Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Adwuma Rebu Wo Kɔn Mu Anaa?

Adwuma Rebu Wo Kɔn Mu Anaa?

Ɛyɛ wo sɛ wunni adagyew anaa? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko ara. Nhoma bi kaa sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ baabi a wobɛkɔ biara, obiara nni adagyew.”—The Economist.

AFE 2015 no, wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ aman nwɔtwe so. Nnipa a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma no pii kaa sɛ, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ adwumam ne fie no, ɛdɔɔso araa ma wontumi nyɛ ne nyinaa. Nea ɛma ɛba saa no bi ne sɛ, wɔn asɛde wɔ fie anaa adwumam no ayɛ pii, wɔn ho aka adɔɔso, na wɔde bere pii yɛ adwuma. Wokɔ United States sei a, wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa yɛ adwuma no, anyɛ yiye koraa no wɔde nnɔnhwerew 47 yɛ adwuma nnawɔtwe biara. Wubisa nnipa nnum biara a, ebia wɔn mu baako bɛka sɛ ɔde nnɔnhwerew 60 anaa nea ɛboro saa yɛ adwuma nnawɔtwe biara!

Wɔyɛɛ nhwehwɛmu foforo bi nso wɔ aman 36 so. Wɔkyerɛe sɛ wuyi nnipa nnan biara a, wɔn mu baako kaa sɛ, bere mpo a ɛsɛ sɛ wɔde gye wɔn ahome no, ɛte sɛ nea obi taa wɔn so! Mmofra nso, sɛ yɛsesaw dwumadi pii gu wɔn so a, etumi haw wɔn.

Sɛ da biara yɛyɛ sɛ yɛde bere kakraa bi bɛyɛ nnwuma pii a, ɛbɛma yɛabrɛ. Nnipa a wɔyɛ saa no, daa wɔka sɛ “wɔn ho akyere wɔn na wonni wɔn ho adagyew.” Wohwɛ a yebetumi atoto nneɛma ama yɛde yɛn bere adi dwuma yiye anaa? Nea yegye tom, nea yɛde si yɛn ani so, ne nea yɛyɛ no, ɛka yɛn sɛn? Nea edi kan no, yɛnhwɛ nneɛma nnan bi a ɛma nkurɔfo sesaw adwuma gu wɔn ho so.

1 WƆPƐ SƐ WƆN ABUSUA NSA KA NEA WƆPƐ BIARA

Agya bi a yɛfrɛ no Gary kaa sɛ: “Ná mede nnanson yɛ adwuma nnawɔtwe biara. Nea enti a na meyɛ saa ne sɛ, da biara na mepɛ sɛ meyɛ adepa bi ma me mma. Nea mannya no, na mepɛ sɛ wonya.” Ɛwom sɛ awofo wɔ adwempa deɛ, nanso ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nea ehia wɔn wɔ asetenam. Nhwehwɛmu bi ama ada adi sɛ, mmofra ne mpanyimfo a wɔde wɔn adwene nyinaa si sika ne ahode so no, wɔntaa nnya anigye, akomatɔyam, ne ahoɔden. Nanso wɔn a wɔmfa wɔn adwene nsi ahonyade so no deɛ, ɛnte saa wɔ wɔn fam.

Sɛ wɔtete mmofra ma wonya adwene sɛ ahonyade na ehia paa wɔ asetenam a, ɛyɛ a mmofra no ani nnye

Awofo bi wɔ hɔ a, wɔpɛ sɛ esi wɔn mma yiye, enti wɔsoa dwumadi pii gu wɔne wɔn mma so. Ebewie ase no, na mmofra no ne awofo no nyinaa abrɛbrɛ.

2 WOSUSUW SƐ ‘WUNYA PII A NA ƐYƐ’

Wɔn a wɔbɔ nneɛma ho dawuru no, ɛyɛ a wɔpɛ sɛ yɛte nka sɛ, yɛantɔ nneɛma a wɔde aba foforo no a, na yɛreyɛ yɛn ho. Nhoma bi kaa sɛ: “Sɛnea nneɛma aba gua so no ama bere ho ayɛ den paa,” efisɛ adetɔfo de wɔn bere kakra a wɔwɔ no “brɛ wɔn ho hwehwɛ nea wɔbɛtɔ, nea wɔbɛhwɛ anaa wobedi.”—The Economist.

Afe 1930 mu no, sikasɛm ho ɔbenfo bi a na wagye din kaa sɛ, sɛ mfiridwuma nya nkɔanim a, adwumayɛfo benya bere pii de ahome. Nanso n’asɛm no amma mu! Elizabeth Kolbert yɛ New Yorker nhoma no nsɛnkyerɛwfo. Ɔkaa sɛ: “Sɛ́ anka [nkurɔfo] bɛpɔn adwuma ntɛm no,” wɔnyɛ saa. Wɔde bere pii yɛ adwuma pɛ sika, efisɛ “nneɛma a aba so foforo a wonhia mpo no, ɛyɛ wɔn sɛ wohia.”

3 WƆPƐ SƐ WƆSƆ AFOFORO ANI

Adwumayɛfo bi kum wɔn ho de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn adwumawura ani begye wɔn ho. Obi adwumamfo nso betumi ama wanya adwene sɛ, sɛ wɔpɔn adwuma na wanka mu antoa adwuma so a, na wanyɛ ade. Afei nso, obiara nnim nea ne sikasɛm bɛyɛ daakye, enti ebinom pɛ sɛ wɔde bere pii yɛ adwuma, anaasɛ bere biara a wɔbɛfrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ adwuma no, na wodi so.

Awofo binom nso, wɔde wɔn ho toto mmusua afoforo ho. Sɛnea awofo binom sɛe mmere pii yɛ adwuma de totɔ nneɛma pii ma wɔn mma no, ɛyɛ wɔn sɛ wɔanyɛ bi a, na wɔrebɔ wɔn mma no “atirimɔden.”

4 WƆPƐ SƐ WƆKYERƐ SƐ WƆYƐ OBI

Tim wɔ United States, na ɔkaa sɛ: “Ná m’ani gye m’adwuma ho paa. Da biara, na mikum me ho yɛ adwumaden. Nà mepɛ sɛ obiara hu sɛ meyɛ ade.”

Ebinom te nka te sɛ Tim. Wosusuw sɛ, sɛ wonni wɔn ho adagyew koraa a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ obi. Dɛn na afi mu aba? Elizabeth Kolbert kaa sɛ: “Seesei wɔn a wonni wɔn ho adagyew na nkurɔfo bu wɔn.” Ɔde kaa ho sɛ: “Wunni adagyew a na yebu wo sɛ wo ho hia.”

TWITWA NNEƐMA SO

Bible hyɛ adwumaden ne nsiyɛ ho nkuran. (Mmebusɛm 13:4) Nanso ɛnka sɛ yenkum yɛn ho mfa yɛn bere nyinaa nyɛ adwuma. Ɔsɛnkafo 4:6 ka sɛ: “Ɔhome nsa mã ye sen ɔbrɛ ne adehunu nsa mã abien akyidi.”

Sɛ woankum wo ho nyinaa anyɛ adwuma na wutwitwa nneɛma so a, ɛbɛma woanya apɔwmuden, na adwinnwen nso renhyɛ wo so. Enti yebetumi atwitwa nneɛma so ama ayɛ yiye? Aane. Yɛnhwɛ nneɛma nnan bi a yebetumi ayɛ:

1 HU NEA EHIA NE NEA ƐSƐ SƐ WUDI AKYI

Sɛ obi pɛ sɛ onya sika de bɔ ne ho ban a, mfomso nni ho. Nanso yemmisa sɛ, sika dodow sɛn na yehia? Dɛn na ɛkyerɛ sɛ asi obi yiye? Wohwɛ a, sika anaa ahode kɛkɛ a obi wɔ na ɛkyerɛ sɛ asi no yiye anaa? Saa ara nso na yɛde yɛn bere dodow no ara home anaa yɛde gye yɛn ani a, ɛremma yennya bere mfa nyɛ nneɛma foforo a ehia.

Tim a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Me ne me yere san hwɛɛ yɛn asetenam yiye paa, na yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yebetwitwa nneɛma so. Sɛnea yɛn asetena te seesei ne nsakrae a yɛpɛ sɛ yɛyɛ no, yɛkyerɛw ne nyinaa too hɔ. Afei nso, nsunsuanso a gyinae a yɛasisi de aba yɛn asetenam ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi atwitwa nneɛma so no, yɛkaa ho asɛm.”

2 MMA NNEƐMA A WƆBƆ HO DAWURU NNAADAA WO

Bible tu yɛn fo sɛ, yɛnhwɛ yiye na “aniwa akɔnnɔ” annaadaa yɛn. (1 Yohane 2:15-17) Sɛnea wɔbɔ nneɛma ho dawuru no betumi ama saa akɔnnɔ no mu ayɛ den. Enti anhwɛ a ɛbɛtwetwe obi ama ɔde nnɔnhwerew pii ayɛ adwuma, ɔde ne ho ahyɛ anigyede mu dodo, anaasɛ wasɛe sika pii wɔ anigyede ho. Ɛwom, ebia ɛnyɛ dawurubɔ no nyinaa na wubetumi ayi w’ani deɛ, nanso wubetumi atew so. Afei nso, ɛsɛ sɛ woto wo bo ase hwɛ nneɛma a wuhia ankasa.

Bio nso, mma wo werɛ mfi sɛ wo nnamfonom betumi adaadaa wo. Ebia ahode nko ara na wodi akyi, anaasɛ ahonyade dodow a obi wɔ na wogyina so ka sɛ asi no yiye. Sɛ saa a, ɛnde ne papa mu ne sɛ wobɛhwehwɛ nnamfo a wɔde nneɛma papa sisi wɔn ani so. Bible ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.”—Mmebusɛm 13:20.

3 HU BERE A ƐSƐ SƐ WODE YƐ ADWUMA

Wo ne w’adwumawura nka w’adwuma no ne nneɛma a ɛho hia wo paa ho asɛm. Mma no nhaw wo sɛ wobɛsrɛ kwan wɔ adwumam akɔyɛ nneɛma foforo. Nhoma bi kaa sɛ: “Wɔn a wonim bere a ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma ne bere a ɛsɛ sɛ wonya ma wɔn ho ne wɔn mmusua no ahyɛ no nsow sɛ: Sɛ wunni hɔ a, adwuma no rengu.”—Work to Live.

Yɛadi kan aka Gary ho asɛm. Ná ne sikasɛm ye, enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtew bere a ɔde yɛ adwuma no so. Ɔkaa sɛ: “Me ne m’abusua kasae, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛbɛyɛ yiye a yentwitwa nneɛma so. Enti nkakrankakra yetwitwaa nneɛma so. Afei nso, meka kyerɛɛ m’adwumawura sɛ mepɛ sɛ metew nna a nnawɔtwe biara mede yɛ adwuma no so, na ɔpenee so.”

4 MA BERE A WUBENYA AMA W’ABUSUA HO NHIA WO KƐSE

Ɛsɛ sɛ awarefo nya bere ma wɔn ho, na ehia sɛ awofo nso nya bere ma wɔn mma. Enti mmusua a bere nyinaa wonni adagyew no, mfa wo ho ntoto wɔn ho. Gary kaa sɛ: “Pɛ bere a wode bɛhome, na nneɛma a ɛho nhia nso, mfa nhaw wo ho.”

Sɛ wo ne w’abusua hyia mu a, ɛnsɛ sɛ moma TV, fon, anaa ade foforo biara tetew mo ntam. Anyɛ yiye koraa no, da biara mommom nnidi pɛnkoro, na momfa saa bere no mmɔ mo ho nkɔmmɔ. Sɛ awofo de saa afotu yi yɛ adwuma a, ɛma wɔn mma nya apɔwmuden, wɔn ani gye, na wɔbɔ mmɔden wɔ sukuu.

Bere a abusua no redidi no, ɛsɛ sɛ mode bɔ mo ho nkɔmmɔ

Wohwɛ nea yɛasusuw ho yi a, bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn paa na merepɛ wɔ asetenam? Dɛn na mepɛ sɛ m’abusua nya?’ Sɛ wopɛ sɛ wunya anigye ne akomatɔyam paa wɔ asetenam a, ɛnde fa Bible mu afotusɛm no yɛ adwuma na fa nneɛma a ehia paa di kan wɔ w’asetenam.