Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Yebetumi Ahu Onyankopɔn Ankasa?

So Yebetumi Ahu Onyankopɔn Ankasa?

So Yebetumi Ahu Onyankopɔn Ankasa?

“Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no . . . ho nimdeɛ.”—Yohane 17:3.

ƆSOMAFO Paulo kae sɛ: “O hwɛ sɛnea Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ mu dɔ fa!” Ɔtoaa so sɛ: “Hwɛ sɛnea wontumi mpɛɛpɛɛ n’atemmu mu, na wɔrentumi nhwehwɛ n’akwan mu nwie da!” (Romafo 11:33) So ɛsɛ sɛ yegyina asɛm yi so ka sɛ ɛboro nnipa ntease so sɛ yebehu Onyankopɔn nyansa anya ne ho nimdeɛ, ma enti ɛnyɛ ade a yebetumi ahu ɔno ne n’atirimpɔw?

Nyamesomfo binom gye di sɛ yɛrentumi nhu Nyankopɔn. Nyamesom nhoma bi ka nsusuwii a ɛte saa ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn korɔn sen biribiara a nnipa betumi ahu afa ne ho. . . . Yɛrentumi mfa din biara mma Onyankopɔn, na saa ara na yɛrentumi nkyerɛkyerɛ onii ko a ɔyɛ mu. Edin anaa nkyerɛkyerɛmu biara ntumi mma yenhu ne ho nsɛm nwie. . . . Ɛho nhia sɛ yɛhwehwɛ no efisɛ yɛrentumi nhu no.” *—The Encyclopedia of Religion

Newsweek nsɛmma nhoma ka sɛ, nnipa pii a wɔmpɛ nyamesom no gye “nkyerɛkyerɛ foforo bi” a wɔkyerɛ sɛ “nokware yɛ biako pɛ, na ɛne sɛ, nokware biara nni hɔ” no tom.

Nanso nnipa pii nnyaa nea enti a yɛte ase ho nsɛmmisa ho mmuae. Wohu ɔhaw ahorow a emu yɛ den a ɛrekɔ so te sɛ ohia, yare ne basabasayɛ. Wɔn fam no, ebia wɔbɛhaw kɛse esiane sɛ wonnim nea ɛbɛba ɔkyena nti. Wonyae a anka wɔahu nsɛmmisa no ho mmuae, nanso sɛ wonhu a, ebia wɔbɛka sɛ ɛho mmuae nni hɔ. Enti nnipa pii a wɔte saa no atwe wɔn ho afi nyamesom akuw ho, na sɛ wɔda so ara gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ mpo a, wɔn ankasa rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ahu no.

Nea Bible no Ka

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ Bible no ho adwempa na wɔpɛ sɛ wogye Yesu Kristo tom sɛ Onyankopɔn Kasamafo no ma wɔn ani gye ho sɛ wobehu nea Bible no ka. Ebia wobɛkae sɛ bere bi Yesu kaa akwan abien bi ho asɛm, ‘ɔkwan a ɛsõ na ɛtrɛw a ɛkɔ ɔsɛe mu,’ ne ‘ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu.’ Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea obi betumi ahu wɔn a wɔnam kwan no mu biara so no mu sɛ: “Mode wɔn aba na ebehu wɔn.” Aba bɛn? Ɛnyɛ nea wɔka, na mmom nea wɔyɛ na mode behu wɔn. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no.” Sɛ obi ka sɛ ogye Onyankopɔn di a, ɛno ara nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Ntease wom sɛ yebedi kan ahu nea Onyankopɔn apɛde kyerɛ ho nokware nimdeɛ.—Mateo 7:13-23.

Yesu maa emu daa hɔ pefee sɛ nnipa betumi anya Onyankopɔn ho nimdeɛ. Ɔkae sɛ: “Eyi na ɛkyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3) Ɛda adi sɛ yebetumi anya nyansa ne nimdeɛ a Onyankopɔn da no adi no bi, nanso gye sɛ yɛyere yɛn ho dennennen hwehwɛ. Akyɛde a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔyɛ saa no ne daa nkwa, enti mfaso wɔ so sɛ yɛhwehwɛ.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Hindusom, Taosom, ne Buddhasom a ɛwɔ Asia aman mu no mufo nso kura adwene a ɛte saa ara.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Yesu kae sɛ ɔkwan hihiaa no kɔ nkwa mu