Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛyɛ Dɛn Apaw Bible Nkyerɛase A Eye?

Wobɛyɛ Dɛn Apaw Bible Nkyerɛase A Eye?

Wobɛyɛ Dɛn Apaw Bible Nkyerɛase A Eye?

WODII kan kyerɛw Bible no wɔ tete Hebri, Aram ne Hela kasa mu. Enti sɛ nnipa dodow no ara pɛ sɛ wɔkenkan a, gye sɛ wɔkenkan nea wɔakyerɛ ase kɔ kasa foforo mu no.

Ɛnnɛ Bible no ne nhoma a wɔakyerɛ ase sen nhoma biara wɔ wiase. Wɔakyerɛ ne fã bi ase akɔ kasa bɛboro 2,400 mu. Kasa no bi wɔ Bible nkyerɛase pii. Sɛ wɔakyerɛ pii ase wɔ wo kasa mu a, akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ wokenkan nkyerɛase a eye sen biara a ɛwɔ hɔ.

Sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nkyerɛase kõ a ɛsɛ sɛ wopaw no, ehia sɛ wunya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Nkyerɛase ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ? Dɛn na ɛma ebi ye sen bi? Na sɛ worekenkan Bible nkyerɛase ahorow bi a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye?

Akwan a Wɔafa so Akyerɛ Ase

Wɔakyerɛ Bible no ase wɔ akwan horow pii so, nanso egu mu ahorow abiɛsa. Emu biako ne nkyerɛase a wɔakyerɛ asɛmfua biara ase tẽẽ no. Kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no ne sɛnea wɔakyerɛ asɛmfua biara ase tẽẽ wɔ kasa kõ no mu no nso wɔ saa nkyerɛase yi mu.

Nea edi hɔ ne nkyerɛase a wɔabɔ no mua. Nnipa a wɔkyerɛ Bible a ɛte saa ase yi de wɔn ankasa nsɛm na ɛkyerɛ Bible no ase sɛnea wɔte ase wɔ ɔkwan a wɔte nka sɛ nkurɔfo ani begye n’akenkan ho so.

Nea ɛto so abiɛsa no yɛ nkyerɛase a ɛda abien no ntam. Wɔn a wɔkyerɛ Bible yi ase no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ntease ne aba a ɛwɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible mu no ada adi, na bere koro no ara nso wɔama ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkenkan.

So Nkyerɛase a Wɔakyerɛ Asɛmfua Biara Ase Tẽẽ no na Eye Paa?

Mpɛn pii no, nkyerɛase a wɔakyerɛ asɛmfua biara ase tẽẽ no nyɛ ɔkwan a eye sen biara a wɔfa so kyerɛ nea Bible mu asɛm biara kyerɛ ase. Dɛn ntia? Nneɛma ahorow bi nti. Emu abien na edidi so yi:

1. Ɛsono kasa biara kasa mmara, nsɛmfua, ne sɛnea wɔhyehyɛ nsɛm no. S. R. Driver a ɔyɛ Hebri kasa ho ɔbenfo ka sɛ, “ɛsono kasa biara kasa mmara, ne ne nsɛmfua, na saa ara nso . . . na ɛsono ɔkwan a wɔfa so hyehyɛ nsɛm no.” Ɛsono sɛnea nnipa a wɔka kasa biara dwen nsɛm ho. Ɔbenfo Driver toa so sɛ, “eyi nti, sɛnea wɔhyehyɛ kasa biara mu nsɛm no yɛ soronko.”

Esiane sɛ kasa biara nni hɔ a ɛne Hebri ne Hela kasa a wɔde kyerɛw Bible no nsɛmfua ne ne kasa mmara yɛ pɛ nti, Bible nkyerɛase a wɔakyerɛ asɛmfua biara ase tẽẽ no remma mu nna hɔ, na ebetumi akyerɛ biribi foforo mpo. Susuw nhwɛso a edidi so yi ho hwɛ.

Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no mu no, ɔde asɛmfua a nea ɛkyerɛ ankasa ne “nnipa (osikyi) mu” na edii dwuma. (Efesofo 4:14, The Kingdom Interlinear Translation of the Greek Scriptures) * Saa asɛm yi kyerɛ sɛnea wɔde osikyi sisi afoforo bere a wɔreto aba bi te sɛ ludu no. Nanso wɔ kasa dodow no ara mu no, sɛ wɔkyerɛ asɛm yi ase sɛnea ɛte ankasa a, ɛntɔ asom. Sɛ wɔkyerɛ asɛm yi ase sɛ “nnipa nnaadaa” a, ɛma ntease no ba yiye.

Bere a Paulo rekyerɛw Romafo no, ɔde Hela asɛm bi a nea ɛkyerɛ ankasa ne “de ma honhom no huru” na edii dwuma. (Romafo 12:11, Kingdom Interlinear) So asɛm yi tɔ asom wɔ wo kasa mu? Nea asɛm no kyerɛ ankasa ne “monyɛ hyew honhom mu.”

Wɔ Yesu kasa a agye din no biako mu no, ɔde asɛm a wɔtaa kyerɛ ase, “Nhyira ne honhom mu ahiafo” dii dwuma. (Mateo 5:3) Nanso wɔ kasa pii mu no, sɛ wɔkyerɛ asɛm yi ase sɛnea ɛte ankasa a, emu nna hɔ. Baabi wɔ hɔ a, sɛ wɔkyerɛ ase sɛnea ɛte ankasa paa a, etumi kyerɛ mpo sɛ “honhom mu ahiafo” yi adwene mu nna hɔ, anaa wonni ahoɔden, na wontumi nyɛ hwee. Nanso wɔ ha no, na Yesu rekyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ, sɛ wobenya anigye a, egyina hu a wobehu sɛ wohia Onyankopɔn akwankyerɛ so, na ennyina honam fam nneɛma a wobenya so. (Luka 6:20) Enti nkyerɛase te sɛ wɔn a “wonim wɔn honhom mu ahiade” anaa “wɔn a wonim sɛ wohia Onyankopɔn” no ma asɛm no mu da hɔ yiye.—Mateo 5:3; The New Testament in Modern English.

2. Nea asɛmfua anaa asɛm bi kyerɛ betumi asesa wɔ sɛnea wɔkyerɛ ase wɔ nsɛm ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, sɛnea wɔde nnipa nsa di dwuma wɔ Hebri mu no betumi akyerɛ nneɛma pii. Sɛ mfatoho no, wobetumi akyerɛ asɛmfua yi ase “okogye,” “nsam” anaa “tumi” wɔ asɛm kõ a wɔrekyerɛ ase no mu. (2 Samuel 8:3; 1 Ahene 10:13; Daniel 12:7) Nokwarem no, wɔakyerɛ saa asɛmfua yi ase wɔ akwan ahorow 40 so wɔ New World Translation of the Holy Scriptures, Borɔfo de no mu.

Esiane sɛ nea wɔreka ho asɛm no betumi akyerɛ sɛnea wɔbɛkyerɛ asɛmfua bi ase afa no nti, wɔn a wɔkyerɛɛ New World Translation no ase no de Borɔfo kasa mu nsɛmfua bɛyɛ 16,000 na akyerɛ Hela nsɛmfua bɛyɛ 5,500 a wɔde dii dwuma wɔ Bible mu no ase, na wɔde Borɔfo kasa mu nsɛmfua bɛboro 27,000 na akyerɛ Hebri nsɛmfua bɛyɛ 8,500 ase. * Dɛn nti na ɛsono sɛnea wɔakyerɛ nsɛmfua ahorow no ase? Nnipa a wɔkyerɛɛ ase no hui sɛ, sɛ wɔkyerɛ nsɛmfua no ase ma ɛtɔ asom wɔ nsɛm ahorow mu a, eye koraa sen sɛ wɔbɛkyerɛ ase sɛnea nsɛmfua no te ankasa. Ɛno mpo no, New World Translation no taa de asɛmfua koro no ara na ɛkyerɛ Hebri ne Hela nsɛmfua no ase wɔ kasa kõ a wɔrekyerɛ ase akɔ mu no mu.

Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ nea Bible nkyerɛase kyerɛ araa ne sɛ wɔbɛkyerɛ asɛmfua bi a ɛwɔ kasa a wɔde kyerɛw Bible no ase wɔ ɔkwan koro so bere biara a ebepue no. Ɛsɛ sɛ nsɛm asekyerɛfo da atɛmpa adi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpaw nsɛmfua a ɛne kasa a wɔde kyerɛw Bible no hyia pɛpɛɛpɛ na ntease wom. Bio nso, ehia sɛ wogyina wɔn kasa mmara so hyehyɛ nsɛm no wɔ wɔn nkyerɛase no mu.

Nkyerɛase a Wɔabɔ no Mua Nso Ɛ?

Nsɛm asekyerɛfo a wɔtaa kyerɛ nea wɔfrɛ no Bible a wɔabɔ no mua ase no ntaa nkyerɛ ase pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛte wɔ kasa a wɔde kyerɛw Bible no mu no. Dɛn nti na ɛte saa? Wɔde wɔn ankasa adwene kyerɛ nea wosusuw sɛ saa na kasa a wɔde kyerɛw Bible no kyerɛ ase anaa woyi nsɛm no bi fi mu. Esiane sɛ Bible a wɔabɔ no mua akenkan nyɛ den nti, ebia nkurɔfo ani begye ho. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, sɛnea wɔakyerɛ ase sɛnea wɔpɛ no mma emu nna hɔ anaa ɛsesa ntease a ɛwom no.

Susuw sɛnea Bible a wɔabɔ no mua bi kyerɛ Yesu mpaebɔ a ɔkyerɛe a agye din no ho hwɛ: “Yɛn Agya a wowɔ ɔsoro, da wo ho adi.” (Mateo 6:9, The Message: The Bible in Contemporary Language) Nkyerɛase a ɛbɛn Yesu nsɛm a ɔkae paa no kyerɛ kyerɛwsɛm yi ase sɛɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” Hyɛ sɛnea wɔakyerɛ Yohane 17:26 ase wɔ Bible ahorow bi mu no nso nsow. Sɛnea nkyerɛase a wɔabɔ no mua bi kyerɛ no, anadwo a wɔkyeree Yesu no, ɔka kyerɛɛ n’Agya wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Mama wɔahu wo.” (Today’s English Version) Nanso nkyerɛase a eye paa no kyerɛ Yesu mpaebɔ no ase sɛ: “Mama wɔahu wo din.” So wuhu sɛnea Bible asekyerɛfo binom hyɛ da kata Onyankopɔn din a ɛsɛ sɛ wɔde frɛ no na wodi no ni so no?

Dɛn Nti na Ahwɛyiye ho Hia?

Nkyerɛase a wɔabɔ no mua no bi mma abrabɔ gyinapɛn a ɛwɔ kasa a wɔde kyerɛw Bible mu no mu nna hɔ. Sɛ nhwɛso no, emu biako ka wɔ 1 Korintofo 6:9, 10 sɛ: “Munnim sɛ ɛnyɛ saa na ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra? Nnipa wɔnteɛ a wommu Nyankopɔn renkɔ n’ahenni no mu bi. Wɔn a wosisi wɔn ho wɔn ho, wɔn a wɔne afoforo da ɔkwammɔne so, wɔn a wɔsɛe asase ne biribiara a ɛwom no mfata sɛ wɔtra Onyankopɔn ahenni mu.”—The Message: The Bible in Contemporary Language.

Fa saa nkyerɛase no toto nkyerɛase a eye paa a ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase mu no ho hwɛ: “Adɛn! Munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Nyankopɔn ahenni anaa? Mommma wɔnnnaadaa mo. Aguamammɔfo anaa abosonsomfo anaa awaresɛefo anaa mmarima a wɔde wɔn yɛ adapaade anaa mmarima a wɔne mmarima da anaa akorɔmfo anaa adifudepɛfo anaa asabofo anaa wɔn a wɔsopa afoforo anaa apoobɔfo rennya Onyankopɔn ahenni.” Hyɛ no nsow sɛ nneɛma pɔtẽẽ a enye a ɔsomafo Paulo bobɔɔ din sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho no mpo nni Bible a wɔabɔ no mua no mu.

Adwenhorow a nkurɔfo wɔ wɔ Bible nkyerɛkyerɛ ho no nso betumi aka sɛnea wɔkyerɛ Bible no ase. Sɛ nhwɛso no, Today’s English Version, a wɔtaa frɛ no, Good News Bible no kyerɛ sɛ Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Momfa ɔpon teateaa no mu, efisɛ ɔpon a ɛkɔ hell no sõ na ɔkwan a ɛkɔ hɔ no so fa nyɛ den na nnipa bebree na wɔnam so.” (Mateo 7:13) Ɛmfa ho sɛ Mateo kyerɛwtohɔ no de asɛmfua “ɔsɛe” na edii dwuma no, nsɛm asekyerɛfo no de asɛmfua “hell” na ɛhyɛɛ hɔ. Dɛn nti na wɔyɛɛ saa? Ebia wɔpɛ sɛ wɔhyɛ adwene a ɛne sɛ wɔbɛyɛ abɔnefo ayayade daa na mmom ɛnyɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn no ho nkuran. *

Sɛnea Wubehu Nkyerɛase a Eye Paa

Wɔde kasa a nnipa dodow no ara, te sɛ akuafo, nguanhwɛfo, ne apofofo te ase no na ɛkyerɛw Bible no. (Nehemia 8:8, 12; Asomafo Nnwuma 4:13) Enti nnipa a wɔwɔ koma pa betumi akenkan Bible a wɔakyerɛ ase yiye mu nsɛm ɛmfa ho baabi a wɔte. Nneɛma a edidi so yi nso bɛma yɛahu sɛ Bible nkyerɛase bi ye:

Ɛkyerɛ nsɛm a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee no ase pɛpɛɛpɛ.—2 Timoteo 3:16.

Sɛ kasa a wɔde kyerɛw Bible no nsɛmfua ne sɛnea wɔahyehyɛ nsɛm no ne kasa a wɔrekyerɛ ase akɔ mu no hyia a, ɛkyerɛ nsɛmfua no ase sɛnea ɛte ankasa.

Sɛ wɔkyerɛ kasa a wɔde kyerɛw Bible no ase sɛnea ɛte ankasa na sɛ ɛbɛsesa ntease no anaa ɛremma mu nna hɔ a, wɔde adwene a ɛwɔ asɛmfua anaa asɛm bi mu no na ɛkyerɛ ase.

Ɛde kasa a obiara tumi te ase na ɛtɔ asom a ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛkenkan na ɛkyerɛ ase.

So nkyerɛase a ɛte saa wɔ hɔ? Nnipa ɔpepem pii a wɔkenkan nsɛmma nhoma yi pɛ New World Translation no mmom sen nkyerɛase afoforo. Dɛn ntia? Efisɛ wogye ɔkwan a wɔn a wɔkyerɛɛ saa Bible yi ase faa so kyerɛɛ ase a ɛwɔ nea wodii kan tintimii wɔ Borɔfo kasa mu no nnianim nsɛm mu no tom: “Yɛmmmɔ Kyerɛwnsɛm no mua. Yɛayɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛkyerɛ ase sɛnea ɛte ankasa akɔ Borɔfo kasa mu wɔ baabiara a ɛbɛyɛ yiye ne baabi a sɛ yɛkyerɛ ase sɛnea ɛte a, ɛrenyera adwene a ɛwom no.”

Wɔatintim New World Translation no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa bɛboro 60 mu, na dodow a wɔatintim boro 145,000,000! Sɛ ebi wɔ wo kasa mu a, wubetumi abisa Yehowa Adansefo ma wɔama wo bi na w’ankasa woahu nkyerɛase a eye yi so mfaso.

Bible asuafo a wɔwɔ koma pa pɛ sɛ wɔte Onyankopɔn asɛm ase yiye na wɔde di dwuma. Sɛ woyɛ obi a wote saa a, wuhia Bible nkyerɛase a eye paa. Nokwarem no, ɛno na ɛfata sɛ wunya.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Nkyerɛase a wɔakyerɛ asɛmfua biara ase tẽẽ no boa ɔkenkanfo no ma ohu kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no ne sɛnea wɔakyerɛ asɛmfua biara ase tẽẽ wɔ kasa kõ no mu.

^ nky. 17 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Borɔfo Bible nkyerɛase ahorow bi de nsɛmfua ahorow pii di dwuma de kyerɛ asɛmfua koro ase sen New World Translation no.

^ nky. 25 Bible kyerɛkyerɛ sɛ sɛ yewu a, yɛsan kɔ dɔte mu, kyerɛ sɛ ɔkra no wu, na yenni atenka biara bio anaa yentumi nnwen. (Genesis 3:19; Ɔsɛnkafo 9:5, 6; Hesekiel 18:4) Bible mu baabiara nni hɔ a ɛkyerɛkyerɛ sɛ wɔyɛ abɔnefo kra ayayade daa wɔ hellgya mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

Esiane sɛ Bible a wɔabɔ no mua akenkan nyɛ den nti, ebia nkurɔfo ani begye ho. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, sɛnea wɔakyerɛ ase sɛnea wɔpɛ no mma emu nna hɔ anaa ɛsesa ntease a ɛwom no

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Wɔatintim New World Translation of the Holy Scriptures no nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa bɛboro 60 mu, na dodow a wɔatintim boro 145,000,000!

[Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 20]

TETE BIBLE A WƆABƆ NO MUA

Bible mu nsɛm a wɔabɔ no mua nyɛ ade foforo. Tete no, Yudafo boaboaa nea ɛnnɛ wɔfrɛ no Aramfo Targum, anaa Kyerɛwnsɛm a wɔabɔ no mua no ano. Ɛwom sɛ ɛnyɛ nkyerɛase pa de, nanso ɛma yehu sɛnea na Yudafo no te Bible mu nsɛm bi ase, na ɛboa nsɛm asekyerɛfo ma wɔte Bible mu nsɛm bi a asete yɛ den ase. Sɛ nhwɛso no, wɔakyerɛ “Onyankopɔn mma,” a ɛwɔ Hiob 38:7 no ase sɛ “abɔfo akuwakuw.” Wɔ Genesis 10:9 no, Aramfo Targum no kyerɛ sɛ, Hebri asɛmfua a wɔde kyerɛkyerɛɛ onii kõ a Nimrod yɛ mu no kura adwene a ɛnteɛ a ɛne sɛ “tia” anaa “ɔsɔre tia,” na mmom ɛnyɛ sɛ ɛkyerɛ “anim” ara kɛkɛ. Wɔde Bible mu nsɛm a wɔabɔ no mua ne Bible no nyinaa dii dwuma de, nanso na ɛnyɛ wɔn adwene koraa ne sɛ wɔde besi Bible no ankasa ananmu.

[Mfonini]

WALTON “BIBLIA POLYGLOTTA” NO FÃ BI, WOWIEE NO 1657, HIOB 38:1-15

Hebri kyerɛw nsɛm (a Latin nkyerɛase a wɔakyerɛ asɛmfua biara ase ka ho)

Nea ɛwɔ Aramfo Targum mu

[Mfonini wɔ kratafa 19]

“THE KINGDOM INTERLINEAR TRANSLATION OF THE GREEK SCRIPTURES” NO FÃ BI, EFESOFO 4:14

Asɛmfua biara a wɔakyerɛ ase tẽẽ na ɛwɔ benkum so. Nea ɛwɔ nifa so no yɛ ne nkyerɛase a ɛtɔ asom

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 18]

Mfonini mu nkyerɛwee: Shrine of the Book, Israel Museum, Jerusalem