Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yehowa Adansefo Gye Di No, Adɛn Nti Na Ebi Wɔ a Wɔasesa No?

Nea Yehowa Adansefo Gye Di No, Adɛn Nti Na Ebi Wɔ a Wɔasesa No?

 Bible no nkutoo na yɛn gyidi gyina so, enti sɛ yenya Kyerɛwnsɛm no mu ntease foforo a, yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn gyidi mu. a

 Nsakrae a ɛte saa no, ɛne Bible mu asɛm bi a ɛwɔ Mmebusɛm 4:18 hyia. Ɛka sɛ: “Treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛhyerɛn nkakrankakra kosi awia ketee.” Owia pue nkakrankakra na ɛma yehu ade yiye. Saa ara na Onyankopɔn ma yɛte Bible mu nokwasɛm ase nkakrankakra wɔ ɔno ara ne bere a wahyɛ mu. (1 Petro 1:10-12) Bible ka too hɔ sɛ, Onyankopɔn bɛma ntease no aba ntɛmntɛm “awiei bere no” mu.​—Daniel 12:4.

 Nsakrae a yɛyɛ wɔ yɛn gyidi mu no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo nwonwa anaa ɛhaw wo. Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete no, wɔn nso nyaa adwene bi a na ɛnteɛ. Wɔhwɛɛ kwan sɛ nsɛm bi besisi nanso amma saa, enti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn adwene yiye.

 Wɔ bere a ɛsɛ mu no, Onyankopɔn boaa wɔn ma wonyaa ntease a edi mũ, na yegye di sɛ ɔbɛkɔ so ayɛ saa ara de aboa yɛn.​—Yakobo 1:5.

a Nsakrae a yɛyɛ wɔ Bible mu ntease ho no, yɛmfa nsie. Nokwasɛm ne sɛ, yetintim wɔ yɛn nhoma mu. Wopɛ wei ho nhwɛso a, klike “Beliefs Clarified” so wɔ Borɔfo wɛbsaet hɔ.