Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛnnɛ, Dɛn na Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ?

Ɛnnɛ, Dɛn na Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ?

Ɛnnɛ, Dɛn na Ɛsɛ sɛ Kristofo Yɛ?

ƐNNƐ, nokware Kristofo mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu. Adɛn ntia? Efisɛ wosuasua Yesu. Ɔkaa ne ho asɛm sɛ: “Menyɛ wiase no fã,” na ɔkaa n’akyidifo nso ho asɛm sɛ: “Monyɛ wiase no fã.” (Yohane 15:19; 17:14) Ma yɛnhwɛ nneɛma bi a enti ɛnsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyehyɛ amanyɔsɛm mu.

1. Tumi a nnipa wɔ sua. Bible ka sɛ nnipa nni tumi ne hokwan a wɔde bedi wɔn ho so. Odiyifo Yeremia kyerɛwee sɛ: “Enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.

Sɛnea wɔammɔ nnipa sɛ wontu sɛ anomaa no, saa ara na wɔammɔ wɔn sɛ wonni wɔn ho so. Bere a abakɔsɛm kyerɛwfo David Fromkin reka sɛnea tumi a aban wɔ no sua no, ɔkae sɛ: “Nnipa na wɔka bom yɛ aban. Ɛno nti wotumi di mfomso, na obi nnim nea ɛbɛto wɔn ɔkyena nso. Wɔwɔ tumi de, nanso esua.” (The Question of Government) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to nnipa so!—Dwom 146:3.

2. Ahonhommɔne nsa wom. Bere a Satan de wiase ahenni kyerɛɛ Yesu no, Yesu anka sɛ Ɔbonsam nni tumi sɛ ɔde wiase ahenni nyinaa bɛma no. Akyiri yi mpo Yesu frɛɛ Satan “wiase sodifo.” Mfe bi akyi no, ɔsomafo Paulo frɛɛ Satan “wiase yi nyame.” (Yohane 14:30; 2 Korintofo 4:4) Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo sɛ: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na ɛredi asi, na mmom yɛne nniso ahorow, tumidi, wiase yi sum mu atumfoɔ, ne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya.” (Efesofo 6:12) Yɛreka paa a, ahonhom a wɔn ho yɛ hu na wɔhyɛ akyi redi wiase yi so. Ɛsɛ sɛ saa asɛm no ka adwene a yɛwɔ wɔ amanyɔsɛm ho dɛn?

Ma yɛnhwɛ mfatoho yi: Sɛnea ɛpo asorɔkye tumi bɔ ahyɛmma no, saa ara na ahonhommɔne tumi piapia amammui nhyehyɛe no. Sɛnea ahyɛmma no mufo ntumi nyɛ asorɔkye no ho hwee no, saa ara na amanyɔfo no nso ntumi nyɛ ahonhommɔne no tumi ho hwee. Saa ahonhommɔne atumfoɔ no asi wɔn bo sɛ wɔbɛsɛe nnipa adwene koraa na wɔde ɔhaw aba “asase” so. (Adiyisɛm 12:12) Enti sɛ nsakrae papa bi bɛba a, gye sɛ yenya obi a ɔwɔ tumi sen Satan ne n’adaemone no. Nea obetumi ayɛ saa ne Yehowa Nyankopɔn ankasa.—Dwom 83:18; Yeremia 10:7, 10.

3. Nokware Kristofo taa Onyankopɔn Ahenni no nko ara akyi. Ná Yesu ne n’asuafo no nim sɛ Onyankopɔn ahyɛ bere bi a ɔde nniso bi besi soro ma adi asase nyinaa so. Bible frɛ saa nniso no Onyankopɔn Ahenni, na ɛma yehu sɛ wɔapaw Yesu Kristo sɛ Ɔhene. (Adiyisɛm 11:15) Esiane sɛ Ahenni no bɛka nnipa nyinaa nti, “Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no” ne ade titiriw a Yesu kaa ho asɛm wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. (Luka 4:43) Afei nso ɔkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra.” Adɛn ntia? Efisɛ sɛ Ahenni no ba a, nea ɛte biara Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ wɔ ɔsoro ne asase so.—Mateo 6:9, 10.

Ɛnde dɛn na ɛbɛto nnipa nniso? Bible ma mmuae sɛ nniso a ɛwɔ “asase nyinaa so” no, wɔbɛsɛe no. (Adiyisɛm 16:14; 19:19-21) Sɛ obi gye di paa sɛ Onyankopɔn Ahenni rebeyi amammui nhyehyɛe nyinaa afi hɔ a, ɛnde ɔno ara behu sɛ ɛnsɛ sɛ ogyina amammui nhyehyɛe biara akyi. Efisɛ sɛ obi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa nnipa nniso a ɛretwam no a, yebetumi aka sɛ ɔreko atia Onyankopɔn.

Enti sɛ nokware Kristofo mfa wɔn ho nhyehyɛ amanyɔsɛm mu a, ɛno kyerɛ sɛ wɔnyɛ biribiara mmoa baabi a wɔte no anaa? Kenkan asɛm a ɛtoa so no, na wubenya ɛho mmuae.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

Ɛnyɛ amanyɔsɛm mu nsakrae na Yehowa Adansefo hwehwɛ; mmom wɔbɔ Onyankopɔn Ahenni no dawuru