Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛmmisa 3: Adɛn Nti na Onyankopɔn Ma Kwan Ma Mihu Amane?

Asɛmmisa 3: Adɛn Nti na Onyankopɔn Ma Kwan Ma Mihu Amane?

NÁ Ian papa nom nsã paa. Ɛwom sɛ na biribiara nhia Ian ɔhonam mu de, nanso na ne papa ntew n’ani nhwɛ no, enti na n’ani nnye. Ian ka sɛ: “Sɛnea na ɔpɛ nsã ne nea na ɔde yɛ me maame nti, na mempɛ n’asɛm.” Bere a Ian renyin no, ofii ase nyaa adwene sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Obisaa ne ho sɛ, “‘Onyankopɔn wɔ hɔ a, ɛnde adɛn nti na ɔma nnipa hu amane na wowu?’”

Adɛn nti na ɛnyɛ mfomso sɛ yebebisa saa asɛm no?

Sɛ wunni ɔhaw pii wɔ asetena mu mpo a, ɛbɛhaw wo sɛ wubehu sɛ nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm behu amane. Nanso sɛnea Ian hui no, sɛ amanehunu no bi to w’ankasa, anaasɛ wo ho nipa bi yare anaasɛ owu a, ɛhɔ na wobɛte nea yɛreka no ase yiye paa.

Mmuae bɛn na ebinom ma?

Ebinom gye di sɛ Onyankopɔn ma kwan ma yehu amane sɛnea ɛbɛyɛ a yebesua ahobrɛase na yɛanya atenka ama nnipa. Ebinom nso adwene ne sɛ bɔne bi a nnipa yɛe wɔ asetena bi a atwam mu nti na wɔrehu amane nnɛ.

Nea wɔreka no, dɛn na ɛkyerɛ?

Ɛkyerɛ sɛ amane a nnipa rehu no mfa Onyankopɔn ho, na ɛno nti ɛyɛ den sɛ yɛbɛdɔ no. Ɛkyerɛ mpo sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den.

Dɛn na Bible no kyerɛkyerɛ?

Bible ka ma emu da hɔ sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane. “Sɛ sɔhwɛ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: ‘Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.’ Efisɛ wontumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Asɛm no mu nokware ne sɛ, sɛ yɛka sɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa hu amane a, ɛne sɛnea Bible ka Onyankopɔn nipasu ho asɛm no nhyia koraa. Adɛn nti na yɛreka saa?

Onyankopɔn suban a ɛda adi paa no biako ne ɔdɔ. (1 Yohane 4:8) Nea ɛbɛma yɛate saa asɛm no ase yiye nti, Bible ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔwɔ atenka ma yɛn te sɛ nea ɔbaatan wɔ atenka ma ne nufu ano ba no. Onyankopɔn bisae sɛ: “So ɔbea werɛ befi ne nufu ano ba ma enti ne yam renhyehye no mma ne yafunu mu ba? Mmea yi werɛ betumi afi, nanso me de, me  werɛ remfi wo.” (Yesaia 49:15) Ɔbaatan pa biara nni hɔ a ɔbɛhyɛ da apira ne ba. Mmom no, ɔwofo a ɔdɔ ne ba no bɛyɛ nea obetumi biara ama ne ba no ho atɔ no. Enti Onyankopɔn nso mfa amanehunu mma nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm so.—Genesis 18:25.

Nea yɛaka yi nyinaa akyi no, amanehunu to wɔn a wɔmpɛ wɔn ho asɛm. Ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho na ɔyɛ tumi nyinaa wura a, adɛn nti na onyi nea ɛde amanehunu ba no mfi hɔ?’

Ntease pa bi nti na Onyankopɔn ama kwan ama amanehunu akɔ so abesi nnɛ. Emu biako ne sɛ: Onipa na ɔtaa de amanehunu ba ne yɔnko nnipa so. Asisifo ne atirimɔdenfo a wɔma nkurɔfo hu amane no, wɔn mu pii nyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsesa wɔn suban. Saa nkurɔfo no ka ho bi paa na amanehunu adɔɔso, enti sɛ yɛn ho bɛtɔ yɛn a, gye sɛ Onyankopɔn yi wɔn fi hɔ.

Nea enti a Onyankopɔn nnya nsɛee wɔn a wodi bɔne no, ɔsomafo Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yehowa nkyɛ ne bɔhyɛ ho sɛnea ebinom bu biribi sɛ ɛkyɛ no, na mmom ɔwɔ mo ho abotare efisɛ ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.” (2 Petro 3:9) Abotare a Yehowa Nyankopɔn anya no kyerɛ sɛ ɔwɔ ɔdɔ ne mmɔborɔhunu.

Nanso ɛrenkyɛ, Yehowa Nyankopɔn bɛwosow ne ho. Wɔn a wɔde amanehunu ba nnipa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm so no, Onyankopɔn de “ahohia betua wɔn . . . ka.” Wɔn a wɔma nnipa a wɔnyɛɛ hwee hu amane no, wɔde “daa ɔsɛe bɛyɛ asotwe ama wɔn.”—2 Tesalonikafo 1:6-9.

Ian a yɛadi kan aka n’asɛm no nyaa amanehunu ho nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom. Nea osuae no nti, obenyaa asetena ho adwempa. Kenkan ne ho asɛm wɔ nhoma yi kratafa 13.