Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Manya Ahonyade a Ɛrensɛe Da

Manya Ahonyade a Ɛrensɛe Da
  • Afe a Wɔwoo No: 1968

  • Ɔman a ofi mu: United States

  • Kan no: Adwumawura bi a ɔbɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma onnya ne ho

ƆBRA A NA MEWOM

 Wɔtetee me sɛ Katolekni wɔ Rochester, New York. Bere a m’awofo ntam tetee no, na madi mfe nwɔtwe. Ná me maame te ahiafo fie, na na metena ne nkyɛn fi Dwoda kosi Fida. Ná me papa te asikafo mu, na na edu Memeneda ne Kwasida a, na mekɔ ne nkyɛn. Ná yɛyɛ mmofra nsia, na mihui sɛ na me maame brɛ paa ansa na yɛn nsa aka nneɛma a yehia. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyere me ho apɛ sika pii de ahwɛ m’abusua.

 Ná me papa pɛ sɛ minya me ho. Enti na sukuu bi a agye din paa wɔ hɔ a ɛtete nkurɔfo a wɔhwɛ hotɛl so, na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ menkɔ hɔ nkɔhwɛ sɛnea ɛhɔ te. M’ani gyee sukuu no ho nti mekɔɔ saa sukuu no bi. Ná m’adwene yɛ me sɛ Onyankopɔn atie me mpaebɔ ama merebɛyɛ sikani na ama m’ani agye. Mede mfe nnum suaa sɛnea wɔhwɛ hotɛl so, aguadi ho mmara, ne sɛnea wɔhwɛ adwuma bi sikasɛm so. Saa bere no nyinaa na meyɛ adwuma wɔ hotɛl bi a nkurɔfo tow kyakya wɔ hɔ wɔ Las Vegas, Nevada.

Asikafo paa a na wɔtow kyakya no na na mehwɛ wɔn

 Bere a midii mfe 22 no, na meyɛ ɔpanyin paa a ɔhwɛ hotɛl bi a nkurɔfo tow kyakya wɔ hɔ so abadiakyiri. Ná nkurɔfo bu me sɛ meyɛ sikani na nneɛma kɔ yiye ma me. Mpɛn pii no, aduan a ne bo yɛ den na na midi, na nsa a ne bo yɛ den paa nso na na menom. Ná nkurɔfo a me ne wɔn yɛ adwuma no ka kyerɛ me sɛ, “Fa w’adwene si sika so na hu sɛ ɛno ne ade a ɛho hia paa wɔ wiase.” Wɔn adwene mu no, na ɛyɛ wɔn sɛ sika ne ade a ɛma obi ani gye paa.

 Asikafo paa a na wɔba Las Vegas bɛtow kyakya no na na mehwɛ wɔn. Ɛwom sɛ na wɔwɔ sika paa de, nanso na ɛyɛ me sɛ wɔn ani nnye. Me nso mihui sɛ na m’ani nnye. Nokwasɛm ne sɛ bere a merenya sika pii no, na ɛregyaw me dadwen ne kɔdaanna. Mifii ase nyaa adwene sɛ ɛsɛ sɛ mikum me ho. Bere a na minhu nea menyɛ wɔ m’asetenam no, medan kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn bisaa no sɛ, “Ɛhe na menya anigye ankasa?”

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA

 Saa bere no mu na me nua mmea mmienu na wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo tu bɛtenaa Las Vegas. Ɛwom sɛ mannye Adansefo no nhoma a na wɔde maa me de, nanso mepenee so sɛ me ne wɔn bɛbom akenkan me Bible. Me Bible no mu no, na wɔde nkyerɛwde kɔkɔɔ na akyerɛw asɛm biara a Yesu kae. Esiane sɛ na migye asɛm biara a Yesu kae di nti, nsɛm a Yesu kae titiriw na na me nua mmea no ne me bɔ ho nkɔmmɔ. Ná me ara mekenkan me Bible nso.

 Nneɛma pii a mihui no maa me ho dwiriw me. Ɛho nhwɛso bi ni. Yesu kae sɛ: “Na sɛ mobɔ mpae a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfo; na wosusuw sɛ wɔn kasa dodow nti wobetie wɔn!” (Mateo 6:7, Akuapem Twi Bible) Nanso na ɔsɔfo bi de Yesu mfoni bi ama me aka sɛ, sɛ mebɔ Yɛn Agya a Ɔwɔ Soro mpae no mpɛn du ne Mo, Maria mpae no nso mpɛn du gu so a, sika biara a mihia no Onyankopɔn bɛma me nsa aka. Enti mibisaa me ho sɛ: ‘Sɛ mitĩ saa nsɛm no mu mpɛn pii a, na ɛnyɛ kasa na merekasakasa pii kwa?’ Mesan kenkan Yesu asɛm a edi hɔ yi. Ɔkaa sɛ: “Mommfrɛ obiara mo agya asaase so; mo Agya yɛ baako wɔ soro.” (Mateo 23:9, The New American Bible) Enti midwinnwen ho sɛ, ‘Adɛn nti na me ne nkurɔfo a me ne wɔn kɔ Katolek asɔre no frɛ yɛn asɔfo no “Agya”?’

 Ɛyɛ bere a mekenkan Bible mu nhoma a ɛne Yakobo no na mifii ase dwenee sɛnea mepɛ sɛ minya me ho wɔ wiase no ho kɔɔ akyiri. Yakobo kyerɛwee wɔ ne nhoma no ti 4 sɛ: “Munnim sɛ obi yɛ wiase adamfo a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn tamfo? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔfa wiase adamfo no, na ɔreyɛ ne ho Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4, NAB) Nea ɛyɛɛ me nwonwa koraa ne nkyekyɛm 17 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Nea onim papa na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne.” Afei, mefrɛɛ me nuabeanom no ka kyerɛɛ wɔn sɛ meregyae adwuma a meyɛ wɔ hotɛl a wɔtow kyakya wɔ hɔ no. Nea enti ne sɛ mabehu sɛ nneɛma a wɔyɛ wɔ hɔ no nye. Ebi ne kyakyatow ne sikanibere.

“Ɛyɛ bere a mekenkan Bible mu nhoma a ɛne Yakobo no na mifii ase dwenee sɛnea mepɛ sɛ minya me ho wɔ wiase no ho kɔɔ akyiri”

 Ná mepɛ sɛ me ne Onyankopɔn ne m’awofo ne me nuanom ntam yɛ kama. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ metwitwa nneɛma so sɛnea ɛbɛyɛ a menya bere pii de ayɛ saa. Nanso na ɛnna fam sɛ mɛyɛ saa nsakrae no. Sɛ nhwɛso no, minyaa hokwan pii a na ɛyɛ den sɛ mɛbɔ agu. Ná saa hokwan ahorow no bɛma makɔ m’anim wɔ adwuma a meyɛ wɔ hotɛl a wɔtow kyakya wɔ hɔ no mu. Afei nso na ɛbɛma magye akatua mmɔho mmienu anaa mmiɛnsa. Nanso bere a mebɔɔ asɛm no ho mpae wiei no, misii gyinae sɛ merenyɛ saa adwuma no bio. Migyaee adwuma no na mitu kɔtenaa dan a na me maame de ne kar si mu mu. Mifii adwuma ketewaa bi ase. Sɛ wokɔ adidibea a, wubehu nkrataa a wɔakyerɛkyerɛw nnuan a wɔyɛ wɔ hɔ agu so, ɛno na na mede rɔba fa ho.

 Ɛwom sɛ na Bible aboa me ma mede botae papa asisi m’ani so de, nanso na menkɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam. Me nua mmea no bisaa me nea mewɔ tia Adansefo no ho asɛm. Mekaa sɛ: “Ɛne sɛ, mo Nyankopɔn Yehowa no tetew mmusua ntam. Bere a yɛredi Buronya ne bere a abusua no muni redi n’awoda nko ara na minya bere ma abusua no. Nanso mo de munni saa nnapɔnna no.” Me nua mmea no baako de su bisaa me sɛ: “Nna a aka wɔ afe no mu no ɛyɛ a wowɔ he? Yɛpɛ sɛ woba yɛn nkyɛn bere biara. Nanso wo de, saa nnapɔnna no nko ara na woba. Yɛahu sɛ esiane sɛ ɛsɛ sɛ woba yɛn nkyɛn saa bere no ara nti na woba.” Asɛm a ɔkae no kaa me koma paa, na me ne no nyinaa sui.

 Bere a mibehui sɛ Yehowa Adansefo dɔ wɔn mmusua na me mmom na m’asɛm nyɛ dɛ no, meyɛɛ m’adwene sɛ asafo nhyiam a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa bi a ɛwɔ yɛn mpɔtam hɔ no, mɛkɔ bi. Ɛhɔ na mikohyiaa Kevin, na ɔyɛ obi a otumi kyerɛkyerɛ Bible mu paa, na ɔne me suaa Bible.

 Ná Kevin ne ne yere nhwehwɛ ahonyade pii sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere aboa nkurɔfo ma wɔate Bible ase. Sika a na wonya no, na ɛma wotumi tutu akwan kɔ Africa ne Central America kɔboa ma wosisi Adansefo no baa dwumadibea. Ná wɔn ani gye paa, na na wɔdodɔ wɔn ho. Mekaa wɔ me tirim sɛ, ‘Asetena a merehwehwɛ ara ni.’

 Kevin ma mehwɛɛ video bi a ɛma mihuu anigye a ɛwɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu, na misii gyinae sɛ adwuma a mepɛ sɛ meyɛ ara ni. Bere a mede abosome nsia suaa Bible denneennen no, afe 1995 no mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Sɛ anka mɛbɔ mpae asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma minnya sika pii no, mebɔɔ mpae mmom sɛ: “Mma me ohia anaa ahonyade.”—Mmebusɛm 30:8.

SƐNEA ABOA ME

 Seesei meyɛ ɔdefo ankasa. Ɛnyɛ sɛ manya sika pii, na mmom me ne Onyankopɔn ntam ayɛ kama. Mihyiaa me yere a medɔ no Nuria wɔ Honduras, na me ne no asom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Panama ne Mexico. Bible mu asɛm a edi hɔ yi yɛ nokware ankasa sɛ: “Yehowa nhyira na ɛma obi yɛ ɔdefo, na Ɔmfa yaw biara nka ho”!—Mmebusɛm 10:22.