Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn Nti na Munni Easter?

Adɛn Nti na Munni Easter?

Nsɛm a nkurɔfo ka to yɛn so

 Nea nkurɔfo ka: Yehowa Adansefo nyɛ Kristofo nti na wonni Easter no.

 Nokwasɛm: Yegye di sɛ Yesu Kristo ne yɛn Agyenkwa, enti yɛbɔ yɛn ho mmɔden paa di “n’anammɔn akyi pɛɛ.”​—1 Petro 2:​21; Luka 2:11.

 Nea nkurɔfo ka: Munnye nni sɛ wonyanee Yesu fii awufo mu.

 Nokwasɛm: Yegye di sɛ Yesu nyan fii awufo mu; yenim sɛ obi ntumi nka sɛ ɔyɛ Kristoni bere a onnye saa asɛm no nni, enti yɛka ho asɛm paa wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu.​—1 Korintofo 15:​3, 4, 12-15.

 Nea nkurɔfo ka: Anigye a ɛwɔ Easter mu a abɔ mo mma no, ɛnhaw mo.

 Nokwasɛm: Yɛpɛ yɛn mma asɛm, enti yenya adagyew tete wɔn, na yɛyɛ yɛn fam de nyinaa de hwɛ sɛ wɔn ani begye.​—Tito 2:4.

Adɛn nti na Yehowa Adansefo nni Easter?

  •   Easter nni Bible mu.

  •   Yesu anka sɛ yɛnkae ne wusɔre, na mmom ose yɛnkae ne wu. Bere a Bible ka sɛ Yesu wui no, saa bere no pɛpɛɛpɛ na yɛkae ne wu no afe biara.​—Luka 22:​19, 20.

  •   Yegye di sɛ abawo ne nnɔbae ho amanne a na ɛwɔ hɔ tete no, emu na Easter fi bae. Ɛno nti Onyankopɔn mpɛ sɛ yedi Easter. ‘Ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ɔsom a yɛde ma no’ no, na okyi sɛ yɛde nneyɛe a n’ani nnye ho bɛfrafra ne som.​—Exodus 20:5; 1 Ahene 18:21.

 Yegye di sɛ Easter a yenni no ne Bible hyia paa; Bible no ara ka sɛ ɛnsɛ sɛ yedi nnipa atetesɛm so kɛkɛ, na mmom yɛmfa “nyansa ne adwempa” nyɛ adwuma. (Mmebusɛm 3:​21; Mateo 15:3) Sɛ obi bisa yɛn adwene wɔ Easter ho a, yɛmfa nsie, nanso nea obiara bɛyɛ wɔ ho no de, yegyae ma no.​—1 Petro 3:15.