Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Tumi Sesa Nnipa

Asetena a Abotɔyam Wom

Sɛnea Mifii Ase Nyaa Anigye Wɔ M’abrabɔ Mu

Sergey yɛ akwadaa no, na ɔyɛ tebɔɔ na na ɔnka ne ho nkɔ nnipa mu. Hwɛ video yi, na wubehu sɛnea Bible boaa no.

Manya Ahonyade a Ɛrensɛe Da

Ɛyɛɛ dɛn na adwumawura bi a na nneɛma kɔ yiye ma no nyaa biribi a ɛsen ahonyade ne sika?

Juan Pablo Zermeño: Yehowa Ama M’abrabɔ Ayɛ Papa

Sɛ yɛfa ɛyaw anaa ateetee mu a, etumi haw yɛn mfe pii. Obi fa tebea a ɛte saa mu a, n’ani betumi agye anaa? Tie onua Juan Pablo suahu yi. Wubehu sɛ ɔrenyin no, ɔfaa nneɛma a ɛyɛ yaw mu. Nanso seesei n’ani gye, n’asom dwo no, na n’asetena nso ayɛ kama. Ɛyɛ a hwɛ nea ɛboaa no.

Johny ne Gideon: Atamfo a Wɔadane Anuanom

Wokɔ mmeae bi a, abibifo mpɛ aborɔfo asɛm ɛnna aborɔfo nso mpɛ abibifo asɛm. Hwɛ nea ɛboaa mmarima mmienu bi a wɔwɔ South Africa ma wotumi dii saa ɔtanhunu yi so.

Sɛnea Nkurɔfo Bekyiaa Yɛn Wɔ Ahenni Asa So No, Yɛn Werɛ Remfi Da

Hwɛ video yi. Steve bɛka nea esii bere a edi kan a ɔkɔɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Wubehu sɛnea nkurɔfo gyee no awaawaa atuu.

Enti Bere Bi Bɛba a Nokware Dɔ Bedi Ɔtan So?

Ɛyɛ den paa sɛ obi beyi ɔtanhunu afi ne koma mu. Hwɛ sɛnea Yudani ne Palestinani bi tumi yii ɔtanhunu fii wɔn koma mu.

Bible Mu Mmuaeɛ a Emu Da Hɔ Maa Me Koma Tɔɔ Me Yam

Ernest Loedi nyaa nsɛmmisa a ɛho hia paa no ho mmuaeɛ. Mmuaeɛ a emu da hɔ a ɛwɔ Bible mu ama wanya daakye ho anidasoɔ ankasa.

Sɛ worefa amanehunu mu a, mpa abaw

Nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma yehu amane no, na Doris nte ase. Wohwɛ video no a, wubehu baabi a onyaa ɛho nkyerɛkyerɛmu. Ɛyɛɛ no nwanwa paa.

Nsɛmmisa Mmiɛnsa Bi Sesaa M’asetena

Bere a Doris Eldred a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo no suani bɛdanee ne kyerɛkyerɛfo no, Doris nyaa ne nsɛmmisa ho mmuaeɛ maa ne koma tɔɔ ne yam.

Ná Mempɛ sɛ Miwu!

Bere bi Yvonne Quarrie bisaa ne ho sɛ, “Mebɛyɛɛ dɛn koraa wɔ wiase?” Mmuae a onyae no sesaa n’abrabɔ.

Yehowa Ayɛ Bi Ama Me

Crystal yɛ akwadaa no, obi too no mmonnaa. Bible mu nokwasɛm bɛn na aboa no ama ɔne Nyankopɔn afa adamfo na wanya anidaso wɔ n’asetenam? Hwɛ video yi na wubehu.

Jeson Senajonon: Yehowa Atie Me

Ɛwom sɛ na Jeson yɛ mum, nanso ɛno ansiw no kwan sɛ ɔbɛfa Onyankopɔn adamfo.

Ewiee Ase No, Me Ne Me Papa Ntam Yɛɛ Kama

Hwɛ nea ɛyɛe a Renée nom nnubɔne na ɔwee nsa, ɛne nea ɛyɛe a otumi gyaee koraa.

Mansusu Da Sɛ Me Paa Mɛtumi Aboa Nkurɔfo

Asɛnkɛse bi too Julio Corio na ɛmaa ɔnyaa adwene sɛ Onyankopɔn nnwene nnipa ho. Asɛm a ɛwɔ Exodus 3:7 boaa no maa ɔsesaa n’adwene.

Me Nko Ara Me Ho na na Medwene

Bere a Christof Bauer de hyɛn ketewa bi nam po so no, ɔde bere pii kenkan Bible. Dɛn na akenkan no ma ɔhui?

Ná Mepɛ Sɛ Meko Tia Ntɛnkyea

Rafika de ne ho bɔɔ atuatew kuw bi sɛ ɔreko atia ntɛnkyea. Nanso, ohui sɛ Bible ahyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛma yɛanya asomdwoe ne atɛntrenee.

“Mente Nka Bio sɛ Ɛsɛ sɛ Mesesa Wiase”

Obi a na ɔpere sɛ wiase bɛkɔ yiye no, ɛyɛɛ dɛn na Bible a osuae boaa no ma ohuu nea ebetumi de nsakrae papa aba wiase?

Me Deɛ, Na Migye Di sɛ Onyankopɔn Nni Hɔ

Ná nsusuwii mmienu bi agye aberante bi adwene, enti ɛno na na ɔde bɔ ne bra. Baako ne sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Nea ɛto so mmienu ne Komunis nsusuwii. Ɛyɛɛ dɛn na n’ani begyee Bible ho?

Bible Tumi Sesa Nnipa—November 2012

How did a successful career woman, a gambler, and a man disillusioned with life find true happiness?

Bible Tumi Sesa Nnipa—Ná Ɔware Mmea Bebree Nanso Akyiri Yi Ɔbɛyɛɛ Okunu Pa a Ɔwɔ Yere Baako

Dɛn na ɛmaa ɔbarima bi a na ɔware mmea bebree bɛyɛɛ okunu pa a ɔware ɔbea baako?

Wɔsesaa Nea Wogye Di

“Ná Nsɛm Pii Kyere M’adwene”

Ná Mario yɛ ɔsɔfo, nanso akyiri yi obehui sɛ Yehowa Adansefo na ɛkyerɛkyerɛ Bible mu nokware no. Dɛn na ɛmaa no huu saa?

Bible Maa Menyaa Me Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Berɛ a Mayli Gündel papa wuiɛ no, Onyankopɔn mu gyidie a ɔwɔ no tu yeraeɛ. Ɛyɛɛ dɛn na ɔsan nyaa gyidie ne akomatɔyam?

Wɔde Bible Yii Me Nsɛmmisa Nyinaa Ano!

Ná Isolina Lamela yɛ Roman sista, na ɔbɛyɛɛ obi a Komunis adwene adi ne ti, nanso emu biara ammoa no. Akyiri yi, ohyiaa Yehowa Adansefo, na wɔde Bible boaa no ma ohuu nea ɔde n’asetena bɛyɛ.

Wɔn Nsa Kaa “Ahweneɛ a Ne Bo Yɛ Den” No

Ɛsono ɔkwan Mary ne Björn mu biara faa so huu Ahenni ho nokware no. Sɛn na ɛsesaa wɔn asetena?

Migyaee Nyamesom Akyi Di

Ná Tom pɛ sɛ ogye Onyankopɔn di, nanso eduu baabi no, na n’ani nnye nyamesom ho bio. Obehui sɛ asɔre a na ɔkɔ no, wɔn som nyɛ papa biara. Asɛ biribi a yɛahyehyɛ ato hɔ na wɔredi akyi. Sɛn na Bible a osuae boaa no ma onyaa anidaso?

“Na Yehowa Werɛ Mfii Me”

Ɔbea a ɔmfa ne som nni agoru yi, afei de onyaa ne nsɛmmisa ho mmuae wɔ Kyerɛwnsɛm mu; obehuu nea enti a yewu ne baabi a yewu a, yɛkɔ. Kenkan na hu sɛnea nokware no sesaa n’asetena.

“Mede Sii M’ani So sɛ Medi Sɔfo”

Efi Roberto Pacheco mmofraase na ɔde sii n’ani so sɛ obedi Katolek sɔfo. Kenkan nea ɛyɛe a ɔsesae.

“Ná Wɔpɛ sɛ Me Ara Mehwehwɛ mu Hu Nokware No”

Ná Luis Alifonso pɛ sɛ ɔbɛyɛ Mormonni ɔsɛmpatrɛwfo. Ɛyɛɛ dɛn na Bible a osuae no sesaa botae a na esi n’ani so no, na ɛyɛɛ dɛn na ɔsesae?

Nnubɔne Ne Nsa

“Made Me Ho Afi Aturuturasɛm Ho”

Adwuma foforo a na Michael Kuenzle anya no, da a edi kan a oduu adwumam hɔ no, obi bisaa no sɛ, “Wudwen ho sɛn, amane a yɛrehu wɔ wiase yi mu no, Onyankopɔn na ɔhyɛ akyi anaa?” Efi saa bere no, nneɛma sesae koraa wɔ n’abrabɔ mu.

Ná M’abrabɔ Regye Nsam

Solomone pɛ sɛ onya asetena pa nti otu kɔɔ United States. Nanso, ofii ase nom nnubɔne na ɔkɔdaa afiase. Dɛn na ɛboaa no ma ɔsesaa n’abrabɔ?

Ná Meyɛ Adedamfikyiri

Nneɛma bɔne te sɛ atuturasɛm, nnubɔnenom, ne nsanom bebrebe a Antonio de ne ho hyɛɛ mu no maa ɔtee nka sɛ onni anidaso biara wɔ asetena mu. Dɛn na ɛma ɔsesaa n’abrabɔ?

Mahu Sɛnea Mebu Mmea ne Me Ho

Joseph Ehrenbogen kenkan biribi wɔ Bible mu, na ɛboaa no ma ɔsesaa n’asetena koraaMahu Sɛnea Mebu Mmea ne Me Ho

“Mifii Ase Faa Adwene, Efisɛ na Bra a Merebɔ no Yɛ Hu?”

Ɔbarima bi tumi sesaa ne suban ne n’adwene; kenkan na hu sɛnea Bible mu nsɛm boaa no ma ɔyɛɛ saa nsakrae no som Onyankopɔn.

M’abrabɔ Maa Asetena Fonoo Me

Ná Dmitry Korshunov yɛ kɔwensani, nanso ofii ase kenkan Bible. Na ɔkan no da biara da. Ɛdɛn na ɛkaa no ma ɔyɛɛ nsakrae wɔ n’abrabɔ mu na onyaa anigye mu anigye? Hwɛ video yi na wubehu.

Bible Tumi Sesa Nnipa—October 2012

Ɛyɛɛ dɛn na nnipa baanu a obiako yɛ kɔwensani na obiako nso de nnubɔne di dwuma tumi gyaee nneɛma bɔne no benyaa anigye?

“Afei De Manya Ahotɔ a Edi Mũ”

Kenkan sɛnea Bible boaa aberante bi ma ogyaee tawanom, nnubɔne ne nsawe.

Awudisɛm Ne Akakabensɛm

“Nsɛmmɔnedi Ne Sikanibere Ama Madi Yaw Pii”

Bere a woyii Artan fii afiase no, ohui sɛ nea Bible ka fa sikanibere ho no yɛ nokware.

“Menyɛ Otirimɔdenfo Bio”

Dɛn na ɛmaa Sébastien Kayira gyaee basabasayɛ ne ne subammɔne no?

Ná Me Koko Nye Koraa

Obi a na ɔdɔm basabasayɛfo kuw gye di sɛ, sɛnea ɔte nnɛ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible tumi sesa nnipa. Seesei ɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa.

Ná Nsɛm Haw Me, na na Midi Atuturasɛm

Dɛn na ɛmaa obi a ofi Mexico a odi atuturasɛm sesaa ne suban?

Ma Minnya Ahotɔ Afe Baako Pɛ

Bible mu asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 1:9 no kaa Alain Broggio koma paa.

Na Ɛyɛ Me sɛ Gyama Wiase Nyinaa Yɛ Me Dea

Na Pawel Pyzara di akakabensɛm, nom nnubɔne, na na ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mmaranimfo. Da bi a ɔne mmarima nwɔtwe bi de ntɔkwa gyinaa mu no na ɔhuu sɛ afotuo nsakra nnipa gye sɛ nsɔhwɛ.

Ná M’abrabɔ Sɛe Ara na Ɛresɛe

Ná Stephen McDowell yɛ aberante a ɔwɔ kõkõ bɔne, nanso awudi bi a wamfa ne ho anhyɛ mu maa no sii ne bo sɛ ɔbɛsesa n’abrabɔ.

Mebɛhuu sɛ Yehowa Yɛ Mmɔborɔhunufo na Ɔde Bɔne Kyɛ

Apoobɔ bɛyɛɛ te sɛ Normand Pelletier aduane. Nanso, Bible mu asɛm baako pɛ a ɔkenkanee no ma ɔsuiɛ.

Na Mede Asi M’ani So sɛ Mɛko Atia Ntɛnkyea ne Awudisɛm

Antoine Touma huu Kung Fu bɔ paa, nanso asɛm a ɛwɔ 1 Timoteo 4:8 no sesaa n’asetena.

Me Tuo De, Mankɔ Annya Hɔ Da

Annunziato Lugarà de ne ho kɔbɔɔ akobɔfo kuw bi, nanso Ahenni Asa so a ɔkɔe no sesaa n’asetena.

“Ná Nnipa Bebree Tan Me”

Kenkan na hu sɛnea ntɔkwapɛfo bi suaa Bible bɛyɛɛ asomdwoe nipa.

Agokansi, Nnwom, Ne Anigyede

Andrey Nesmachniy: Ná Bɔɔlbɔ Ne Me Wiase Nyinaa

Ogyee din san nyaa sika, nanso onyaa biribi a ɛkyɛn saa.

Ná Ɛyɛ Me Sɛ Biribiara a Mepɛ Biara Minya

Ná Stéphane yɛ aberante dwontofo a ɔwɔ sika na wagye din, nanso na ɔte nka sɛ ɔnsɛ hwee na onni akomatɔyam. Ɛyɛɛ dɛn na onyaa anigye mapa ne akomatɔyam wɔ asetena mu?

Nkonimbo a Ɛsen Biara a Manya

Dɛn na ɛmaa obi a ɔbɔ tɛnis gyae kɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo Bible?

“Ná M’ani Gye Karate Ho”

Erwin Lamsfus bisaa n’adamfo bi bere bi sɛ, “Woadwen nea enti a yɛbaa wiase ho pɛn?” Mmuae a onyae no sesaa n’asetena.

Mehwee Ase Mpɛn Pii Nanso Midii Nkonim

Ɛyɛɛ dɛn na onipa baako tumi gyaee ponografi hwɛ na onyaa akomatɔyam?

“Mihui sɛ Me Suban Nyɛ Fɛ Koraa”

Nnwonto no kɔɔ yiye maa Esa, nanso ohui sɛ onni abotɔyam wɔ asetena mu. Kenkan nea ɛyɛe a onipa a na ɔbɔ nnwom a ano denneennen yi benyaa anigye.

Yehowa Som na Ɛma Ahoɔden

Bible mu asɛm baako pɛ maa Hércules hui sɛ obetumi agyae abufuw ne atutrasɛm na wafa nipasu foforo abɛyɛ obi a ne ho dwo na ɔwɔ ɔdɔ.

Ná Mepɛ Baseball Sen Biribiara!

Ná agokansi adidi Samuel Hamilton ti. Nanso Bible adesua sesaa n’abrabɔ.

“Asase so Paradise Ho Bɔhyɛ No Sesaa M’asetena”

Ade a na Ivars Vigulis da dwen ho ara ne sɛ obenya din ne anuonyam ne moto akansi no mu anigye. Bere a osuaa Bible no, nsakrae bɛn na ɔyɛe?