So Wonim?
Bible ka “opiani” a, ɛkyerɛ sɛn?
Sɛ Bible ka opiani a, ɛtumi gyina hɔ ma ɔbarima a wɔasa no. Tete no, na wɔtumi sa mmarima binom de twe wɔn aso. Ebinom nso, na wɔsa wɔn berɛ a wɔafa wɔn nnommum anaa wɔde wɔn ayɛ nkoa. Mmarima a wɔasa wɔn no bi wɔ hɔ a, na wɔgye wɔn di, enti na wɔma wɔhwɛ ahemfo yerenom so. Persia hene Ahasweros (ɛbɛyɛ sɛ ɔno ara ne Xerxes I) berɛ so no, na Hegai ne Saasgas yɛ apiafoɔ a wɔhwɛ ɔhene yerenom ne n’ayefam so.
Nanso sɛ Bible ka opiani a, ɛnyɛ berɛ nyinaa na ɛkyerɛ obi a wɔasa no. Abenfoɔ binom kyerɛ sɛ, sɛ wɔka opiani a, na ɛtumi kyerɛ obi a ɔyɛ adwuma wɔ ahemfie. Enti Yeremia yɔnko Ebed-Melek ne Etiopiani a Filipo dii no adanseɛ no, sɛ Bible frɛ wɔn mu biara opiani a, ɛkyerɛ sɛ na wɔn mu biara yɛ adwuma wɔ ahemfie. Ebed-Melek sei, na ɔtumi kɔ Ɔhene Sedekia anim ne no kɔkasa. Enti ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ onipa titire wɔ ahemfie hɔ. (Yeremia 38:7, 8) Etiopiani piani no nso, Bible ma yɛhu sɛ na ɔhwɛ sika so wɔ ahemfie, na na “wakɔ Yerusalem akɔsom” resan akɔ ne nkyi.
Tete no, adɛn nti na na nnwanhwɛfoɔ paapae nnwan ne mmirekyie mu?
Yesu kaa atɛn a daakye ɔbɛbu no ho asɛm sɛ: “Sɛ onipa Ba no ba n’animuonyam mu a, . . . ɔbɛpaepae nnipa no mu mmaako mmaako, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ paepae nnwan ne mmirekyie mu no.” (Mateo 25:
Ná wɔtaa de nnwan ne mmirekyie bom kɔ adidie. Ɛduru anadwo a, na wɔde wɔn gu buo mu sɛnea ɛbɛyɛ a mmoabɔne ne akorɔmfoɔ nkyere bi. Afei nso, na ɛmma awɔ nne mmoa no. (Genesis 30: