Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛma Abusua Nya Anigye

Nea Ɛbɛma Moasan Agye Mo Ho Adi

Nea Ɛbɛma Moasan Agye Mo Ho Adi

Steve *: “Mansusuw da sɛ Jodi betumi afi m’akyi. Ná minnye no nni bio. Sɛnea ɛhyee me no, na ɛyɛ den paa sɛ mede bɛkyɛ no.”

Jodi: “Ná ɛnyɛ me nwonwa sɛ Steve nnye me nni bio. Edii mfe bebree ansa na ɔregye adi sɛ manu me ho.”

SƐ OBI hokafo fi n’akyi a, Bible ma ɔhokafo a ne ho nni asɛm no kwan sɛ ɔpɛ a, obetumi agyaa no aware. * (Mateo 19:9) Steve a n’asɛm wɔ soro hɔ no sii gyinae sɛ ɔrennyae aware. Ɔne Jodi nyinaa yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔremma aware no ngu. Nanso ankyɛ na wohui sɛ ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ wɔbɛtena dan koro mu. Adɛn ntia? Sɛ yetie nea wɔkae no a, yehu sɛ nokware a Jodi anni nti, na wonnye wɔn ho nni bio. Nanso sɛ awarefo ani begye wɔ aware mu a, ɛsɛ sɛ wogye wɔn ho di; enti na wɔwɔ adwuma yɛ.

Sɛ wo hokafo afi w’akyi na mo nyinaa reyɛ nea mubetumi biara na aware no angu a, monkae sɛ ɛrenyɛ mmerɛw. Sɛ asɛm no da adi a, mfiase no de, ɛbɛyɛ den paa. Nanso ebetumi ayɛ yiye! Mobɛyɛ dɛn asan agye mo ho adi bio? Bible mu afotu a nyansa wom no betumi aboa mo. Momma yɛnhwɛ nyansahyɛ anan a edidi so yi.

1 Munni Mo Ho Nokware.

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Afei a moayi nkontompo agu yi, mo mu biara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.” (Efesofo 4:25) Sɛ wudi atoro anaa wode nsɛm bi sie anaasɛ woyɛ dinn a, ɛremma wo hokafo nnye wo nni. Enti sɛ woreka asɛm biara a, ka emu nokware nyinaa.

Sɛ asɛm no si foforo a, ebia ɛbɛhaw wo ne wo hokafo no sɛ mobɛka ho asɛm. Nanso twa ara na etwa sɛ mowae asɛm no anim. Mubetumi asi gyinae sɛ ɛnyɛ biribiara a ɛkɔɔ so na mobɛka ho asɛm, nanso ɛrenyɛ papa sɛ mobɛka sɛ moremmɔ so koraa. Jodi a yɛafa n’asɛm aka dedaw no ka sɛ: “Mfiase no na ɛyɛ me den paa sɛ mɛka ho asɛm na na ɛyɛ me aniwu mpo. Ná ɛyɛ me yaw paa sɛ mayɛ biribi a ɛte saa, enti na mempɛ sɛ ɛbɛba m’adwene mu mpo.” Nanso m’ano a meka toom no kɔfaa ɔhaw bae. Adɛn ntia? Steve ka sɛ: “Esiane sɛ na Jodi mpɛ sɛ ɔbɛka nea wakɔyɛ no ho asɛm nti, ɛma minyaa adwene sɛ obetumi akɔyɛ bio.” Bere a Jodi rekaakae nea esii no, ɔkae sɛ: “Asɛm no a mampɛ sɛ mɛbɔ so no maa ɛyawdi no kyɛe.”

Sɛnea ɛte biara no, sɛ wo hokafo fi w’akyi a, ɛho asɛm ka bɛyɛ yaw. Paul fii ne yere Debbie akyi ne n’adwumam kyerɛwfo kɔdae, na Debbie ka sɛ: “Nsɛm pii baa me tirim. Ɛyɛɛ dɛn? Adɛn nti koraa na ɔyɛɛ saa? Nkɔmmɔ bɛn na na wɔbɔ? Asɛm no bubuu me, na amfi me tirim da, enti ɛrekyɛ no mpo na nsɛm bebree reba me tirim.” Paul ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi na me ne Debbie reka ho asɛm a, na abufuw aba, na ntease wom sɛ ɛbaa saa. Ɛba saa a, obiara pa ne yɔnko kyɛw. Esiane sɛ obiara tumi kaa nea ɛwɔ ne komam nti, yɛn ntam yɛɛ kama.”

Sɛ moreka nea asi no ho asɛm a, ɛbɛyɛ dɛn na moatumi atew abufuw no so? Kae sɛ nea ehia paa ne sɛ mubesua biribi afi asɛm a asi no mu na moasan ahyɛ aware no mu den, na ɛnyɛ sɛ wode bɛtwe wo hokafo no aso. Enti bere a Chul Soo fii ne yere Mi Young akyi no, nea wɔyɛe ne sɛ wɔhwehwɛɛ mu hwɛe sɛ na biribi nkɔ yiye wɔ wɔn ntam nti na ɛbaa saa anaa. Chul Soo ka sɛ: “Mibehui sɛ na m’ankasa me nneɛma bi gye me bere dodo. Ná nkurɔfo nsɛm hia me dodo, na na mepɛ sɛ meboa obiara. Mede me bere nyinaa maa afoforo. Enti na minnya bere mma me yere.” Ɛno a Chul Soo ne Mi Young hui no boaa wɔn ma wɔyɛɛ nsakrae, na akyiri yi ɛmaa wɔn aware no yɛɛ yiye.

SƆ EYI HWƐ: Sɛ wo na woafi wo hokafo akyi a, mfa asɛm no nhyɛ obiara, na nka sɛ mfomso no fi wo hokafo. Gye tom sɛ woanyɛ no yiye, na wo ara na woakɔfa ɔhaw no aba. Sɛ wo nso na wo hokafo ayɛ wo bɔne a, nteɛteɛm ngu no so, na nnidi no atɛm. Sɛ woankasa basabasa ankyerɛ wo hokafo a, ɛbɛhyɛ no nkuran ama waka nea ɛwɔ ne komam nyinaa.—Efesofo 4:32.

2 Mommom Nni Ho Dwuma.

Bible ka sɛ: “Baanu ye sen obiakofo.” Adɛn ntia? “Efisɛ wonya wɔn brɛ so akatua pa. Sɛ obiako hwe ase a, nea ɔka ne ho no bɛma no so.” (Ɔsɛnkafo 4:9, 10) Saa asɛm no yɛ nokware titiriw bere a morebɔ mmɔden sɛ mobɛsan agye mo ho adi no.

Sɛ moka bom di ho dwuma a, wo ne wo hokafo betumi asan agye mo ho adi. Nanso ɛsɛ sɛ mo baanu nyinaa de yɛ mo adwene sɛ moremma aware no ngu. Sɛ obiara yɛ sɛ ɔno nko ara de n’adwene bedi ho dwuma a, ɛde ɔhaw pii mmom na ɛbɛba. Ɛsɛ sɛ muhu sɛ ɛyɛ mo baanu asɛm.

Saa na Steve ne Jodi huu asɛm no. Jodi ka sɛ: “Egyee bere nanso me ne Steve ka boom sɛ yɛbɛma yɛn aware no agyina. Misii me bo sɛ meremma no nni awerɛhow saa bio da. Ɛwom sɛ na Steve redi yaw de, nanso ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔremma aware no nsɛe. Da biara, na meyɛ nneɛma bi ma no hu sɛ meremfi n’akyi bio na ɔno nso kɔɔ so kyerɛe sɛ ɔdɔ me. Saa a ɔyɛe no aboa paa, na me werɛ remfi da.”

SƆ EYI HWƐ: Wo ne wo hokafo nka mmom nyɛ mo aware no ho adwuma na ama moasan agye mo ho adi.

3 Yɛ Nsakrae.

Yesu bɔɔ n’atiefo kɔkɔ wɔ awaresɛe ho, na ɔde afotu yi kaa ho sɛ: “Sɛ w’aniwa nifa reto wo hintidua a, tu na tow kyene.” (Mateo 5:27-29) Sɛ wo na woayɛ wo hokafo bɔne a, nneyɛe ne suban bɛn na wohwɛ a ɛsɛ sɛ wutu anaa wotow kyene na mo aware no atumi agyina?

Onipa a wo ne no sɛee aware no de, ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ wo ne no betwa biribiara mu. * (Mmebusɛm 6:32; 1 Korintofo 15:33) Paul a yɛafa n’anom asɛm aka dedaw no sesaa bere a ɔde kɔ adwuma ne ne telefon nɔma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne ɔbea biako no rennya nkitahodi biara bio. Nanso nea Paul yɛe no nyinaa antumi ansiw ɔbea no kwan. Esiane sɛ na Paul ani abere sɛ ɔbɛma ne yere asan agye no adi nti, ogyaee adwuma no koraa. Afei nso ɔde ne telefon too baabi, na sɛ ohia telefon a, ne yere de na na ɔde yɛ adwuma. Nea ɔyɛe yi nyinaa, mfaso bi aba so anaa? Ne yere Debbie ka sɛ: “Mfe asia atwam, na ɛwom ara a etumi yɛ me sɛ anhwɛ a ɔbea no bɛsan ahwehwɛ n’akyi kwan. Nanso seesei de, migye di sɛ Paul rentɔ sɔhwɛ mu bio.”

Sɛ wo na wufii wo hokafo akyi a, ebia ebehia sɛ wosesa wo suban nso. Ebia na woyɛ obi a ɔtaa ne mmea anaa mmarima di agoru te sɛ nea w’ani gye wɔn ho, anaasɛ wotaa twa ɔbarima anaa ɔbea foforo bi ho mfonini wɔ w’adwene mu. Sɛ ɛte saa a, ɛnde yi “nipasu dedaw no ne ne nneyɛe” gu. Yi suban dedaw no gu na fa suban pa a ɛbɛma wo hokafo agye wo adi. (Kolosefo 3:9, 10) Sɛnea wɔtetee wo nti, ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ biribi de akyerɛ wo dɔ anaa? Sɛ ne yɛ nyɛ mmerɛw mma wo mpo a, mfɛre sɛ wobɛyɛ biribiara a wubetumi de akyerɛ sɛ wodɔ wo hokafo, na wudwen ne ho. Steve ka sɛ: “Ná Jodi taa so me mu de kyerɛ ne dɔ, na na ɔtaa ka kyerɛ me sɛ ‘medɔ wo.’”

Ahyɛase no de, da biara nea wobɛyɛ no, ɛsɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ wo hokafo. Mi Young a yɛaka ne ho asɛm no ka sɛ: “Ná Chul Soo bɔ mmɔden sɛ da biara ɔbɛka biribiara a ɛkɔɔ so akyerɛ me. Nneɛma nketenkete a ɛho nhia biara mpo, na ɔka kyerɛ me sɛnea ɛbɛyɛ a mehu sɛ ɔmfa biribiara nsie me.”

SƆ EYI HWƐ: Ɛyɛ a, mo mu biara mmisa ne yɔnko nea ɔyɛ a ɛbɛma wagye no adi kɛse. Monkyerɛw nto hɔ na afei monyɛ ho adwuma. Bio nso, monhwɛ nneɛma a mubetumi ayɛ abom na momfa nka nea moyɛ no daa no ho.

4 Munhu sɛ Ebegye Bere Kakra.

Ɛnsɛ sɛ mopere mo ho ka sɛ afei de biribiara asan asi ne dedaw mu. Mmebusɛm 21:5 bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.” Ebegye bere, ebi mpo a, mfe bebree ansa na obiara agye ne yɔnko adi bio.

Sɛ wo na wo hokafo afi w’akyi a, te ase sɛ ebegye bere kakra ansa na biribiara afi wo mu. Mi Young ka sɛ: “Bere bi a atwam no, na minhu nea enti a sɛ ɔbea bi kunu fi n’akyi a ɔrentumi mfa nkyɛ no. Ná mente ase sɛ obetumi afa ho abufuw akyɛ saa. Nanso bere a me kunu fii m’akyi no, ɛhɔ na metee ase sɛ ɛyɛ den sɛ obi de bɛkyɛ.” Ebetumi agye bere ansa na obi de ne hokafo bɔne akyɛ no na wasan agye no adi.

Nanso Ɔsɛnkafo 3:1-3 ka sɛ “ayaresa nso wɔ ne bere.” Mfiase no ebia ɛbɛyɛ wo sɛ wo ne wo hokafo nnyae nkɔmmɔ bɔ. Nanso sɛ woyɛ saa ma ɛka hɔ a, ɛremma wo ne wo hokafo no nnye mo ho nni bio. Nea ɛbɛma moasiesie mo ntam no, fa wo hokafo bɔne kyɛ no, na ka wo komam nsɛm kyerɛ no ma no nhu sɛ wode ne bɔne akyɛ no. Ma ɛnyɛ mmerɛw mma wo hokafo nso sɛ, sɛ n’ani na agye oo, sɛ biribi na ɛhaw no oo, ɔbɛka akyerɛ wo.

Nnwen nneɛma a ɛbɛma ne ho ayɛ wo ahi. Yere wo ho di menasepɔw biara so. (Efesofo 4:32) Sɛ wudwinnwen nea Onyankopɔn ankasa yɛe ho a, ebetumi aboa wo. Bere a n’asomfo a wɔwɔ tete Israel twee wɔn ho fii ne ho no, ɛyɛɛ no yaw paa. Yehowa Nyankopɔn de ne ho mpo totoo obi a ne yere anaa ne kunu afi n’akyi. (Yeremia 3:8, 9; 9:2) Nanso ‘wamfa anhyɛ ne mu daa.’ (Yeremia 3:12) Bere a ne nkurɔfo no nuu wɔn ho nokwarem na wɔsan baa ne nkyɛn no, ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn.

Awiei koraa no, sɛ mo baanu nyinaa gye tom sɛ yiye atɔ yiye wɔ mo aware no mu a, afei obiara remmɔ hu bio. Ɛba saa a, mubetumi de mo adwene asi nneɛma foforo so mmom sen sɛ anka mubedwinnwen nea ɛbɛma aware no agyina ho. Ɛno mpo no, ɛwom ara a, mubetumi atena ase ahwɛ sɛ biribiara rekɔ yiye anaa. Mommfa no sɛ nneɛma rekɔ yiye nti ɛno ara ne no. Sɛ bibiri kɔtwe asɛm no ho biribi ba a, munni ho dwuma; afei nso obiara mma ne yɔnko nhu sɛ ɔwɔ hɔ ma no.—Galatifo 6:9.

SƆ EYI HWƐ: Sɛ́ anka mubenya adwene sɛ mopɛ sɛ mupagyaw mo aware no si hɔ bio sɛ kan no, momfa no sɛ afei na moaware foforo a morehyɛ aware no mu den.

Ebetumi Ayɛ Yiye

Sɛ ɛto nea ɛyɛ den a, monkae sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware. (Mateo 19:4-6) Ɛno nti obetumi aboa mo ama mo aware no ayɛ yiye. Awarefo a yɛaka wɔn ho asɛm no nyinaa de Bible mu afotu pa no dii dwuma ma enti wɔatumi ayɛ wɔn aware no yiye.

Bɛboro mfe 20 ni a asɛm kɛse no sii Steve ne Jodi aware mu. Bere a Steve reka nea ɛyɛe a wɔn aware no tumi gyinae ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Yefii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible, na saa bere no na yetumi yɛɛ nsakrae kɛse. Wɔboaa yɛn paa. Ɛno na ɛma yetumi dii ɔhaw no ho dwuma.” Jodi ka sɛ: “Ɛyɛ me anigye paa sɛ yɛampa abaw wɔ ɔhaw bere no mu. Bible a yɛboom suae ne yɛn ho mmɔden a yɛbɔe nti, seesei anigye aba yɛn aware mu.”

^ nky. 3 Wɔasesa edin ahorow no.

^ nky. 5 Nyan! a ɛbae April 22, 1999 no kratafa 5, 6 ne August 8, 1995, kratafa 10 ne 11 no betumi aboa obi ama wahu gyinae a obesi.

^ nky. 17 Sɛ ɛkɔba sɛ wuntumi nkwati onipa no koraa (te sɛ obi a wo ne no wɔ adwuma mu) a, ɛnde bere a ɛho hia nkutoo na ɛsɛ sɛ muhyia. Bere biara a mubehyia no, hwɛ hu sɛ nnipa wɔ hɔ, na ma wo hokafo nso nhu biribiara a ɛrekɔ so.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Bere a me hokafo fii m’akyi no, dɛn nti na meyɛɛ m’adwene sɛ merennyae aware?

  • Nneɛma pa bɛn na mihu wɔ me hokafo ho seesei?

  • Ansa na me ne me hokafo reware no, nneɛma nketenkete bɛn na meyɛ de kyerɛe sɛ medɔ no, na ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ saa bio?