Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Mmere Mu—Oguanhwɛfo

Bible Mmere Mu—Oguanhwɛfo

“Ɔbɛhwɛ ne nguan sɛ oguanhwɛfo. Ɔbɛma ne nguammaa so wɔ ne basa so na waturu wɔn ne kokom.”—YESAIA 40:11.

SƐ WOKENKAN Bible fi Genesis kosi Adiyisɛm a, wubehu sɛ wɔaka nguanhwɛfo ho asɛm pii wom. (Genesis 4:2; Adiyisɛm 12:5) Ná mmarima a wodi mũ te sɛ Abraham, Mose ne Ɔhene Dawid nyinaa yɛ nguanhwɛfo. Odwontofo Dawid kaa nsɛm a ɛyɛ dɛ de kyerɛɛ sɛnea oguanhwɛfo pa biara ma n’ani ku ne nguan ho na ɔhwɛ wɔn. Nnwom bi a Asaf toe mu no, ɔkaa Dawid ho asɛm sɛ ɔyɛn Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no.—Dwom 78:70-72.

Akyiri yi a Yesu baa asase so mpo no, na nguanhwɛ adwuma da so yɛ adwuma titiriw a nkurɔfo yɛ. Yesu kaa ɔno ara ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “oguanhwɛfo pa,” na ne nkyerɛkyerɛ mu nso, na ɔtaa twe adwene si su a oguanhwɛfo pa wɔ no so de kyerɛkyerɛ nneɛma a ɛho hia mu. (Yohane 10:2-4, 11) Ade nyinaa so Tumfoɔ Yehowa Nyankopɔn mpo, Bible de no toto “oguanhwɛfo” ho.—Yesaia 40:10, 11; Dwom 23:1-4.

Mmoa bɛn saa na na oguanhwɛfo yɛn wɔn? Nnwuma bɛn na na oguanhwɛfo yɛ? Nguanhwɛfo a na wɔyɛ adwumaden yi, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ?

Nguan ne Mmirekyi

Tete Israel nguanhwɛfo no, na nguan a wɔyɛn wɔn no bi yɛ Siriafo nguan a wɔn bodua yɛ akɛse na wɔn ho nhwi kuhaa. Saa nguan yi, anini no wɔ mmɛn, nanso abere no de, wonni  bi. Mmoa yi yɛ bɔkɔɔ, enti ɛnyɛ den koraa sɛ obi bɛkyerɛ wɔn kwan. Sɛ biribi reyɛ wɔn nso a, wontumi nyɛ wɔn ho hwee.

Ná nguanhwɛfo no yɛn mmirekyi nso. Mmirekyi no, na wɔn ho yɛ tuntum anaa nnodowee. Esiane sɛ mmirekyi yi aso soso nti, sɛ wɔnam mmepɔw mu redidi a, wɔn aso tumi wura nsɔe mu ma ɛtew fa mu.

Adwumaden a ɛda oguanhwɛfo no so bere nyinaa ne sɛ ɔbɛkyerɛ nguan ne mmirekyi no ama wɔatie ne nne. Eyi nyinaa akyi no, nguanhwɛfo pa yɛ mmoa a wɔrehwɛ wɔn no brɛbrɛ, na wɔma wɔn mu biara edin.—Yohane 10:14, 16.

Mmere Biara ne Adwuma a Oguanhwɛfo Yɛ

Ebuw a nguan no da mu no, ɛyɛ a ɛtaa bɛn oguanhwɛfo no fie, enti edu osutɔbere a, da biara oguanhwɛfo no bue nguan no de wɔn kɔ adidi wɔ baabi a ɛbɛn a wobenya wura frɔmfrɔm awe. Saa bere no, mmoa no wo ma wɔn ase trɛw. Saa bere yi ara nso na ɔma nkurɔfo twitwa nguan no ho nhwi, na na ɛyɛ anigye bere nso!

Ɛtɔ da bi nso a na obi wɔ nguan kakraa bi. Enti ɔbɔ oguanhwɛfo bi paa ma ɔde nguan no ka ne nguan ho hwɛ wɔn. Ná nguanhwɛfo a wɔbɔ wɔn paa no ani ntaa nku afoforo mmoa ho te sɛ wɔn ankasa de.—Yohane 10:12, 13.

Sɛ nkurɔfo twa wɔn mfuw mu nnɔbae wie a, oguanhwɛfo ma ne nguan no kɔwe wura a ɛrefifi foforo ne nnɔbae a afifi agu fam no. Ahohuru bere mu no, nguanhwɛfo de wɔn nguan kɔ adidi wɔ bepɔw so baabi a ɛhɔ dwo. Nguanhwɛfo de nna pii tena wuram hwɛ mmoa no, na mmoa no we sare frɔmfrɔm wɔ mmepɔw no mu, na nguanhwɛfo no hwɛ bɔ wɔn ho ban anadwo mũ nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a, oguanhwɛfo de ne mmoa gu ɔbodan mu anadwo de bɔ wɔn ho ban fi sakraman ne mpataku ho. Sɛ pataku bobom anadwo ma nguan no bɔ hu a, oguanhwɛfo no kasa de dwudwo wɔn bo.

Anadwo biara oguanhwɛfo no kan nguan no dodow, na ɔhwɛ sɛnea wɔn mu biara ho te. Ade kye a, ɔfrɛ nguan no ma wodi n’akyi kɔ adidi. (Yohane 10:3, 4) Sɛ ɛbɔ bɛyɛ awia du abien a, nguanhwɛfo no de mmoa no kɔ atare a emu nsu dwo ho ma wɔkɔnom nsu. Sɛ atare no yow a, oguanhwɛfo no de wɔn kɔ abura ho kɔsaw nsu ma wɔnom.

Sɛ ahohurubere reba awiei a, oguanhwɛfo no tumi de ne mmoa no kɔ baabi a nsu wɔ ne asubonka mu. Sɛ edu bere a sukyerɛmma tɔ a,  ɔsan di mmoa no anim de wɔn ba fie kosi sɛ awɔwbere no betwam. Sɛ wanyɛ saa a, nsu, amparuwbo ne sukyerɛmma a retɔ no bekunkum mmoa no. Efi November kosi sɛ osutɔbere bedu no, nguanhwɛfo mfa wɔn nguan mpue nkɔ adidi.

Nneɛma a Oguanhwɛfo De Yɛ N’adwuma

Ná oguanhwɛfo no atade nyɛ kuntann nanso na ɛwɔ ahoɔden. Nea ɛbɛyɛ a nsu mmoro no na awɔw nne no anadwo nti, ebetumi aba sɛ ɔhyɛ atade a wɔde oguan nhoma ayɛ; ná ɔhyɛ ma nhoma no pue abɔnten. Odi kan hyɛ atade bi wɔ ase de bɔ ne were ho ban. Ɔhyɛ mpaboa sɛnea ɛbɛyɛ a abo a ano yɛ nam ne nsɔe nwowɔw no, na ɔde aboa nhwi a wɔde ayɛ ntama nso kyekyere ne ti.

Nneɛma a oguanhwɛfo de yɛ adwuma no bi ni: Bɔtɔ a ɔde nnuan bi te sɛ paanoo, bobe, aduaba a awo ne kyiis gu mu; aporibaa kɛse a ne tenten bɛyɛ mita biako a dade hyɛ ano a sɛ biribi si a otumi de bɔ ɔne mmoa no ho ban; sekan; poma a ɔde nantew de foro mmepɔw; toa a ne nsu gu mu; ade a wɔde aboa nhoma ayɛ a ɔde tow abura mu nsu; ataabo a ɔde tow abo hunahuna nguan anaa mmirekyi no ma wɔsan si kwan mu anaasɛ ɔde pam mmoa akɛse a wɔpɛ sɛ wɔbɛkyere nguan no bi; atɛntɛbɛn a ɔbɔ de gyigye n’ani na ɔde dwudwo mmoa no koma.

Mfaso a na oguanhwɛfo no nso nya fi mmoa no ho ne asetenade bi te sɛ nufusu ne nam. Ná ɔde nguan ho nhwi ne wɔn nhoma di nsesagua, na na ɔde yɛ ntade ne ntoa. Ná wɔde mmirekyi nhwi tow asaawa nwene ntama, na na wɔde nguan ne mmirekyi nyinaa bɔ afɔre.

Yebetumi Asuasua Wɔn

Ná nguanhwɛfo pa mfa wɔn adwuma nni agoru, na na wɔn ani da fam, na na wɔwɔ akokoduru nso. Ná wotumi de wɔn nkwa to wɔn nsam mpo de bɔ mmoa no ho ban.—1 Samuel 17:34-36.

Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu ne n’asuafo no de nguanhwɛfo yɛɛ nhwɛso maa Kristofo ahwɛfo. (Yohane 21:15-17; Asomafo Nnwuma 20:28) Sɛnea na oguanhwɛfo pa te wɔ Bible mmere mu no, saa ara na asafo mu ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ yere wɔn ho ‘yɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔhyɛ wɔn nsa no, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom wofi wɔn pɛ mu; ɛnyɛ adifudepɛ nso nti, na mmom anigye so.’—1 Petro 5:2.