Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ne Asɛmpa a Ɛfa Nyamesom Ho?

Dɛn Ne Asɛmpa a Ɛfa Nyamesom Ho?

Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

Dɛn Ne Asɛmpa a Ɛfa Nyamesom Ho?

Nea yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha yi yɛ nsɛmmisa a ebia woabisa pɛn, na ɛbɛkyerɛ wo faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo bɛbɔ ho nkɔmmɔ.

1. So ɔsom nyinaa na ɛyɛ nokware?

Ɔsom bebree mu no, wubenya nnipa a wɔayi wɔn yam a wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Onyankopɔn hu saafo no na odwen wɔn ho. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom de nyamesom di bɔne. Tete hɔ no, nyamesom mpanyimfo yɛɛ wɔn atamfo ayayade mpo. (2 Korintofo 4:3, 4; 11:13-15) Ɛnnɛ, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ nyamesom mpanyimfo bi hyɛ amumɔyɛsɛm ho nkuran, wɔboa akodi, na wɔyɛ mmofra basabasa.—Kenkan Mateo 24:3-5, 11, 12.

Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɔsom ahorow abien na ɛwɔ hɔ—nokware som ne atorosom. Atorosom nka Onyankopɔn ho nokwasɛm. Nanso, Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ nnipa hu ne ho nokwasɛm.—Kenkan 1 Timoteo 2:3-5.

2. Dɛn ne asɛmpa a ɛfa nyamesom ho?

Onyankopɔn mpɛ sɛ ɔsom a wɔka sɛ wɔdɔ no nanso wɔka ne ho atosɛm no bɛdaadaa nkurɔfo. Wɔn a wodi ɔsom ahorow yi akyi no pɛ sɛ wɔne wiase a Satan Ɔbonsam na odi so no fa adamfo. (Yakobo 4:4; 1 Yohane 5:19) Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ ɔsom a wɔtaa nnipa sodifo akyi sen sɛ wɔbɛtaa Onyankopɔn akyi no yɛ aguaman. Bible frɛ saa aguaman yi “Babilon Kɛseɛ,” na wonyaa din yi fii tete kurow a emu na atorosom fii ase wɔ Noa Nsuyiri no akyi. Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn bɛsɛe ɔsom a wɔdaadaa nnipa na wɔhyɛ wɔn so no prɛko pɛ.—Kenkan Adiyisɛm 17:1, 2, 5, 17; 18:8, 23, 24.

3. Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ ama anigye aba asase nyinaa so?

Atemmu a wɔde bɛba atorosom so no yɛ asɛmpa. Ebeyi nhyɛso afi hɔ ama obiara ho atɔ no wɔ wiase. Ɛremma bio da sɛ atorosom bɛdaadaa adesamma na ɛde mpaapaemu aba nnipa mu. Wɔn a wɔte ase nyinaa bɛbom asom nokware Nyankopɔn biako pɛ no.—Kenkan Yesaia 11:9; Adiyisɛm 18:20, 21; 21:3, 4.

4. Dɛn na ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ koma pa yɛ?

Yehowa werɛ mfii nnipa a wɔwɔ koma pa a wɔwɔ atorosom a ɛwɔ wiase nyinaa mu no. Seesei, ɔreboaboa nnipa a wɔwɔ koma pa no ano akyerɛkyerɛ wɔn nokware no.—Kenkan Mika 4:2, 5.

Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no, ogye wɔn ba n’abusua mu. Sɛ yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo mpo bo fuw sɛ yɛafi ase resom Yehowa a, yɛn de, yenim sɛ mfaso a yenya no dɔɔso. Ɛma yɛne Onyankopɔn bɛyɛ nnamfo, na yenya “abusua” foforo a ɔdɔ wom na yɛsan nya anidaso sɛ yebenya daa nkwa.—Kenkan Marko 10:29, 30; 2 Korintofo 6:17, 18.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo atintim yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 15 ne 16.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 16]

The Complete Encyclopedia of Illustration/​J. G. Heck