Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO | NNIPA NNAN A WƆTETE APƆNKƆ SO—DWUMA A WƆREDI NO KA WO SƐN?

Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?

Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?

Sɛ wokenkan nnipa nnan a wɔtete apɔnkɔ so no ho asɛm a, ebetumi ahunahuna wo paa. Nanso ɛnsɛ sɛ ɛba saa. Adɛn ntia? Efisɛ Bible ne nneɛma a ɛresisi nnansa yi no boa yɛn ma yehu nea ɔpɔnkɔsotefo biara gyina hɔ ma. Ɛwom sɛ wɔn dwumadi no kyerɛ sɛ amanehunu bɛba asase so deɛ, nanso ebetumi nso akyerɛ asɛmpa ama wo ne w’abusua. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan, nnipa nnan a wɔtete apɔnkɔ so no, momma yɛnhwɛ nea wɔn mu biara kyerɛ.

NEA ƆTE PƆNKƆ FITAA NO SO

Anisoadehu no, sɛnea efi ase ni: “Na mihui, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi ni; na nea ɔte no so no kura agyan; na wɔmaa no abotiri, na ofii adi kodii nkonim sɛ obewie ne nkonimdi koraa.”—Adiyisɛm 6:2.

Pɔnkɔ fitaa no, hena na ɔte so? Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no ara boa yɛn ma yehu onii ko. Akyiri yi, nhoma no san kaa sɛ nea ɔte pɔnkɔ so wɔ soro yi yɛ “Onyankopɔn Asɛm.” (Adiyisɛm 19:11-13) Abodin “Onyankopɔn Asɛm” no gyina hɔ ma Yesu Kristo, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn kasamafo. (Yohane 1:1, 14) Bible san frɛ no “ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.” Ɛsan ka sɛ, ɔyɛ “Ɔnokwafo a wɔwɔ Ne mu ahotoso.” (Adiyisɛm 19:16) Ɛda adi pefee sɛ Yesu wɔ tumi sɛ ɔsahene, nanso ɔmfa ne tumi no nni dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Ne nyinaa mu no, nsɛmmisa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yenya ho mmuae.

Hena na ɔmaa Yesu tumi sɛ onni nkonim? (Adiyisɛm 6:2) Yɛnhwɛ anisoadehu bi a odiyifo Daniel nyae. Ohuu sɛ wɔde Mesia no atoto “onipa ba” ho, na wɔahyɛ no anuonyam. Ɛnyɛ obiara sɛ Yehowa Nyankopɔn, * “Nea ne nna akyɛ” no na ɔde “tumi ne anuonyam ne ahenni” maa Mesia no. (Daniel 7:13, 14) Enti ɛyɛ Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn na ɔmaa Yesu tumi ne hokwan sɛ onni ade na ommu atɛn. Bible mu no, wɔtaa de kɔla fitaa gyina hɔ ma biribi a ɛteɛ. Enti ɛfata sɛ pɔnkɔ fitaa no gyina hɔ ma akodi a ɛteɛ a Onyankopɔn Ba no reko no.—Adiyisɛm 3:4; 7:9, 13, 14.

Bere bɛn na nnipa a wɔtete apɔnkɔ so no fii wɔn adwuma ase? Hyɛ no nsow sɛ, Yesu a ɔte pɔnkɔ a edi kan so no fii ne dwumadi ase bere a wɔmaa no ahemmotiri no. (Adiyisɛm 6:2) Bere bɛn na wosii Yesu Hene wɔ soro? Ɛnyɛ bere a onyan fii awufo mu kɔɔ soro no. Bible ma yehu sɛ okoduu soro no, ɔtwɛn kakra. (Hebrifo 10:12, 13) Yesu maa n’akyidifo no nea wobegyina so ahu bere a ɔno Yesu bɛtwɛn akodu, ne bere a obefi ase adi hene wɔ soro. Ɔkaa sɛ, sɛ ofi ase di hene wɔ soro a, nneɛma bɛsɛe koraa wɔ asase so. Akokoakoko, aduankɔm, ne ɔyaredɔm bɛba. (Mateo 24:3, 7; Luka 21:10, 11) Bere a Wiase Ko I bae wɔ afe 1914 akyi pɛɛ no, ɛbɛdaa adi sɛ adesamma adu saa bere no mu. Bible frɛ saa bere bɔne a aba asase so no “nna a edi akyiri.”—2 Timoteo 3:1-5.

Efi bere a wosii Yesu hene afe 1914 no, adɛn nti na nneɛma nyɛɛ yiye na mmom sɛe ara na ɛresɛe? Efisɛ saa bere no, Yesu fii ase dii hene wɔ soro, na ɛnyɛ asase so. Afei ɔko baa soro, na Mikael anaa Yesu a wɔasi no Hene foforo no tow Satan ne n’adaemone guu asase so. (Adiyisɛm 12:7-9, 12) Seesei Satan aka asase so. Efi bere a wɔtoo no kyenee asase so no, ne bo afuw denneennen efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa. Nokwarem no, ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ; ɔbɛyɛ ade atia Satan wɔ asase so ha. (Mateo 6:10) Afei nnipa mmiɛnsa a aka a wɔtete apɔnkɔ so no, momma yɛnhwɛ sɛnea wɔbɛboa ama yɛahu sɛ ampa yɛte wiase bɔne yi “nna a edi akyiri” mu. Wɔnte sɛ onipa a odi kan a ɔte pɔnkɔ so no. Ɔno deɛ, ogyina hɔ ma obi pɔtee. Nanso mmiɛnsa a aka no deɛ, wogyina hɔ ma nneɛma a asisi nnipa asetenam wɔ wiase nyinaa.

NEA ƆTE PƆNKƆ KƆKƆƆ NO SO

“Ɔpɔnkɔ foforo kɔkɔɔ bi bae; na wɔmaa nea ɔte no so no kwan sɛ onyi asomdwoe mfi asase so na wonkunkum wɔn ho wɔn ho; na wɔmaa no nkrante kɛse bi.”—Adiyisɛm 6:4.

Nea ɔte saa pɔnkɔ yi so no gyina hɔ ma akodi. Hyɛ no nsow sɛ, oyii asomdwoe fii asase so nyinaa, ɛnyɛ aman kakraa bi pɛ so. Afe 1914 mu no, ɔko bi baa wiase nyinaa a na ebi mmae da. Ɛno akyi no, ɔko a ɛto so mmienu san baa wiase nyinaa. Ɛno deɛ, ɛsɛee nneɛma kyɛn kan deɛ no. Ebinom kyerɛ sɛ efi afe 1914 reba no, akokoakoko ne amanko akunkum nnipa bɛboro ɔpepem 100! Afei wɔkyerɛ sɛ nnipa pii pirapirae, na ebinom nso dii dɛm.

Akodi akɔ akyiri akodu he wɔ yɛn bere yi so? Ɛkame ayɛ sɛ ɛnnɛ nnipa wɔ nea wobetumi de atɔre adesamma nyinaa ase. Biribi a ɛte saa nsii da wɔ nnipa abakɔsɛm mu. Nnwumakuw a wɔbɔ asomdwoe ho dawuru te sɛ Amanaman Nkabom mpo ntumi mmaa pɔnkɔ kɔkɔɔ no nnyaee n’adwumayɛ.

NEA ƆTE PƆNKƆ TUNTUM NO SO

“Mihui, na hwɛ! ɔpɔnkɔ tuntum bi ni; na nea ɔte no so no kura nsenia wɔ ne nsam. Na metee nne bi te sɛ nea efi honhom abɔde baanan no mfinimfini sɛ: ‘Awi susukora denare biako, na atoko susukora abiɛsa denare biako; na ngo ne bobesa de, nsɛe no.’”—Adiyisɛm 6:5, 6.

Nea ɔte pɔnkɔ yi so no gyina hɔ ma aduankɔm. Anisoadehu yi mu no, yehu sɛ aduan ho yɛɛ na araa ma wosusuw awi susukora baako (lita 1.08) de gyee denare baako. Atoko susukora mmiɛnsa (lita 3.24) nso, wɔde gyee denare baako. Asomafo no bere so no, na denare baako yɛ odwumayɛni da koro akatua! (Mateo 20:2) Ná wobu awi sɛ ɛsom bo sen atoko. Sɛ abusua bi mufo dɔɔso a, ɛbɛyɛ dɛn na saa aduan yi aso wɔn? Saa bere no, na ngo ne bobesa gyina hɔ ma aduan a nnipa dodow no ara di. Enti anisoadehu no mu no, wotuu nkurɔfo fo sɛ mma wɔnsɛe saa nnuan no, kyerɛ sɛ, wɔntew aduan a wodi so.

Efi afe 1914 reba no, yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ nea ɔte pɔnkɔ tuntum so no reyɛ n’adwuma anaa? Aane! Efi bɛyɛ afe 1900 besi 2000 no, aduankɔm akunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 70. Abenfo bi kaa sɛ “efi afe 2012 kosi 2014 no, nnipa ɔpepem 805 na na wonnya aduan pa nni. Saa bere no, wokyɛ nnipa a wɔwɔ wiase mu nkron a, na wɔn mu baako nnya aduan pa nni.” Amanneɛbɔ foforo nso kyerɛ sɛ: “Afe biara, sɛ yɛka nnipa dodow a AIDS, atiridii (malaria), ne nsamanwaw kunkum wɔn no bom a, ɛnto nnipa dodow a aduankɔm nko ara kum wɔn no.” Nnipa rebɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛma wɔn a ɔkɔm de wɔn no anya aduan pa adi, nanso pɔnkɔ tuntum no gu so ara reyɛ n’adwuma.

NEA ƆTE PƆNKƆ A NE HO NSONSO NO SO

“Mihui, na hwɛ! ɔpɔnkɔ a ne ho nsonso bi ni; na nea ɔte no so no din de Owu. Na Adamoa di n’akyi pɛɛ. Na wɔmaa wɔn asase nkyekyɛm anan mu biako so tumi sɛ wɔmfa nkrante tenten ne aduankɔm ne owuyare ne asase so nkekaboa nkunkum wɔn.”—Adiyisɛm 6:8.

Ɔpɔnkɔsotefo a ɔtɔ so nnan no gyina hɔ ma owuyare ne nneɛma foforo a ɛde owu ba. Afe 1914 akyi pɛɛ no, yare bi a wɔfrɛ no Spania influensa kunkum nnipa ɔpepem pii. Ɛkame ayɛ sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 500 nyaa bi. Wokyɛ nnipa a na wɔwɔ wiase saa bere no mu mmiɛnsa a, wɔn mu baako nyaa bi!

Nanso na Spania influensa no yɛ nyarewa a ɛbɛba no mfiase ara kɛkɛ. Abenfo bu akontaa sɛ efi bɛyɛ afe 1900 besi 2000 no, mpete kunkum nnipa ɔpepem pii. Ɛde besi nnɛ, ɛmfa ho sɛ wɔayɛ aduruyɛ mu nhwehwɛmu akɔ akyiri no, AIDS, atiridii, ne nsamanwaw twa nnipa ɔpepem pii nkwa so.

Akodi oo, aduankɔm oo, owuyare oo, ne nyinaa kowie owu mu. Adamoa nso fa nnipa a wowuwu no nyinaa; na anidaso asa.

MMERE PA BI REBA!

Mmere bɔne a yɛwɔ mu yi bɛba awiei nnansa yi ara. Kae sɛ Yesu ‘fii adi kodii nkonim’ wɔ afe 1914 mu, na ɔtoo Satan kyenee asase so. Nanso saa bere no, Yesu anwie ne nkonimdi no. (Adiyisɛm 6:2; 12:9, 12) Ɛrenkyɛ, Yesu bɛkyekyere Satan wɔ Harmagedon enti ɔrennya nnipa so nkɛntɛnso bio. Wɔn a wɔtaa Ɔbonsam akyi no nso, ɔbɛsɛe wɔn nyinaa. (Adiyisɛm 20:1-3) Nnipa mmiɛnsa a wɔte apɔnkɔ so di Yesu akyi no nyinaa, Yesu bɛsɛe wɔn nnwuma. Ɛnyɛ ɛno nko ara. Ɔhaw a wɔn nnwuma no de abrɛ adesamma no nyinaa nso, obesiesie. Ɔbɛyɛ no sɛn? Yɛnhwɛ Bible bɔhyɛ ahorow yi.

Asomdwoe besi akodi ananmu. Yehowa bɛma ‘akodi agyae akosi asase ano. Obebubu agyan mu, na watwitwa peaw mu asinasin.’ (Dwom 46:9) Wɔn a wɔpɛ asomdwoe no deɛ, ‘wobegye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’—Dwom 37:11.

Aduan bebu so ama ɔkɔm to atwa. “Asase no so nnɔbae bɛdɔɔso; ebebu so akodu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.

Ɔhaw a nnipa mmiɛnsa a wɔtete apɔnkɔ so de ba no, ɛrenkyɛ Yesu besiesie ne nyinaa

Yɛn nyinaa benya apɔwmuden ne daa nkwa. Yare ne owu befi hɔ. Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.’—Adiyisɛm 21:4.

Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ nneɛma papa bebree de kyerɛɛ sɛnea asetena bɛyɛ daakye wɔ ne nniso ase. Ɔhyɛɛ asomdwoe ho nkuran, ɔmaa nnipa mpempem pii aduan wɔ anwonwakwan so, ɔsaa ayarefo yare, na wɔn a wɔawuwu mpo onyan wɔn baa nkwa mu bio.—Mateo 12:15; 14:19-21; 26:52; Yohane 11:43, 44.

Wopɛ sɛ wuhu sɛnea wubesiesie wo ho ama bere a nnipa a wɔtete apɔnkɔ so no nnwuma bɛba awiei a, ɛnde Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛma woahu afi w’ankasa Bible mu. Wobɛma wɔaboa wo ama woasua pii anaa?

^ nky. 7 Yehowa yɛ Onyankopɔn din a wɔada no adi wɔ Bible mu.