Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aware A Nidi Wom Wɔ Onyankopɔn Ne Nnipa Anim

Aware A Nidi Wom Wɔ Onyankopɔn Ne Nnipa Anim

Aware A Nidi Wom Wɔ Onyankopɔn Ne Nnipa Anim

“Wohyiaa ayeforo bi wɔ Kana . . . Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafo nso baa ayeforohyia no ase.”—YOHANE 2:1, 2.

1. Nea Yesu yɛe wɔ Kana no twe adwene si dɛn so?

NÁ Yesu, ne maame, ne n’asuafo binom nim sɛnea aware a nidi wom tumi ma Onyankopɔn nkurɔfo ani gye. Yesu Kristo maa ayeforohyia bi ase yɛɛ dɛ bere a ɔyɛɛ n’anwonwade a edi kan maa ɛhɔ yɛɛ anigye no. (Yohane 2:1-11) Ebia woakɔ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔde anigye som Yehowa ayeforohyia ase pɛn ma w’ani agye. Anaa ebia wo nso wohwɛ kwan sɛ wobɛyɛ ayeforo a ɛte saa anaasɛ wobɛboa w’adamfo bi ma n’ayeforohyia ase ayɛ dɛ. Dɛn na ebetumi aboa ma ayeforo no ase ayɛ anigye?

2. Dɛn na Bible ka fa ayeforohyia ho?

2 Kristofo ahu sɛ afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu tumi boa ɔbarima ne ɔbea a wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware no paa. (2 Timoteo 3:16, 17) Nokwarem no, Bible nkyerɛ ɔkwan pɔtẽẽ a ɛsɛ sɛ Kristofo fa so hyia ayeforo. Ntease wom, efisɛ ɛsono baabiara amanne ne ɛhɔ mmara, na bere rekɔ so no, etumi sesa mpo. Sɛ nhwɛso no, wɔ tete Israel no, na wɔnhyɛ da nhyia ayeforo. Sɛ aware no du so a, na ayeforokunu no de ayeforo no kɔ ne fie anaa ne papa fie. (Genesis 24:67; Yesaia 61:10; Mateo 1:24) Ade a wɔyɛ ma obiara hu yi na na wɔfrɛ no ayeforohyia no. Na ɛnyɛ guasodeyɛ hoo te sɛ nnɛyi ayeforohyia.

3. Adeyɛ bɛn na Yesu boae wɔ Kana?

3 Ná Israelfo bu saa adeyɛ no sɛ aware anaa ayeforohyia. Ɛno akyi no, na wotumi to pon. Yohane 2:1 ka sɛ: “Wohyiaa ayeforo bi wɔ Kana.” Nanso wobetumi akyerɛ mfitiase kasa a wɔde dii dwuma no ase sɛ, “ayeforohyia apontow.” * Kyerɛwtohɔ no ma emu da hɔ sɛ na Yesu wɔ Yudafo ayeforohyia apontow bi ase, na ɔboa ma ɛhɔ yɛɛ anigye. Nanso, ade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, nsonsonoe wɔ sɛnea na wɔyɛ ayeforo saa bere no ne sɛnea wɔyɛ no nnɛ no mu.

4. Ayeforohyia bɛn na Kristofo binom paw, na dɛn ntia?

4 Wɔ aman pii so nnɛ no, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔware no di ɔman no mmara ahorow bi so. Sɛ wɔyɛ nea mmara hwehwɛ sɛ wɔyɛ a, wobetumi aware wɔ mmara kwan biara a ɛfata so. Wobetumi ayɛ saa wɔ ɔtemmufo, aban nanmusifo, anaa ɔsom bi muni a Ɔman no ma no tumi anim. Ebinom paw sɛ wɔbɛware wɔ saa kwan no so, na ebia wɔfrɛ wɔn abusuafo anaa wɔn nnamfonom Kristofo kakra ma wɔbɛyɛ adansefo anaa wɔne wɔn bom gye wɔn ani wɔ adeyɛ titiriw yi ase. (Yeremia 33:11; Yohane 3:29) Saa ara na ebia Kristofo afoforo bɛpaw sɛ wɔ wɔn ayeforohyia akyi no, wɔrentow pon kɛse a ebegye wɔn bere pii anaa ɛbɛma wɔabɔ ka kɛse. Mmom no, wɔbɛpɛ sɛ wɔto pon ketewaa bi na wɔfrɛ wɔn nnamfonom kakraa bi. Ɛmfa ho sɛnea yɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn de biara no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛsono adwene a Kristofo afoforo a wɔn ho akokwaw nso wɔ.—Romafo 14:3, 4.

5. Dɛn nti na Kristofo pii pɛ sɛ wɔma ayeforohyia ho ɔkasa wɔ wɔn aware ase, na egyina dɛn so?

5 Kristofo dodow no ara paw sɛ wɔbɛma obi ama ɔkasa a egyina Bible so wɔ wɔn ayeforohyia ase. * Wogye tom sɛ Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware, na ɔma yɛn afotu a nyansa wom wɔ n’Asɛm mu a ebetumi ama yɛn aware asɔ na yɛanya anigye. (Genesis 2:22-24; Marko 10:6-9; Efesofo 5:22-33) Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no mu dodow no ara pɛ sɛ wɔn nnamfonom a wɔyɛ Kristofo ne abusuafo bɛka wɔn ho ma wogye wɔn ani. Nanso, ɛsɛ sɛ yebu mmara horow, ɔkwan a wɔfa so hyia ayeforo ne ɛho amanne a ɛwɔ ɔman biara mu no dɛn? Yebesusuw sɛnea wohyia ayeforo wɔ aman horow so ho wɔ asɛm yi mu. Ebia nea yɛrebɛka ho asɛm yi bi yɛ soronko wɔ nea wunim anaa ɔkwan a wɔfa so hyia ayeforo wɔ wo kurom no ho koraa. Nanso, wubetumi ahyɛ nnyinasosɛm bi a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ma wɔn ani kũ ho no nsow.

Aware a Nidi Wom ne Mmara Hyia

6, 7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma aban mmara a ɛfa aware ho no ho hia yɛn, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi?

6 Ɛwom sɛ Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware de, nanso nnipa nniso ahorow wɔ tumi bi wɔ nea wɔn a wɔreware no bɛyɛ so. Eyi fata. Yesu kae sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.” (Marko 12:17) Ɔsomafo Paulo nso kyerɛe sɛ: “Momma ɔkra biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase, na tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Nyankopɔn; atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no, Onyankopɔn na ɔde wɔn asisi wɔn sibea.”—Romafo 13:1; Tito 3:1.

7 Wɔ aman dodow no ara so no, Kaesare anaa ɔman no mu atumfoɔ na wɔkyerɛ nea mmara ma no kwan sɛ ɔware. Enti, sɛ Kristofo baanu a Kyerɛwnsɛm ma wɔn kwan sɛ wɔware pɛ sɛ wɔyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wodi aban no mmara so. Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ wokogye aware tumi krataa fi aban nanmusifo a ogye aware hɔ, na ebia wɔde wɔn aware no kɔhyɛ aban nkrataa mu. Bere a Kaesare Augusto hyɛe sɛ ɔmanfo ‘nkɔkyerɛw’ wɔn din no, Maria ne Yosef dii so kɔɔ Betlehem “kɔkyerɛw wɔn din.”—Luka 2:1-5.

8. Dɛn na ɛma aware di mu, na dɛn na Yehowa Adansefo yɛ de kyerɛ saa?

8 Sɛ Kristofo baanu ware wɔ mmara kwan so na wogye tom a, saa aware no di mu wɔ Onyankopɔn anim. Enti, Yehowa Adansefo nsan mfa mmara kwan foforo so nware, anaa wɔnsan nka aware ntam foforo, te sɛ bere a awarefo bi rehyɛ wɔn aware a adi mfe 25 anaa 50 ho fã no. (Mateo 5:37) (Asɔre ahorow bi mmu aban mmara mu aware, na wɔka sɛ sɛ ɔsɔfo anhyira wɔn a wɔreware no so a, aware no nni mu.) Wɔ aman pii so no, aban no de tumi ma Yehowa Adansefo somfo ma ohyira aware so. Sɛ saa na ɛte a, ebia ɔsomfo no bɛpɛ sɛ ɔma aware ho ɔkasa ka ho wɔ Ahenni Asa so. Eyi yɛ beae a wɔsom Nyankopɔn wɔ nokware mu, na ɛyɛ beae a ɛfata sɛ wɔma aware a Yehowa Nyankopɔn hyehyɛe no ho ɔkasa.

9. (a) Sɛ Kristofo baanu pɛ sɛ wɔware wɔ aban mmara mu a, dɛn na wobetumi ayɛ? (b) Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ wɔ ayeforohyia no nhyehyɛe ho?

9 Wɔ aman foforo so no, mmara hwehwɛ sɛ nnipa baanu a wɔreware no ware wɔ aban asoɛe a wogye aware anaa wɔ aban nanmusifo bi anim. Sɛ Kristofo ware wɔ mmara kwan so wie a, wɔtaa ma aware ho ɔkasa wɔ Ahenni Asa so saa da no ara anaa n’adekyee. (Sɛ wɔware wɔ mmara kwan so wie a, ɛnsɛ sɛ wɔma nna pii twam ansa na wɔama ɔkasa a egyina Bible so, efisɛ wɔayɛ awarefo wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim, a Kristofo asafo no nso ka ho.) Sɛ nnipa baanu a wɔbɛware wɔ aban mmara mu no pɛ sɛ wɔma ɔkasa wɔ Ahenni Asa bi so a, ɛsɛ sɛ wodi kan gye hokwan no fi Asafo Ɔsom Boayikuw no hɔ. Sɛ mpanyimfo yi gye tom sɛ wɔn a wɔrebɛware no fata a, ɛsɛ sɛ wɔsan hwɛ sɛ bere a wɔde bɛyɛ ayeforo no ne bere a wɔde yɛ asafo nhyiam ne dwumadi afoforo wɔ asa no so no nhyia. (1 Korintofo 14:33, 40) Sɛ wɔn a wɔrebɛware no bisa biribi fa Ahenni Asa no asiesie ho a, wɔne wɔn besusuw ho na wɔasi gyinae sɛ ebia wɔde ho amanneɛbɔ bɛto gua anaa.

10. Sɛ obi bɛware wɔ aban mmara mu a, ɛsɛ sɛ wɔma aware ho ɔkasa no wɔ ɔkwan bɛn so?

10 Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin a ɔbɛma aware ho ɔkasa no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ayɛ anigye, ahyɛ den wɔ honhom mu, na ayɛ nea nidi wom. Sɛ nnipa baanu yi aware wɔ aban mmara mu dedaw a, nea ɔrema ɔkasa no bɛma emu ada hɔ pefee sɛ wɔaware wɔ aban mmara mu dedaw. Sɛ nnipa baanu no anka aware ntam bere a wɔreware wɔ aban mmara mu no a, wobetumi ayɛ saa bere a wɔrema ɔkasa no. * Sɛ awarefo foforo yi kaa aware ntam no nanso wɔpɛ sɛ wotĩ mu wɔ Yehowa ne asafo no anim a, wɔbɛka ntam no wɔ twam kabea mu de akyerɛ sɛ ‘wɔaka wɔn abom’ dedaw.—Mateo 19:6; 22:21.

11. Wɔ mmeae bi no, ɔkwan bɛn na wɔfa so ware, na ɛka aware ho ɔkasa no dɛn?

11 Wɔ mmeae bi no, ebia na mmara biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔware wɔ aban nanmusifo bi anim mpo. Sɛ wɔde wɔn nsa hyɛ aware ho nkrataa ase de kɔkyerɛ aban nanmusifo a, na ɛkyerɛ sɛ wɔaware ara ne sa. Ɛno akyi no, wotumi de hyɛ aban nkrataa mu. Sɛ wowie a, wobu nnipa baanu yi sɛ okunu ne ɔyere, na wɔfa saa da no sɛ da a wɔde waree. Sɛnea yɛaka ho asɛm dedaw no, sɛ nnipa baanu a seesei wɔaware yi de wɔn aware hyɛ aban nkrataa mu wie ara pɛ a, wobetumi ama ho ɔkasa a egyina Bible so wɔ Ahenni Asa so. Asafo mu panyin a ne ho akokwaw a wapaw no sɛ ɔmma ɔkasa no bɛma atiefo no ate ase sɛ esiane sɛ nnipa baanu yi de wɔn aware ahyɛ aban nkrataa mu nti, wɔaware dedaw. Sɛ wɔbɛka ntam biara a, wobetumi adi nea ɛwɔ nkyekyɛm 10 ne ase hɔ asɛm a ɛka ho no akyi. Wɔn a wɔahyiam wɔ Ahenni Asa so no ne awarefo no ani begye na wobenya afotu a efi Onyankopɔn Asɛm mu no so mfaso.—Nnwom mu Dwom 3:11.

Amanne Kwan so Aware ne Aban Mmara mu Aware

12. Dɛn ne amanne kwan so aware, na sɛ obi fa saa kwan yi so ware wie a, dɛn na ɛfata sɛ ɔyɛ?

12 Wɔ aman bi so no, nnipa baanu betumi aware wɔ amanne kwan so. Eyi nkyerɛ nnipa baanu a wobom tra sɛ okunu ne ɔyere ara kwa, a ebia afoforo gye tom wɔ baabi nanso ennii mu wɔ mmara mu nwiei koraa no. * Amanne kwan so aware a yɛreka ho asɛm yi yɛ ɔkwan a kurow bi mufo anaa abusua bi mufo fa so ware. Ebia eyi bɛhwehwɛ sɛ wotua ti ade nyinaa, na sɛ wɔyɛ saa wie a, wobu nnipa baanu no sɛ wɔaware wɔ mmara kwan so na ɛne Kyerɛwnsɛm no nso hyia. Aban bu amanne kwan so aware a ɛte saa no sɛ ɛne mmara hyia na edi mu. Ɛno akyi no, wobetumi de amanne kwan so aware a wɔyɛe no akɔhyɛ aban nkrataa mu, na sɛ awarefo no yɛ saa wie a, wɔbɛma wɔn aware ho adansedi krataa. Aware a wɔde hyɛ aban nkrataa mu no betumi abɔ awarefo no ho ban, anaasɛ sɛ daakye ɔbea no kunu wu a, ebetumi abɔ ɔne ne mma nso ho ban. Asafo no bɛhyɛ wɔn a wɔware wɔ amanne kwan so yi nkuran sɛ wɔmfa wɔn aware no nkɔhyɛ aban nkrataa mu ntɛmpa ara. Wɔ Mose Mmara ase mpo no, ɛte sɛ nea na wɔyɛ aware ne abawo ho kyerɛwtohɔ.—Mateo 1:1-16.

13. Sɛ wɔyɛ amanne kwan so aware wie a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ aware ho ɔkasa no ho?

13 Nnipa baanu a wɔware amanne kwan so yi bɛyɛ okunu ne ɔyere. Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, ebia Kristofo a wɔreware saa kwan yi so no bɛpɛ sɛ obi ma aware ho ɔkasa, na wɔka aware ho ntam wɔ Ahenni Asa so. Sɛ wɔyɛ saa wie a, ɔkasafo no bɛma wɔahu sɛ nnipa baanu no aware dedaw wɔ aban mmara mu. Wɔbɛma ɔkasa a ɛte saa no pɛnkoro pɛ. Eyi kyerɛ sɛ wɔware pɛnkoro pɛ a ɛno ne amanne kwan so aware a wogye tom wɔ mmara mu, na wɔma ɛho ɔkasa a egyina Kyerɛwnsɛm so pɛnkoro. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔma aware ho ɔkasa no da a wobegye aware no. Eyi ma Kristofo aware ho ba nyam wɔ mpɔtam hɔ.

14. Sɛ wogye aban mmara mu aware ne amanne kwan so aware nyinaa tom wɔ ɔman bi mu a, dɛn na Kristoni betumi ayɛ?

14 Wɔ aman a wogye amanne kwan so aware tom wɔ mmara mu no, wɔsan wɔ nhyehyɛe a wɔde gye aban mmara mu aware nso. Aban nanmusifo na ɔtaa gye saa aware yi, na ebi wɔ hɔ a wɔka aware ntam san de hyɛ aban nkrataa mu. Kristofo binom pɛ aban mmara mu aware yi sen amanne kwan so de no. Nanso ɛho nhia sɛ wɔyɛ abien no nyinaa; emu biara di mu wɔ mmara mu. Wɔ aban mmara mu aware mu nso, ɛsɛ sɛ wodi nea yɛaka ho asɛm wɔ nkyekyɛm 9 ne 10 a ɛfa ayeforohyia kasa ne ntanka ho no so. Nea ehia wom ne sɛ, nnipa baanu a wɔaware saa kwan yi so no aware di mu wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim. (Luka 20:25; 1 Petro 2:13, 14) Sɛ Kristofo baanu di kan ware wɔ amanne kwan so, na ɛno akyi no wɔpaw sɛ wɔbɛware wɔ aban mmara mu wɔ aban nanmusifo a ogye aware dwumadibea (a ɛnyɛ Ahenni Asa so) a, ɛyɛ wɔn ankasa asɛm. Ɛnyɛ ayeforo a wɔbɛsan ayɛ wɔ aban mmara mu no na ɛbɛma aware no adi mu. Ɛho renhia sɛ wɔma aware ho ɔkasa anaa wɔto ho pon.

Di Aware Ni

15, 16. Dɛn na ɛbɛboa ma nidi aba aware mu?

15 Bere a ɔhaw bi sɔree wɔ Persia hene bi aware mu no, ne fotufo panyin a wɔfrɛ no Memukan de afotu pa mae sɛ ‘ɔyerenom nyinaa ani nsosɔ wɔn kununom.’ (Ester 1:20) Ɛho nhia sɛ ɔhene bi hyɛ mmara a ɛte saa ma Kristofo awarefo; ɛsɛ sɛ ɔyerenom di wɔn kununom ni. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ okununom a wɔyɛ Kristofo di wɔn yerenom ni na woyi wɔn ayɛ. (Mmebusɛm 31:11, 30; 1 Petro 3:7) Ɛnsɛ sɛ yɛtwɛn mfe bebree ansa na yɛadi yɛn aware ni. Ɛsɛ sɛ yedi yɛn aware ni fi yɛn ayeforohyia da no so pɛɛ.

16 Ɛnyɛ okunu ne ɔyere no nkutoo na ɛsɛ sɛ wodi wɔn ho wɔn ho ni wɔ ayeforohyia da no. Sɛ wɔbɛma Kristofo asafo mu panyin bi ama ayeforohyia ho ɔkasa a, ɛsɛ sɛ ɔma ɔkasa no nso wɔ nidi mu. Ɛsɛ sɛ ɔkasa kyerɛ wɔn a wɔreware no. Esiane sɛ ɛsɛ sɛ ɔkasafo no ma kasa no wɔ nidi mu nti, ɛnsɛ sɛ oyi aseresɛm anaa ɔto anansesɛm. Ɛnsɛ sɛ ɔka nsɛm a ɛbɛhyɛ wɔn a wɔreware no ne atiefo no aniwu. Mmom no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ɔkasa no ayɛ anigye na ahyɛ nkuran. Ɛsɛ sɛ ɔtwe adwene si Onii a ɔhyehyɛɛ aware no ne n’afotu pa so. Nokwarem no, ayeforohyia kasa a asafo mu panyin no bɛma no nidi mu no bɛboa ma aware no ahyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam.

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi mmara so wɔ Kristofo aware mu?

17 Ɛda adi sɛ woahyɛ aware ho mmara ho nsɛm pii nsow wɔ adesua yi mu. Emu bi wɔ hɔ a, ebia na ɛmfa sɛnea moyɛ no wɔ mo hɔnom no ho. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu sɛ, sɛ Yehowa Adansefo reyɛ ayeforohyia ho nhyehyɛe a, ɛho hia sɛ wɔkyerɛ obu ma wɔn man mu mmara de di Kaesare mmara so. (Luka 20:25) Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ: “Momfa nea ɛsɛ obiara mma no, ɛtow mma nea tow sɛ no; amanne mma nea amanne sɛ no; . . . nidi mma nea nidi a ɛte saa sɛ no.” (Romafo 13:7) Nokwarem no, ɛfata sɛ Kristofo di nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ nnɛ no ni fi ayeforohyia da no so pɛɛ.

18. Dɛn na sɛ obi pɛ a ɔbɛyɛ aka ayeforohyia ho a ɛsɛ sɛ yesusuw ho, na ɛhe na yebenya asɛm yi ho mmuae?

18 Kristofo pii to pon wɔ wɔn ayeforohyia akyi. Kae sɛ Yesu kɔɔ apontow a ɛte saa mu biako ase. Sɛ yɛbɛto pon a ɛte saa a, Bible mu afotu bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahwɛ sɛ ɛno nso bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na ama nkurɔfo aka wɔn a wɔaware foforo yi ne Kristofo asafo no ho asɛm pa? Adesua a edi hɔ no bɛka eyi ho asɛm. *

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Ɛbɛyɛ sɛ na wotumi de Hela asɛmfua koro no ara di dwuma ma apontow a ɛmfa aware ho.—Ester 9:22, Septuagint.

^ nky. 5 Yehowa Adansefo de simma 30 ma aware ho ɔkasa a asɛmti no ne “Aware a Nidi Wom wɔ Onyankopɔn Anim.” Woyi ɔkasa yi mu nsɛm a egyina Kyerɛwnsɛm so no fi Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no ne nhoma afoforo a Yehowa Adansefo ayɛ mu. Ɔkasa yi boa nnipa baanu a wɔreware no ne wɔn a wɔba ayeforo no nyinaa.

^ nky. 10 Sɛ mo man mu mmara ma kwan ma moka ntam foforo biara a, mubetumi aka ntam a edi so a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam yi. Nea ayeforokunu no bɛka ni: “Me [ayeforokunu din] fa wo [ayeforo no din] sɛ m’ayeforohyia yere a mɛdɔ wo, na mahwɛ wo sɛnea Onyankopɔn mmara a wɔada no adi wɔ Kyerɛw Kronkron no mu ma Kristofo kununom kyerɛ no, bere tenten a yɛn baanu bɛbom atra ase wɔ asase so sɛnea Onyankopɔn aware ho nhyehyɛe te no.” Nea ayeforo no bɛka ni: “Me [ayeforo no din] fa wo [ayeforokunu no din] sɛ m’ayeforohyia kunu a mɛdɔ wo, mahwɛ wo na mabu wo kɛse sɛnea Onyankopɔn mmara a wɔada no adi wɔ Kyerɛw Kronkron no mu ma Kristofo ɔyerenom kyerɛ no, bere tenten a yɛn baanu bɛbom atra ase wɔ asase so sɛnea Onyankopɔn aware ho nhyehyɛe te no.”

^ nky. 12 May 1, 1962, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no kratafa 287 no ka ɔbarima ne ɔbea a wɔbom tra sɛ awarefo ara kwa no ho asɛm.

^ nky. 18 Hwɛ asɛm “Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra Nyam” a ɛwɔ kratafa 28 no.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma aban mmara ne ɔsom mu mmara a ɛfa aware ho no ho hia yɛn?

• Sɛ Kristofo baanu ware wɔ aban mmara mu wie a, dɛn na wobetumi ayɛ wɔ ɛno akyi pɛɛ?

• Dɛn nti na wɔma aware ho ɔkasa wɔ Ahenni Asa so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wɔ tete Israelfo aware mu no, na ayeforokunu no de ayeforo no kɔ ne fie anaa ne papa fie

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Sɛ Kristofo ware wɔ amanne kwan so wie a, wobetumi ama ɔkasa wɔ Ahenni Asa so