Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun a Yɛne Wɔn Bɛbɔ Nkɔmmɔ

Mmabun a Yɛne Wɔn Bɛbɔ Nkɔmmɔ

Nea Ɛma Abusua Nya Anigye

Mmabun a Yɛne Wɔn Bɛbɔ Nkɔmmɔ

“Ná ɛnyɛ den koraa sɛ me ne me babarima bɛbɔ nkɔmmɔ. Nanso, seesei a wadi mfe 16 no, ɛyɛ den ma me ne me kunu sɛ yebehu nea ɛwɔ ne tirim. Ne nkutoo taa hyɛ ne dan mu, na ɔne yɛn nkasa!”—MIRIAM, MEXICO.

“Bere bi a atwam no, sɛ mekasa a, na ɛnyɛ den koraa sɛ me mma betie. Nea mɛka biara na wɔyɛ! Ɛnnɛ a wɔayɛ mmabun no, wosusuw sɛ me bere atwam.”—SCOTT, AUSTRALIA.

SƐ WORETETE ɔbabun a, ɛda adi sɛ wo ne awofo a wɔn asɛm wɔ atifi hɔ no bɛyɛ adwene. Bere bi a atwam no, na wo ne wo mma nyinaa tumi bom bɔ nkɔmmɔ. Nanso ɛnnɛ, ɛte sɛ nea mo nkɔmmɔ asa. Angela, ɛna bi a ɔwɔ Italy ka sɛ: “Bere a na me babarima yɛ abofra no, na ɔtaa bisa me nsɛm pii. Nanso ɛnnɛ, me na ɛsɛ sɛ mifi nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ mamfi ase a, yɛbɛtra ase nna pii a obiara nkasa ne yɔnko ho.”

Te sɛ Angela a yɛaka ne ho asɛm no, ebia woahyɛ no nsow sɛ, wo ba a bere bi na ɔpɛ kasa no anyin abɛyɛ anuonyampɛ. Ebia wobɛbɔ mmɔden sɛ wo ne no bɛbɔ nkɔmmɔ, nanso obeyiyi wo nsɛm ano gyen gyen. Wubetumi abisa wo babarima no sɛ: “Ɛnnɛ nneɛma kɔɔ dɛn?” Na wayi ano sɛ “Eye.” Ebia wubebisa wo babea sɛ: “Ɛnnɛ dɛn na ɛkɔɔ so wɔ sukuu mu?” Na wabua sɛ, “Hwee ansi.” Sɛ wopɛ sɛ wohyɛ nkɔmmɔbɔ ho nkuran ma enti woka sɛ “dɛn nti na wuyi m’ano gyen gyen saa?” a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa.

Nokwarem no, mmabun bi wɔ hɔ a wɔpɛ kasa, nanso wɔntaa nka nsɛm a wɔn awofo pɛ. Edna, ɛna bi a ɔwɔ Nigeria ka sɛ: “Sɛ mema me babea adwuma sɛ ɔnyɛ mma me a, ɔtaa ka kyerɛ me sɛ ‘nhaw me.’” Saa ara na Ramón a ɔwɔ Mexico no ka ne babarima a wadi mfe 16 no ho asɛm. Ɔka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ daa yegye yɛn ho akyinnye. Bere biara a mɛka sɛ ɔnyɛ ade mma me no, ɔka asɛm bi de yi ne ho ano.”

Ɔbabun a ɔyɛ anuonyampɛ a ɔwofo bɔ mmɔden sɛ ɔne no bɛbɔ nkɔmmɔ no betumi asɔ ɔwofo no boasetɔ ahwɛ. Bible ka sɛ, “Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa.” (Mmebusɛm 15:22) Anna a ɔyɛ ɔwofo a onni hokafo a ɔwɔ Russia no gye tom sɛ: “Sɛ minhu nea ɛwɔ me ba tirim a, ɛhyɛ me abufuw ara ma mete nka sɛ menteɛteɛm.” Dɛn nti na sɛ edu bere a ehia sɛ awofo ne mmofra bɔ nkɔmmɔ a, na ayɛ te sɛ nea wɔn nkɔmmɔ asa no?

Hu Nneɛma a Esiw Nkɔmmɔbɔ Kwan

Ɛnyɛ nea nkɔmmɔbɔ hwehwɛ ara ne sɛ wobɛkasa. Yesu kae sɛ, ‘nea ayɛ koma mã aboro so no na ano ka.’ (Luka 6:45) Enti yɛnam nkɔmmɔbɔ pa so sua biribi fi afoforo hɔ, na ɛma wɔn nso hu sɛnea yɛte. Nanso, ɛyɛ den ma mmabun sɛ wɔbɛma afoforo ahu sɛnea wɔte, efisɛ, sɛ wodu wɔn mpanyin afe so a, wobɛhwɛ no na abofra a anka ɔmfɛre ade no mpo nka ne ho nkɔ nnipa mu. Animdefo ka sɛ, mmabun taa te nka sɛ, ɛte sɛ nea wogyina prama kɛse bi so a obiara ani tua wɔn. Sɛ́ anka wɔbɛyɛ ade wɔ nnipa mu no, mmofra a wɔfɛre ade yi bɛpɛ mmom sɛ wɔtew wɔn ho, na eyi ma ɛyɛ den ma wɔn awofo sɛ wobehu nea ɛrekɔ so wɔ wɔn abrabɔ mu.

Ade foforo a ebetumi asiw nkɔmmɔbɔ kwan ne ahofadi a mmabun pɛ no. Ɛnyɛ biribi a wubetumi ayɛ ho hwee—wo ba no renyin, na nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔtew ne ho fi abusua no ho. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ bere adu sɛ wo ba no fi wo nkyɛn. Afei paa na ohia wo mmoa wɔ nneɛma pii mu. Nanso abofra renyin a, ɔntew ne ho prɛko pɛ. Nea ɛkyerɛ sɛ abofra bi adu ne mpanyin afe so no, wɔn nkutoo taa susuw nneɛma ho ansa na wɔaka ho asɛm akyerɛ afoforo.

Nokwarem no, ebia mmabun remfa nsɛm nsie wɔn atipɛnfo—saa na Jessica, ɛna bi a ɔwɔ Mexico hyɛɛ no nsow. Ɔka sɛ, “Bere a na me babea yɛ abofra no, sɛ biribi haw no a, na ɔka kyerɛ me bere nyinaa. Seesei ne nnamfo na ɔka kyerɛ wɔn.” Sɛ saa na wo ba a wasi so te a, nnya adwene sɛ wayi wo ama. Mmom no, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ awofo tu wɔn mma fo na wɔantie a, ɛno nkyerɛ sɛ wotie wɔn nnamfonom afotu sen wɔn awofo. Nanso, wobɛyɛ dɛn atumi ne wo mma akɔ so abɔ nkɔmmɔ?

Nea Ɛboa ma Wodi Akwanside Ahorow So

Fa no sɛ wode kar nam kwantempɔn bi a ɛda mu tẽẽ so. Woatwa akwansin pii a wunkyinkyim kar no sitia ahe biara. Afei prɛko pɛ wudu baabi a ɔkwan no dan fa baabi foforo. Nea ɛbɛyɛ na kar no ntew mfa so no, ɛsɛ sɛ wosesa sɛnea wukyim sitia no. Saa ara na ɛte bere a wo ba asi so no. Ebia woatumi ne no abɔ nkɔmmɔ mfe pii. Nanso seesei de, wo ba no abrabɔ asesa koraa, ma enti ɛsɛ sɛ wosesa ɔkwan a na wofa so ne no bɔ nkɔmmɔ no. Bisa wo ho nsɛm a edidi so yi.

‘Sɛ me ba nya ɔpɛ sɛ ɔbɛkasa a, so mayɛ krado sɛ metie no?’ Bible ka sɛ: “Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.” (Mmebusɛm 25:11) Sɛnea kyerɛwsɛm yi ma yehu no, mpɛn pii no bere ho hia. Sɛ mfatoho no: Okuafo ntumi nsesa bere a ɛsɛ sɛ otwa ne nnɔbae. Sɛ otwabere du a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara. Ebia wo ba a wasi so no wɔ bere pɔtẽẽ bi a ɔpɛ sɛ ɔkasa. Nsɛe hokwan no. Frances, ɛna bi a onni ɔhokafo a ɔwɔ Australia ka sɛ: “Mpɛn pii no, me babea ba me dan mu anadwo, na ɛtɔ mmere bi a otumi di dɔnhwerew biako. Meda ntɛm, enti na ɛyɛ den ma me, nanso wɔ saa mmere no mu no, yetumi bɔ nneɛma pii ho nkɔmmɔ.”

SƆ EYI HWƐ: Sɛ ɛte sɛ nea wo ba a wasi so mpɛ sɛ ɔbɛkasa a, monyɛ nneɛma afoforo mmom—muntu mpase, momfa kar mpue, munni agoru, anaa mo mmom nyɛ ade wɔ fie. Mpɛn pii no, tebea a ɛte saa boa mmabun ma wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛkasa.

‘So ɛyɛ a mihu nea ɔrepɛ akyerɛ ankasa?’ Hiob 12:11 ka sɛ: “So ɛnyɛ asõ na ɛsɔ nsɛm hwɛ, na dodom nso ka aduan hwɛ?” Saa bere yi paa na ehia sɛ woka wo ba ‘nsɛm hwɛ.’ Mmabun taa ka nsɛm penpen. Sɛ nhwɛso no, ebia wo ba bɛka sɛ, “Bere biara woyɛ me sɛ abofra!” anaa “Wuntiee me da.” Sɛ anka wode w’adwene besi nsɛm bi te sɛ “bere biara” ne “da” so no, hu sɛ ɛnyɛ saa ankasa na wo ba no repɛ akyerɛ. Sɛ nhwɛso no, “Bere biara woyɛ me sɛ abofra,” betumi akyerɛ, “Mete nka sɛ wunni me mu ahotoso,” ɛnna “Wuntiee me da,” nso betumi akyerɛ, “Mepɛ sɛ meka sɛnea mete nka ankasa kyerɛ wo.” Bɔ mmɔden hu nea ɔrepɛ akyerɛ ankasa.

SƆ EYI HWƐ: Sɛ wo ba a wasi so ka asɛm a emu yɛ duru saa a, ka asɛm bi te sɛ eyi kyerɛ no: “Mitumi hu sɛ biribi haw wo, na mepɛ sɛ mitie nea wopɛ sɛ woka. Ka nea enti a wote nka sɛ meyɛ wo sɛ abofra no kyerɛ me.” Afei tie no a wuntwa n’ano.

‘So menam hyɛ a mehyɛ me ba a wasi so sɛ ɔnkasa no so resiw nkitahodi kwan a minnim?’Bible ka sɛ: “Wodua trenee aba wɔ asomdwoe mu ma wɔn a wɔpɛ asomdwoe.” (Yakobo 3:18) Nsɛm a woka ne wo nneyɛe betumi ama “asomdwoe” aba mo ntam na ɛbɛma wo ba a wasi so no anya ɔpɛ sɛ ɔbɛkasa. Kae sɛ woyɛ wo ba no boafo. Enti sɛ wo ne no rekasa a, nyɛ wo ho sɛ mmaranimfo a ɔreka asɛm abua obi fɔ wɔ asɛnnibea. Ahn, agya bi a ɔwɔ Korea ka sɛ: “Ɔwofo pa nka nsɛm bi te sɛ, ‘Bere bɛn na wubenyin?’ anaa ‘Mpɛn ahe na menka eyi nkyerɛ wo?’ Bere a mekaa nsɛm a ɛte saa kyerɛɛ me mmabarima mpɛn pii no, mihui sɛ ɛnyɛ ɔkwan a mefa so kasa wɔn ho no nko na ɛhyɛ wɔn abufuw, na mmom nea meka no nso.”

SƆ EYI HWƐ: Sɛ wubisa wo ba a wasi so nsɛm na sɛ onyi w’ano a, bisa no wɔ ɔkwan foforo so. Sɛ nhwɛso no, sɛ anka wubebisa wo babea sɛnea nneɛma kɔe wɔ da no mu no, ka nea ɛtoo wo wɔ da no mu kyerɛ no na hwɛ sɛ obebua wo anaa. Anaa sɛ wopɛ sɛ wuhu wo ba no adwene wɔ asɛm bi ho a, mmisa asɛm a ɛfa ne ho. Bisa no sɛnea n’adamfo te nka wɔ asɛm no ho. Afei bisa no afotu a ɔbɛpɛ sɛ ɔde ma n’adamfo no.

Wubetumi ne wo ba a wasi so no abɔ nkɔmmɔ. Hu n’ahiade, na sesa ɔkwan a wofa so ne no di nkitaho no mu. Wo ne awofo afoforo a wɔatumi ayɛ saa mmɔ ho nkɔmmɔ. (Mmebusɛm 11:14) Sɛ wo ne wo ba rebɔ nkɔmmɔ a, ‘yɛ ntɛm asɛntie ho, yɛ nyaa ɔkasa ho, na yɛ nyaa abufuw ho.’ (Yakobo 1:19) Nea ɛsen ne nyinaa no, mma w’abam mmu da wɔ mmɔden a worebɔ sɛ wobɛtete wo ba a wasi so no wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofo 6:4.

BISA WO HO SƐ . . .

▪ Efi bere a me ba duu ne mpanyin afe so no, nsakrae bɛn na mahu wɔ ne ho?

▪ Mɛyɛ dɛn ama me ne ne ntam nkɔmmɔbɔ atu mpɔn?

[Adaka wɔ kratafa 12]

Nyansahyɛ a Awofo Binom de Ama

“Sɛ yɛwɔ nnipa mu a, me babarima ne afoforo kasa paa. Enti akyiri yi, sɛ ɛka me ne no nkutoo a, mekɔ so ne no bɔ asɛm a na yɛreka no ho nkɔmmɔ.”—ANGELA, ITALY.

“Yɛahu sɛ sɛ yedi kan kamfo yɛn mma no na yɛka kyerɛ wɔn sɛ yɛdɔ wɔn paa a, mpɛn pii no wɔma kwan ma yɛne wɔn bɔ nkɔmmɔ.”—DONIZETE, BRAZIL.

“Me ne mpanyimfo a wɔn awofo de Bible akwankyerɛ tetee wɔn bɔ nkɔmmɔ, na mibisa wɔn sɛnea na wɔte nka bere a na wɔresi so no ne sɛnea wɔn awofo boaa wɔn. Ɛma mihuu nneɛma pii.”—DAWN, BRITAIN.