Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Biribi a Ɛyɛ Nwonwa

Biribi a Ɛyɛ Nwonwa

Nhoma bi ka sɛ, “Nneɛma pii na nkwa gyina so, nanso nea edi mu akoten paa ne carbon.” (Nature’s Building Blocks) Sɛnea carbon te nti, etumi ka bom anaa etumi ne nneɛma foforo di afra ma ɛdan biribi foforo koraa. Ade rekye na ade resa yi, animdefo hu saa nneɛma a carbon tumi dan no mu pii, na nyansahufo nso tumi de wɔn nimdeɛ yɛ bi.

Atom ahorow a ɛwɔ carbon mu nti, etumi ka bom anaa etumi ne nneɛma afoforo di afra ma yenya nneɛma bi a ne su gu ahorow. Ebi su te sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn, piramid, ne kawa, ebi ahyehyɛ ntrantraa te sɛ nkrataa, na ebi nso te sɛ tokuru a ɛda dorobɛn mu. Anokwa carbon yɛ biribi a ɛyɛ nwonwa paa! Ɛho nhwɛso na edidi so yi.

DƐNKYƐMMO

Ansa na yebenya dɛnkyɛmmo no, gye sɛ carbon atɔm akeka abom papee ma adan piramid a wɔfrɛ no tetrahedrons. Enti dɛnkyɛmmo yɛ biribi a ɛyɛ den sen biribiara wɔ wiase. Carbon atɔm nko ara na ɛkeka bom ma yetumi nya dɛnkyɛmmo a edi mu paa.

GRAPHITE

carbon atɔm keka bom papee na ɛhyehyɛ ne ho te sɛ nkrataa a, wɔfrɛ no graphite. Esiane sɛnea graphite te no nti, wotumi de gugu afiri mu te sɛ fango, na saa ara nso na wotumi de yɛ pɛnsere. *

GRAPHENE

Sɛ yebenya graphene a, gye sɛ carbon atɔm no keka bom hyehyɛ ne ho te sɛ nkantankantan a ebiara wɔ afã nsia a ne nyinaa yɛ pɛ. Ɛyɛ den sɛ wubebu dade mu mmienu, nanso graphene deɛ, yɛnka. Sɛ wode pɛnsere san krataa so a, wuhu sɛnea graphene te.

FULLERENES

carbon atɔm keka bom, na ɛyɛ nkuruwankuruwa te sɛ bɔɔl anaa tokuru a ɛda dorobɛn mu a, wɔfrɛ no fullerenes. Fullerenes no bi wɔ hɔ a, ɛyɛ nketewa paa ma onipa aniwa ntumi nhu.

ABƆDE A NKWA WOM

Nkwammoaa a ɛkeka bom dan nnua, mmoa, ne nnipa nyinaa fapem ne carbon. Ɛyɛ biribi a ɛwɔ srade, setaakye, ne nnuannuru mu.

“[Onyankopɔn] su horow a wonhu no . . . wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu.”Romafo 1:20.

^ nky. 7 Hwɛ asɛm a ɛbaa borɔfo Nyan! July 2007 mu a n’asɛmti ne “Does Anyone Have a Pencil?