Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Jairo Ani—Ɛno na Ɔde Som Onyankopɔn

Jairo Ani—Ɛno na Ɔde Som Onyankopɔn

Wo deɛ, fa no sɛ wo nipadua nyinaa adwodwo ama wontumi nkeka wo ho gye w’ani nko ara, anka wobɛte nka sɛn? Wei na ato me nuabarima Jairo, nanso ɔwɔ anigye. Akyiri yi, mɛka nea enti a asetena mfonoo no no ho asɛm, nanso saa bere yi deɛ momma menka ne ho asɛm nkyerɛ mo.

Bere a wɔwoo Jairo no, na ɔwɔ adwene mu yare bi a wɔfrɛ no cerebral palsy, anaa spastic quadriplegia. * Yare no nti, Jairo nipadua no fã kɛse adwodwo ama ɔntumi nyɛ hwee. Adwene no fã a ɛma ne nsa ne ne nan yɛ adwuma no ntumi nyɛ adwuma yiye, enti ɛwom ara ɔtumi toto ne nsa ne ne nan basabasa, na ɛtɔ mmerɛ bi a ɔtumi pira ne ho mpo. Na sɛ obi bɛn no na wamma n’ani anna ne ho so a, ɔno nso bɛtumi apira. Awerɛhosɛm ne sɛ mpɛn pii no, yɛkyekyere ne nsa ne ne nan bɔ n’akongua mu na wampira ne ho ne afoforo.

WABRƐ FI NE NKWADAABEREM ABƐSI NNƐ

Jairo renyin no, wamfa no ahogono koraa. Ɔdii bɛyɛ bosome mmiɛnsa no, na ɛsoro taa ka no, enti ɛreyɛ ara ni na Maame amoa no de no di mmirika kɔ ayaresabea. Ɛba saa a, na yɛn adwene tumi yɛ yɛn sɛ wawu.

Esiane sɛ na ɛsoro taa ka Jairo ma ɔsensen nti, nkakrankakra ɛkaa ne nnompe. Ɔdii mfe 16 no, opira maa ne sisi huanee ma wɔkɔyɛɛ ne srɛ, ne sisi, ne ne dwonku oprehyɛn. Ɛyaw a na Jairo te wɔ ne nipadua mu nti, anadwo biara na ɔsu; ɛnnɛ nyinaa mekae nea ɔfaa mu no.

Jairo yare no nti, bere nyinaa ɔdan nkurɔfo. Sɛ ɔbɛdidi oo, sɛ ɔbɛsiesie ne ho oo, sɛ ɔbɛda oo, gye sɛ obi boa no. Maame ne Paapa na wɔtaa yɛ saa nneɛma yi. Ɛwom sɛ Jairo hia mmoa wɔ biribiara mu deɛ, nanso bere nyinaa yɛn awofo ma ɔhunu sɛ ɛnyɛ nnipa nko ara na wɔbɛtumi aboa no, na mmom ɔhia Onyankopɔn mmoa nso.

WANYA KWAN A ƆFA SO KASA

Yɛn awofo yɛ Yehowa Adansefo, enti Jairo mmofraase pɛɛ na wɔfirii ase kenkan Bible mu nsɛm kyerɛɛ no. Wɔnim sɛ sɛ obi ne Onyankopɔn ntam yɛ papa a, ɛma ɔnya anigye kɛse. Nanso, na wɔntumi nhu sɛ Jairo te Bible mu nsɛm no ase anaa. Ɛwom sɛ Jairo yare no ma ɔtumi wosowoso deɛ, nanso ɔwɔ daakye ho anidaso a emu yɛ den.

Bere a na Jairo yɛ abofra no, da bi Paapa ka kyerɛɛ no sɛ, “Jairo, mesrɛ wo kasa me ho wai.” Na ɔka kaa ho sɛ, “Sɛ wodɔ me paa a, wobɛkasa me ho!” Paapa srɛɛ Jairo sɛ ɔnka asɛm baako pɛ nkyerɛ no, ɔkaa saa no nisuo guu Jairo. Ɛwom sɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkasa deɛ, nanso ne menem nko ara na na ɛregyigye. Ɛyɛɛ Paapa yaw sɛ wama Jairo ate nisuo. Nanso nea Jairo yɛe no kyerɛɛ sɛ ɔtee nea Paapa kae no ase; kasa na na ɔntumi nkasa.

Ankyɛ na yɛn awofo huu sɛ ɛtɔ mmere bi na Jairo pɛ sɛ ɔka asɛm bi anaa ɔkyerɛ sɛnea ɔte nka a, ɔdanedane n’ani ntɛmntɛm. Sɛ Jairo ntumi nkyerɛkyerɛ n’asɛm mu mma afoforo nte ase a, na ɛhaw no. Nanso sɛ Jairo danedane n’ani na yɛn awofo tumi hu nea ɔpɛ na wɔyɛ ma no a, na n’anim ate kama. Ɔyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ɔreda wo ase.

Ɔkasa ho nimdefo bi kyerɛɛ yɛn ɔkwampa a yɛbɛtumi afa so ne no adi nkitaho. Ɔkaa sɛ, sɛ yɛbisa asɛm bi na yɛpɛ sɛ ɔka aane anaa dabi a, yɛmpagya yɛn nsa mmienu no nkɔ soro. Nifa no kyerɛ aane, ɛnna benkum no nso kyerɛ dabi. Enti sɛ ɔpɛ biribi anaa wobisa no asɛm bi na ɔpɛ sɛ ɔka aane a, na wabodɛɛ n’ani akyerɛ wo nsa nifa no so, sɛ dabi nso a, na wabodɛɛ akyerɛ benkum no so.

BIRIBI TITIRIW BI SII JAIRO ABRABƆ MU

Afe biara Yehowa Adansefo yɛ nhyiam akɛse ne nketewa mprɛnsa de kyerɛkyerɛ Bible mu asɛm mu. Bere biara a yɛbɛkɔ nhyiam no, sɛ edu asubɔ kasa so a na Jairo ani gye paa. Jairo dii mfe 16 no, da koro bi Paapa bisaa no sɛ, “Jairo, wopɛ sɛ wobɔ asu anaa?” Ntɛm ara na ɔbodɛɛ n’ani kyerɛɛ Paapa nsa nifa no so de kyerɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɔ asu. Afei Paapa san bisaa no sɛ, “Woabɔ mpae aka akyerɛ Onyankopɔn sɛ wopɛ sɛ wosom no daa?” Ɛno nso, Jairo bodɛɛ n’ani kyerɛɛ Paapa nsa nifa no so. Ɛma ɛdaa adi sɛ Jairo ahyira ne nkwa so ama Yehowa dada.

Wɔne no suaa Bible mpɛn pii, na ɛno akyi no ɛbɛdaa adi sɛ ɔnim nea Kristofo asubɔ nso kyerɛ. Enti afe 2004 mu no, wɔbisaa no asɛm bi a ɛho hia paa ma ɔmaa ho mmuae. Ɛne sɛ: “Woahyira wo ho so ama Onyankopɔn sɛ wobɛyɛ n’apɛde anaa?” Jairo maa n’ani so kyerɛɛ soro de buaa asɛmmisa no. Ná wɔadi kan aka akyerɛ no sɛ sɛ ɔpene so a, ɔmfa n’ani nkyerɛ soro. Enti bere a ɔdii mfe 17 no, ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Danseni.

N’ANI GYE ONYANKOPƆN SOM HO

Afe 2011 mu no, Jairo nyaa ɔkwan foforo a ɔbɛfa so adi nkitaho; kɔmputa bi a n’ani na ɛbɛkyerɛ nea ɛnyɛ. Wɔahyehyɛ nneɛma bi wɔ kɔmputa no so, enti baabi a ɔde n’ani kosua bɛkyerɛ no, na akɔtɔ saa nneɛma no bi so. Sɛ ɔbɔ n’ani anaa ɔde n’ani kyerɛ ade pɔtee bi so a, ɛte sɛ nea obi amia mouse a ɛka kɔmputa ho no so. Wɔayɛ nsɛmfua ne nsɛm ntiantiaa bi ho mfonini wɔ kɔmputa no so a ɛboa Jairo ma ɔtumi di nkitaho. Sɛ ɔde n’ani kɔsi mfonini a ɔpɛ no so na ɔbɔ n’ani a, kɔmputa no ka asɛm a wɔakyerɛw no.

Bere a Jairo rete Bible no ase yiye no, na anigye a ɔwɔ sɛ ɔbɛboa afoforo ama wɔabɛhunu Onyankopɔn no nso reyɛ kɛse. Nnawɔtwe biara sɛ abusua no bom sɛ wɔresua Bible a, mpɛn pii no, ɔtwa n’ani kurukuru hwɛ me na wahwɛ ne kɔmputa no so. Sɛ ɔyɛ saa a, na ɔpɛ sɛ mekyerɛw asɛm bi ma no na sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam na edu asɛmmisa ne mmuae so a, waka.

Sɛ yɛkɔ nhyiam no na edu saa ɔfã no so a, ɔto ne bo ase hwehwɛ mmuae a wɔayɛ ho mfonini wɔ kɔmputa no so no. Sɛ n’ani kɔtɔ mmuae a ɔpɛ no so a, afei ɔbɔ n’ani ma obiara te asɛm a ɔreka no. Bere biara a ɔbɛma mmuae de ahyɛ asafo no mufo nkuran no, n’ani gye paa. Jairo adamfo baako a wɔfrɛ no Alex ka sɛ, “Bere biara a mɛte sɛ Jairo rema mmuae a ɛgyina Bible so no, m’ani gye paa.”

Jairo de kɔmputa a n’ani na ɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ, ɛne nsɛm a wɔakyere agu so no na ɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase, na ɛno ara nso na ɔde ka ne gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo

Jairo san de n’ani ka ne gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. Ɔkwan baako a ɔfa so ka asɛm no ne sɛ, wɔayɛ turo a mmoa ne nnipa ahorow nyinaa te asomdwoe mu ho mfonini wɔ ne kɔmputa no so. Sɛ ɔde n’ani kɔsi mfonini no so na ɔbɔ n’ani a, na kɔmputa no aka sɛ, “Bible ahyɛ bɔ sɛ asase bɛdane paradise, na ɛhɔ deɛ yare ne owuo nni hɔ bio, Adiyisɛm 21:4.” Sɛ ohu sɛ onipa no ani gye asɛm no ho a, na wasan de n’ani akyerɛ kɔmputa no so, afei ɔbɔ n’ani a ɛnne no ka sɛ, “Wopɛ sɛ wo ne me sua Bible anaa?” Anwonwasɛm ne sɛ, yɛn nanabarima penee so maa ɔne no suaa Bible. Sɛ wobɛto Jairo sɛ Ɔdansefo foforo te ne nkyɛn reboa no ama ɔne yɛn nana asua Bible a, ɛyɛ anika kɛkɛ! Anigyesɛm ne sɛ, yɛn nana no bɔɔ asu wɔ ɔmantam nhyiam a yɛyɛɛ no Madrid wɔ August 2014 mu no.

Akyerɛkyerɛfo a wɔkyerɛ Jairo ade wɔ sukuu mu no ahu sɛ ɔmfa Onyankopɔn som nni agorɔ. Bere bi, Jairo akyerɛkyerɛfo no mu baako a wɔfrɛ no Rosario kaa sɛ: “Ɛba sɛ mɛkɔ asɔre bi a, ɛnneɛ Yehowa Adansefo asɔre na mɛkɔ. Mahu sɛ Jairo gyidi nti, ɔhaw a ɔwom nyinaa akyi no, asetena mfonoo no, ɔwɔ anigye.”

Bere biara a mɛkenkan Bible mu bɔhyɛ a ɛne sɛ, “Apakye bɛhuri sɛ ɔforoteɛ na mum kɛtrɛma de anigyeɛ abɔ ose” akyerɛ Jairo no, n’ani gye paa. (Yesaia 35:6) Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a n’abam tumi bu deɛ, nanso mpɛn pii no ɔwɔ anigye. Nea enti a ɛte saa ne sɛ biribiara a ɔyɛ no fa Onyankopɔn som ho na ɔne ne nuanom Kristofo nso na ɛbɔ. Wohwɛ gyidi a Jairo wɔ ne sɛnea n’ani gye no a, ɛma wohu sɛ, sɛ yɛwɔ ɔhaw bi koraa na sɛ yɛsom Yehowa a, asetena remfono yɛn.

^ nky. 5 Cerebral palsy yɛ yare a ɛka obi adwene ma ɔbubu. Ɛtumi ma ɔtwa, adidie tumi yɛ den ma no, na ɛtumi ka ne kasa nso. Sɛ saa yare yi mu yɛ den paa a, wɔfrɛ no spastic quadriplegia; ɛtumi ma onipa no nan ne ne nsa nyinaa sensen, na ne kɔn mu yɛ mmerɛw.