mu

Nea Akɔfa Ɔhaw No Aba

Wɔn a wɔtan nkurɔfo no, mpɛn pii no wobɛhwɛ na egyina yɛsee-yɛsee bi so. Wo de, hwɛ atesɛm a edidi so yi:

  • Nnwumawuranom binom susuw sɛ mfiridwuma nyɛ mmea adwuma. Nanso ɛnte saa.

  • Bɛyɛ mfe 700 a atwam no, sɛ wokɔ Europe a, na wɔka to Yudafo so sɛ wɔde awuduru gugu nsubura mu, na saa ara nso na wɔde yare san nkurɔfo. Bere a na Nasifo redi tumi no, wɔsan twaa atoro too Yudafo no so sɛ wɔn na wɔama Germany sikasɛm ayɛ basaa. Saa nsɛm yi a wɔka guu Yudafo no so no maa nkurɔfo benyaa wɔn ho tan paa, na ɛde besi nnɛ nyinaa ebinom da so tan wɔn.

  • Nkurɔfo pii susuw sɛ wɔn a wɔadi dɛm ani nnye na wɔn koko nye.

Wɔn a wogye nsɛm a ɛtete saa di no, ebia na wɔate asɛm bi a wosusuw sɛ ɛfoa nea wɔreka no so, enti wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wɔwɔ nnyinaso. Enti sɛ ɛba sɛ obi ne wɔn nyɛ adwene a, wobu no sɛ onnim nea ɔreka.

Bible Mu Afotusɛm

“Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nye.”​—MMEBUSƐM 19:2.

Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ? Sɛ yɛanhu nokware a ɛwɔ asɛm bi mu a, ebetumi ama yɛadi mfomso. Enti sɛ yɛte asɛm bi na sɛ yɛanhwehwɛ mu yiye a, ebetumi ama yɛanya nkurɔfo ho adwemmɔne.

Sɛ Wuhu Nokware a Ɛwɔ Asɛm Bi Mu a, Ɛbɛboa Wo Sɛn?

Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hu obi yiye na nkurɔfo ka ne ho asɛmmɔne a, yɛrennye ntom. Sɛ ɛba sɛ obi ka nnipa bi ho asɛmmɔne na sɛ yɛhwehwɛ mu na yehu sɛ ɛnyɛ nokware a, ɛbɛboa yɛn paa. Ɛba saa a, bere biara a yɛbɛte nkurɔfo ho nsɛm no, yɛbɛhwehwɛ mu yiye.

Nea Wubetumi Ayɛ

  • Sɛ nkurɔfo keka sɛ nnipakuw bi te sɛɛ anaa sɛɛ a, kae sɛ ɛno nkyerɛ sɛ saa na wɔn nyinaa te.

  • Sɛ yɛte nkurɔfo bi ho asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, ɛnyɛ biribiara na yenim fa wɔn ho.

  • Sɛ wopɛ sɛ wuhu asɛm bi mu yiye a, kɔ baabi a wugye di sɛ wɔbɛka mu nokware akyerɛ wo.