Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm A Akenkanfo Bisa . . .

Adɛn Nti na Onyankopɔn Hyɛe sɛ N’asomfo Nware Gyidifo Nkutoo?

Adɛn Nti na Onyankopɔn Hyɛe sɛ N’asomfo Nware Gyidifo Nkutoo?

▪ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no mu no, ɔkaa aman a na wɔatwa Israelfo ho ahyia no ho asɛm sɛ: “Wo ne wɔn mu biara nnni ayeware. Mfa wo babea mma ne babarima, na nnye ne babea mma wo babarima.” (Deuteronomium 7:3, 4) Adɛn nti na Onyankopɔn hyɛɛ saa mmara no?

Ná Yehowa nim sɛ Satan pɛ sɛ ɔsɛe ɔman mũ no nyinaa adwene ma wokodi atorosom akyi. Enti Onyankopɔn bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yiye, efisɛ wɔn a wonnye nni no betumi ama “wo babarima afi m’akyi akɔsom anyame foforo.” Ná ɛyɛ aniberesɛm. Efisɛ sɛ Israel man kodi anyame foforo akyi a, ɛbɛma wɔahwere Onyankopɔn anim dom ne n’ahobammɔ ma atamfo anya wɔn. Ɛba saa a anka ɛbɛyɛ dɛn na Mesia no atumi afi ɔman no mu ba? Enti biribiara kyerɛ sɛ na Satan ani begye ho sɛ ɔbɛdaadaa Israelfo ama wɔawareware wɔn a wonnye Onyankopɔn nni.

Afei sɛ yɛfa Onyankopɔn man no mufo mmiako mmiako a, kae sɛ na odwen wɔn mu biara ho. Ná onim sɛ, sɛ ɔman no muni biara ani begye a, gye sɛ ɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa. Yehowa kɔkɔbɔ a etia wɔn a wɔnyɛ gyidifo a wɔbɛware wɔn no, na ntease wom anaa? Yɛmfa Ɔhene Solomon nyɛ nhwɛso. Ná onim kɔkɔbɔ a Yehowa de ama wɔ mmea a wɔnyɛ Israelfo ho. Ɛka sɛ: “Dan na wɔbɛdan mo koma akodi wɔn anyame akyi.” Ebia ne nyansa dodow no nti, ɛyɛɛ no sɛ watra Onyankopɔn afotu anaa ɔno de, ɛmfa no ho. Obuu n’ani guu so. Ewiee no dɛn? “Ne yerenom no de nkakrankakra dan ne koma . . . kodii anyame foforo akyi.” Awerɛhosɛm bɛn ni! Solomon ankasa hweree Yehowa anim dom, na nokware a wanni no nso nti, ɔman no mu kyɛe.—1 Ahene 11:2-4, 9-13.

Ebia obi bɛka sɛ ɛnyɛ obiara a ɔwaree wɔn a wonnye Onyankopɔn nni na asɛm too no. Ɛho nhwɛso ne Israelni Malon. Ɔwaree Moabni bea Rut, na akyiri yi ɔbea no bɛyɛɛ Onyankopɔn somfo a ɔbɔ ne ho mmɔden paa. Ná asiane wom sɛ ɔwaree Moabni bea. Bible ankamfo Malon sɛ ɔwaree Moabni bea no, na gyama owui mpo ansa na ne yere Rut de Yehowa reyɛ ne Nyankopɔn. Malon nua Kilion nso waree Moabni bea Orpa, na ɔno de, wannyae “n’anyame” no som. Boas de, bere a ɔwaree Rut no, na Rut abɛyɛ gyidini dedaw. Rut mpo de, eduu baabi no na Yudafo bu no sɛ “obi a wadan Yudani koraa.” Rut ne Boas aware de nhyira brɛɛ wɔn baanu nyinaa.—Rut 1:4, 5, 15-17; 4:13-17.

Enti wohwɛ a, nyansa wom sɛ obi benya adwene sɛ Malon ne Rut aware no kyerɛ sɛ enhia sɛ yetie Yehowa afotu a ese yɛnware gyidifo nkutoo no? Wunhu sɛ, sɛ obi nya saa adwene no a, na ɛte sɛ nea ɔreka sɛ obi adi loto enti ɛsɛ sɛ yɛde loto yɛ yɛn adwuma?

Bible tu Kristofo fo sɛ, “Awurade mu nkutoo” na wɔnware. Ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn a ‘wonnye nni twe kɔndua koro.’ Wɔde saa afotu no ma Kristofo a afei na wɔredwen aware ho no. Wɔn a wɔn ahokafo nyɛ gyidifo no, Bible ma wɔn afotu pa a ebetumi aboa wɔn ama wɔatumi adi tebea a ɛyɛ den no ho dwuma. (1 Korintofo 7:12-16, 39; 2 Korintofo 6:14) Saa afotu no nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn a ɔhyehyɛɛ aware no pɛ sɛ yɛn a yɛsom no no ani gye, sɛ́ yɛyɛ awarefo anaa yɛyɛ asigyafo no.