Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wobɛyɛ Dɛn Anya Onyankopɔn Ho Nimdeɛ?

Wobɛyɛ Dɛn Anya Onyankopɔn Ho Nimdeɛ?

Wobɛyɛ Dɛn Anya Onyankopɔn Ho Nimdeɛ?

Ebia ebinom rennye nni sɛ Onyankopɔn ani gye ho sɛ ɔbɛda ne ho adi akyerɛ nnipa. Sɛ n’ani gye ho a, ɔyɛ saa wɔ ɔkwan bɛn so?

AFEHA a ɛto so 16 Protestant Ɔsesɛwfo John Calvin kaa no yiye sɛ, nnipa ntumi mfa wɔn ankasa mmɔdenbɔ so nhu Onyankopɔn, gye sɛ Onyankopɔn ankasa da ne ho adi kyerɛ wɔn. Nanso ebia ebinom rennye nni sɛ Onyankopɔn ani gye ho sɛ ɔbɛda ne ho adi akyerɛ nnipa. Sɛ n’ani gye ho a, ɔyɛ saa wɔ ɔkwan bɛn so?

Yehowa, yɛn ‘Bɔfo Pumpuni’ no, nim nea enti a ɔyɛ biribiara. Bio nso, sɛ́ “Onyankopɔn Tweaduampɔn” no, obetumi ama n’atirimpɔw nyinaa aba mu. (Ɔsɛnkafo 12:1; Exodus 6:3) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ ofi bere tenten na wada n’atirimpɔw adi akyerɛ nnipa, efisɛ ɔmaa ne diyifo Amos kyerɛwee sɛ: “Awurade Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.” Nanso hyɛ no nsow sɛ, Onyankopɔn daa n’atirimpɔw adi kyerɛɛ n’asomfo nkutoo, wɔn a wofi wɔn komam dɔɔ no no. So ntease nnim saa? Hena na woka w’atirimsɛm kyerɛ no? Obiara kɛkɛ, anaa nnipa a wo ne wɔn bɔ paa?—Amos 3:7; Yesaia 40:13, 25, 26.

Onyankopɔn nyansa ne ne ho nimdeɛ ma nnipa ahobrɛasefo nya ne ho suro, na ɛfata saa. Nanso, sɛ yebenya Onyankopɔn nyansa ne ne nimdeɛ so mfaso a, ɛnyɛ osuro kɛkɛ na ɛsɛ sɛ yenya. Bible si so dua sɛ, sɛ yebetumi ahu Onyankopɔn adwene a, gye sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Bible ka sɛ: ‘Fa me mmara nsɛm sie wo nkyɛn. Yɛ asõ tie nyansa. Kom wo koma ma ntease. Su frɛ nhumu, na ma wo nne so frɛ ntease. Hwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ.’—Mmebusɛm 2:1-4.

Ɔhobrɛasefo a ɔbɔ ne ho mmɔden saa no betumi ahu Onyankopɔn ankasa. Mmebusɛm nhoma no toa so sɛ: “[Yehowa, NW] na ɔma nyansa, n’anom na nimdeɛ ne ntease fi ba.” Nokwarem no, wɔn a wofi komam hwehwɛ nokware no betumi ‘ahu trenee ne atemmu ne ade a ɛteɛ ne ɔkwan pa nyinaa mu.’—Mmebusɛm 2:6-9.

Wɔrehwehwɛ Nokware No

Nyamesom nhoma bi ka sɛ: “Ɛho hia sɛ nnipa hu nsonsonoe a ɛwɔ biribi a ɛwɔ tumi ne nea enni tumi, nokware ne atosɛm, nea ɛho tew ne nea ɛho ntew, nea emu da hɔ ne nea emu nna hɔ mu, ne nea mmara pɔtẽẽ biara nni ho.” (The Encyclopedia of Religion) Nnipa fi bere tenten ahwehwɛ nokware no sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nsɛm yi mu nsonsonoe. Eyi ama wɔadan kɔ Yehowa a odwontofo no frɛɛ no “nokware Nyankopɔn” no so ma enti wɔahu.—Dwom 31:5.

Nea edin Yehowa kyerɛ ankasa ne, Nea ɔma ɛyɛ hɔ. (Genesis 2:4) Enti nea Onyankopɔn din kyerɛ ankasa no twe adwene si n’adebɔ ne n’atirimpɔw so. Nokwarem no, Yehowa din a yebehu na yɛde ayɛ adwuma no yɛ biribi a ɛma wohu nokware som. Yesu gyee nokwasɛm yi toom. Bere a Yesu reka n’akyidifo no ho asɛm akyerɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu no, ɔkae sɛ: “Mama wɔahu wo din na mɛma wɔahu, na ɔdɔ a wode dɔɔ me no atra wɔn mu na matra wɔn mu.”—Yohane 17:26.

Esiane sɛ na Hebrini, Yosef a ɔtraa ase tete no yɛ Onyankopɔn adamfo nti, bere a na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ dae ahorow bi ase no, ɔde ahotoso kae sɛ: “Onyankopɔn na nkyerɛase wɔ no.”—Genesis 40:8; 41:15, 16.

Mfe pii akyi no, Babilon hene Nebukadnesar soo dae bi a n’anyansafo no antumi ankyerɛ ase. Odiyifo Daniel ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi, na wakyerɛ Ɔhene Nebukadnesar nea ɛbɛba daakye.”—Daniel 2:28.

Yosef ne Daniel nhwɛso no kyerɛ sɛ wɔn a wɔsom Yehowa Nyankopɔn nkutoo na wonya Onyankopɔn nyansa ne ne nimdeɛ. Nokwarem no, sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom a, gye sɛ ebia yɛsesa yɛn adwene. Ná ɛsɛ sɛ afeha a edi kan no mu Yudafo a wɔbɛyɛɛ Kristofo no yɛ saa. Esiane sɛ wɔde Yudafo mmara na ɛtetee wɔn nti, na wohia bere na ama wɔagye Yesu atom sɛ Mesia. Ɔbɛhyɛɛ Mose Mmara no a na ɛyɛ “nneɛma pa a ɛbɛba no sunsuma” no ma. (Hebrifo 10:1; Mateo 5:17; Luka 24:44, 45) “Kristo mmara” a ɛkorɔn paa no besii Mose Mmara no ananmu.—Galatifo 6:2; Romafo 13:10; Yakobo 2:8.

Wɔawo yɛn nyinaa agu wiase bi a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho mu. Esiane bɔne a yenya fii nnipa baanu a wodi kan no hɔ nti, yɛne Onyankopɔn ntam asɛe ma enti yenni n’atirimpɔw ho nokware nimdeɛ. Yɛn koma nso yɛ okontomponi. (Yeremia 17:9; Efesofo 2:12; 4:18; Kolosefo 1:21) Sɛ yebetumi ne Onyankopɔn afa adamfo a, ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ saa.

Sɛ wɔde atoro som nkyerɛkyerɛ duaa yɛn mu, titiriw fi yɛn mmofraase a, ebetumi ayɛ den sɛ yebegyae akyidi. Nanso, so nyansa wom sɛ yɛbɛkɔ so afa ɔkwammɔne a ɛte saa so? Dabida! Ɛda adi sɛ nyansa wom mmom sɛ obi sesa ne nsusuwii sɛnea ɛbɛyɛ a obenya Onyankopɔn anim dom.

Sɛnea Yebehu Wɔn a Onyankopɔn Nam Wɔn So De Akwankyerɛ Ma

Sɛ yebetumi ate Bible mu nokwasɛm ase na yɛde abɔ yɛn bra a, ɛhe na yebenya mmoa afi? Onyankopɔn maa n’asomfo anokwafo a na ɔwɔ wɔn mu ahotoso no tumi ma wodii tete Israelfo no anim. Saa ara na ɛnnɛ, Kristo a ɔyɛ Kristofo asafo no Ti no kyerɛ wɔn a wofi wɔn komam hwehwɛ nokware no kwan. Ɔnam n’akyidifo anokwafo a ɔwɔ wɔn mu ahotoso, a wɔn na wodi anim de akwankyerɛ ne ahobammɔ ma wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no so na ɔyɛ saa. (Mateo 24:45-47; Kolosefo 1:18) Nanso ɛbɛyɛ dɛn na obi ahu wɔn a Onyankopɔn nam wɔn so de akwankyerɛ ma no?

Yesu Kristo akyidifo anokwafo yere wɔn ho sɛ wɔbɛda su koro a Yesu daa no adi no bi adi. Sɛnea akyidifo yi da su pa adi wɔ wiase a bɔne redɔɔso wom no mu ma wɔda nsow, ma enti ɛnyɛ den sɛ wubehu wɔn. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 6 no.) So nnipa a wɔwɔ wo som mu anaa ɔsom a w’afipamfo wom no mufo da saa su yi bi adi? Mfaso wɔ so sɛ wubegyina Bible no so ayɛ asɛm yi mu nhwehwɛmu.

Yɛhyɛ wo a worekenkan asɛm yi no nkuran sɛ fa Bible adesua so yɛ saa nhwehwɛmu yi. Afe a etwaam no, nnipa bɛboro 6,000,000 a wɔwɔ aman 235 so nyaa hokwan ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Onyankopɔn nyansa ne ne ho nimdeɛ a obi benya no to ntwa da, ɛma abotɔyam, na mfaso wɔ so. Dɛn nti na wonhwehwɛ Onyankopɔn nyansa ne ne ho nimdeɛ? Sɛ wufi ase a, worennu wo ho da. Nokwarem no, yebetumi ahu Onyankopɔn ankasa!

[Adaka wɔ kratafa 6]

WƆN A WƆYƐ NEA ONYANKOPƆN PƐ NO . . . 

mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu.—Yesaia 2:4.

yɛ Onyankopɔn apɛde de sow aba pa.—Mateo 7:13-23.

fi komam da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho.—Yohane 13:35; 1 Yohane 4:20.

de nokoro kasa wɔ baabiara.—Mika 2:12.

nsuasua wiase no su ne wɔn abrabɔ bɔne no.—Yohane 17:16.

di nokware no ho adanse na wɔyɛ asuafo.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

hyiam daa hyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.—Hebrifo 10:25.

yi Onyankopɔn ayɛ wɔ wiase nyinaa.—Adiyisɛm 7:9, 10.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ankorankoro, mmusua, ne asafo no sua Onyankopɔn ho ade