Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm a Nkurɔfo Ka Tia Yehowa Adansefo No, Adɛn Nti Na Ebi Wɔ Hɔ a Wonyi Ano?

Nsɛm a Nkurɔfo Ka Tia Yehowa Adansefo No, Adɛn Nti Na Ebi Wɔ Hɔ a Wonyi Ano?

 Asɛm yi mu no, Yehowa Adansefo de Bible afotu yɛ adwuma. Enti ɛnyɛ asɛm biara a nkurɔfo bɛka atia yɛn na yeyi ano. Sɛ nhwɛso no, Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Nea ɔteɛ ɔfɛwdifo so no nya animguase.” (Mmebusɛm 9:​7, 8; 26:4) Sɛ nkurɔfo ka yɛn ho nsɛm a ɛnyɛ nokware a, yɛmma ɛnhaw yɛn dodo. Enti yenni nea afoforo ka akyi ne wɔn nko ntɔkwaw, mmom yɛn botae ne sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani.​—Dwom 119:69.

 Ɛyɛ ampa sɛ “kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:7) Enti wɔn a wɔwɔ koma pa a wɔpɛ sɛ wohu nokware no, yɛbɔ mmɔden boa wɔn. Nanso, yɛkwati akyinnyegye a aba biara nnim. Yɛnam saa a yɛyɛ so di nea Yesu ne tete Kristofo no kyerɛkyerɛe so, na yesuasua wɔn nhwɛso.

  •   Yesu yɛɛ dinn bere a nkurɔfo bɔɔ no sobo wɔ Pilato anim no. (Mateo 27:11-​14; 1 Petro 2:​21-​23) Saa ara nso na bere a nkurɔfo kaa sɛ Yesu yɛ odidifo ne ɔsanomfo no, wamma wɔn mmuae biara. Mmom, ɔde ne nneyɛe kyerɛe sɛ sobo a na wɔrebɔ no no nyɛ nokware. Nea Yesu yɛe no ne Bible mu asɛm yi hyia: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:19) Nanso ɛtɔ da a, na ehia sɛ Yesu ka biribi kyerɛ wɔn a na wɔrekasa tia no no. Tebea a ɛtete saa mu no, Yesu de akokoduru yɛɛ saa.​—Mateo 15:​1-3; Marko 3:​22-​30.

     Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ, sɛ afoforo kasa tia wɔn a, ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn abam bu. Ɔkae sɛ: “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so.” (Mateo 5:​11, 12) Wei mu mpo, Yesu san kaa sɛ, sɛ kasatia a ɛtete saa bue hokwan a n’asuafo no betumi de adi adanse a, obedi ɛbɔ a ɔhyɛe yi so: “Mɛma mo ano ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa ntumi nnyina ano anaa wɔmmɔ ngu.”​—Luka 21:12-​15.

  •   Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn a wɔsɔre tia wɔn no gye akyinnye hunu biara. Ɔkaa sɛ akyinnyegye a ɛte saa no, “mfaso biara nni so, na ɛyɛ adehunu.”​—Tito 3:9; Romafo 16:17, 18.

  •   Ɔsomafo Petro hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ, bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, wɔmfa anoyi mma obiara a obebisa wɔn gyidi ho asɛm no. (1 Petro 3:15) Nanso ɔkaa sɛ mpɛn pii no, eye pa ara sɛ wɔde wɔn nneyɛe bɛda wɔn gyidi adi, sen sɛ wɔde wɔn kasa bɛyɛ saa. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Momfa papayɛ nyɛ nnareka nsiw nsɛnhunu a nnipa a wonni adwene keka no ano.’​—1 Petro 2:​12-​15.