Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Asase Bɛkɔ So Atra Hɔ?

So Asase Bɛkɔ So Atra Hɔ?

Nsɛm a Akenkanfo Bisa

So Asase Bɛkɔ So Atra Hɔ?

Ɛrentumi mma sɛ atoyerɛnkyɛm kɛse bi bɛsɛe yɛn Asase yi. Dɛn nti na yegye di saa? Efisɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ asase no ‘renhinhim da biara da.’ (Dwom 104:5) Ɛwom sɛ “awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba” de, nanso sɛnea Bible ka no “asase de, etim hɔ daa.”—Ɔsɛnkafo 1:4.

Sɛ yɛkenkan Dwom 104:5 wɔ mfitiase Hebri nkyerɛwee no mu a, yehu sɛ nsɛmfua abien na wɔde dii dwuma de sii so dua sɛ asase tim hɔ daa. Wɔde nsɛmfua ʽoh·lamʹ a ɛkyerɛ “afebɔɔ” ne ʽadh a ɛkyerɛ “daa” na edii dwuma. Wotumi kyerɛ ʽOh·lamʹ ase sɛ “mfe pii” anaa “daa.” Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ no, ʽadh kyerɛ “bere tenten bi, bere a enni awiei, anaa kosi daa.” (Harkavy Students’ Hebrew and Chaldee Dictionary) Saa Hebri nsɛmfua abien yi si so dua sɛ asase no bɛtra hɔ daa. Susuw nneɛma abiɛsa a egyina Bible so a ɛma yegye di sɛ asase no bɛtra hɔ daa no ho hwɛ.

Nea edi kan no, Onyankopɔn bɔɔ asase sɛ nnipa ntra so. Ɔyɛe sɛ ɛnyɛ paradise asase frɔmfrɔm a ɛso tra yɛ anika, na ɛnnyɛ beae a asɛe a wontumi ntra hɔ. Yesaia 45:18 ka Yehowa ho asɛm sɛ nea ‘ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase. Ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.’

Nea ɛtɔ so abien no, Onyankopɔn fi bere tenten ahyɛ bɔ sɛ nnipa a wotie N’asɛm no bɛtra asase yi so daa wɔ asomdwoe mu. Mika 4:4 hyɛ yɛn bɔ sɛ: “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa, NW] ano na aka.” Enti sɛnea Onyankopɔn abɔ ne tirim no, ɛsɛ sɛ asase tra hɔ daa sɛ adesamma fie, na ne bɔhyɛ ahorow anyɛ ɔkwa.—Dwom 119:90; Yesaia 55:11; 1 Yohane 2:17.

Nea ɛtɔ so abiɛsa no, Onyankopɔn de asase ahyɛ onipa nsa sɛ ɔnhwɛ so. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ɔsoro yɛ [Yehowa, NW] soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” (Dwom 115:16) Wususuw sɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ de akyɛde a ɛyɛ fɛ bɛma ne ba na afei wagye asɛe no? Akyinnye biara nni ho sɛ ɔrenyɛ saa! Saa ara nso na Yehowa rensɛe asase ne wɔn a wɔte so nyinaa, efisɛ “Onyankopɔn ne dɔ.”—1 Yohane 4:8.

Yesu Kristo maa yɛn awerɛhyem wɔ n’Agya asɛm ho sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Afei nso, Onyankopɔn a ontumi nni atoro no ahyɛ bɔ sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29; Tito 1:2.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Asase mfonini: Based on NASA photo