Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Bere Biara a Mobɛbɔ Mpae no, Monka sɛ, ‘Agya’”

“Bere Biara a Mobɛbɔ Mpae no, Monka sɛ, ‘Agya’”

“Bere Biara a Mobɛbɔ Mpae no, Monka sɛ, ‘Agya’”

“Agya.” Wote saa asɛm no a, onipa bɛn saa na wode susuw no? Ɔbarima a ɔwɔ ɔdɔ kɛse na odwen n’abusua ho paa? Anaasɛ ɔbarima a ɔnhwɛ n’abusua anaa ɔyɛ wɔn basabasa mpo? Sɛnea wo papa te no na ɛbɛkyerɛ mmuae a wode bɛma.

SƐ Yesu reka Onyankopɔn ho asɛm anaa ɔne no rekasa a, na ɔtaa frɛ no “Agya.” * Bere a Yesu rekyerɛ n’akyidifo no mpaebɔ no, ɔkae sɛ: “Bere biara a mobɛbɔ mpae no, monka sɛ, Agya.” (Luka 11:2) Ɛnde, Yehowa yɛ agya bɛn? Asɛmmisa yi ho mmuae hia paa. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ yehu sɛnea yɛn agya Yehowa te yiye a, ɛbɛma yɛatumi abɛn no na yɛadɔ no kɛse.

Obiara rentumi nka sɛnea yɛn soro Agya no te nkyerɛ yɛn, gye Yesu ankasa. Ná ɔne n’Agya wɔ ayɔnkofa kɛse paa. Yesu kae sɛ: “Obiara nnim Ɔba no yiye gye Agya no, na saa ara nso na obiara nnim Agya no yiye gye Ɔba no ne nea Ɔba no pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no.” (Mateo 11:27) Enti sɛ yɛpɛ sɛ yehu Agya no a, gye sɛ yɛfa Ɔba no so.

Sɛ yɛhwɛ Yesu a, dɛn na yebetumi ahu wɔ yɛn soro Agya no ho? Wo de, hwɛ asɛm a Yesu kae yi: “Onyankopɔn wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Yesu nsɛm no ma yehu sɛ yɛn soro Agya no su titiriw paa ne ɔdɔ. (1 Yohane 4:8) Yehowa fa akwan pii so de kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn; ebi ne sɛ, ɔma yehu sɛ ogye yɛn tom, ɔda mmɔborɔhunu adi kyerɛ yɛn, ɔbɔ yɛn ho ban, ɔteɛ yɛn so na ɔde nea yehia ma yɛn.

Yɛwɔ Awerɛhyem sɛ Yɛn Agya no Gye Yɛn Tom

Sɛ mmofra hu sɛ wɔn awofo gye wɔn tom a, ɛhyɛ wɔn nkuran paa. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ Yesu nkuran sɛ ɔtee sɛ n’Agya reka sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” (Mateo 3:17) Yesu nso ama yɛn awerɛhyem sɛ Agya no dɔ yɛn na ogye yɛn tom. Ɔkae sɛ: “Nea ɔdɔ me no m’Agya bɛdɔ no.” (Yohane 14:21) Awerɛkyekyesɛm bɛn ara ni! Nanso obi wɔ hɔ a ɔpɛ sɛ ɔma saa awerɛkyekye yi bɔ wo.

Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛanya adwene sɛ yɛn soro Agya no nnye yɛn tom. Ɔpɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛmfata sɛ ogye yɛn tom. Sɛ yɛbobɔ nkwakoraa anaa mmerewa, yɛyare anaa yɛyɛ mmerɛw, anaasɛ yɛn ankasa mfomso anaa afoforo de ma yɛyɛ basaa a, saa bere no paa na Satan tu n’ani si yɛn so. Ɛho nhwɛso ne aberante Lucas a na ɔte nka sɛ ɔmfata sɛ Onyankopɔn begye no atom no. Lucas ka sɛ bere a ɔrenyin no, n’awofo sesae koraa. Akyerɛ pa a wɔkyerɛɛ me mmofraberem no, wogyaee akyidi. Ɛbɛyɛ sɛ ɛno ma ɛyɛɛ den sɛ ɔbɛbɛn ne soro Agya no. Bio nso na Lucas ho pere no kakra, enti na ɔtaa ne afoforo nya asɛm. Nanso Lucas yere nyaa ne ho abotare na ɔhyɛɛ no nkuran, enti ɛboaa no maa nkakrankakra otumi nyaa ntoboase. Ɛno nti ɔka sɛ ne yere yɛ “akyɛde ne nhyira soronko a efi Onyankopɔn hɔ.” Lucas hui sɛ “Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo nkwa.” (1 Timoteo 1:15) Lucas ka sɛ onim sɛ Onyankopɔn dɔ no, na ogye no tom, na ɛno ho a odwinnwen no aboa no ama wanya anigye ne akomatɔyam.

Sɛ ɛtɔ mmere bi na ɛyɛ wo sɛ Yehowa nnɔ wo anaa onnye wo ntom a, wubetumi akenkan Romafo 8:31-39 na woadwinnwen ho; ebetumi ahyɛ wo nkuran. Ɛhɔ no, ɔsomafo Paulo fi ɔdɔ mu ma yɛn awerɛhyem sɛ biribiara “rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.” *

Mmɔborɔhunu Agya

Sɛ yehu amane a, ɛyɛ yɛn soro Agya no nso yaw. Ɔyɛ “mmɔborɔhunu” Nyankopɔn. (Luka 1:78) Yesu daa n’Agya mmɔborɔhunu no bi adi kyerɛɛ nnipa a bɔne wɔ wɔn ho. (Marko 1:40-42; 6:30-34) Nokware Kristofo nso bɔ mmɔden sɛ wobesuasua wɔn soro Agya mmɔborɔhunu no. Wotie Bible afotu a ɛka sɛ “mo ne mo ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so” no.—Efesofo 4:32.

Ma yɛnhwɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Felipe asɛm. Da koro bi a ɔnam kwan so rekɔ adwuma no, ɔtee sɛ n’akyi yɛ no yaw denneennen te sɛnea obi awɔw no sekan no. Wotuu mmirika de no kɔɔ ayaresabea. Bere a nnuruyɛfo de nnɔnhwerew awotwe yɛɛ nhwehwɛmu no, wɔkae sɛ ntini kɛse bi a ɛwɔ ne koma ho no baabi atew. Nnuruyɛfo no kae sɛ aka simma 25 pɛ na wawu, ɛno nti ɛho nhia sɛ wɔbɛhaw wɔn ho ayɛ oprehyɛn biara.

Ná Felipe nuanom Kristofo no bi wɔ ne nkyɛn, na mmɔborɔhunu a wɔwɔ nti, wɔyɛɛ ho biribi ntɛmpa ara. Wɔyɛɛ nhyehyɛe ma woyii no fii hɔ kɔɔ ayaresabea foforo kɔyɛɛ no oprehyɛn ntɛm, na wogyinaa ne nkyɛn kosii sɛ wowiee oprehyɛn no. Anigyesɛm ne sɛ Felipe ho tɔɔ no. Sɛ Felipe kae sɛnea nneɛma kɔe no a, n’ani sɔ sɛ ne nuanom Kristofo no daa mmɔborɔhunu adi kyerɛɛ no. Nanso Felipe gye di paa sɛ ne soro Agya no mmɔborɔhunu na ɛhyɛɛ wɔn nkuran ma wɔyɛɛ saa. Felipe ka sɛ: “Ɛyɛɛ te sɛ nea Onyankopɔn gyina me nkyɛn rehyɛ me nkuran sɛ agya bi a ɔdɔ ne ba.” Yetumi hu sɛ Yehowa taa fa n’asomfo a wɔwɔ asase so no so da ne mmɔborɔhunu adi.

Yɛn Agya no Bɔ Yɛn Ho Ban

Sɛ biribi hunahuna abofra ketewa a, otumi guan kɔ ne papa hɔ kɔpɛ ahobammɔ. Sɛ abofra hyɛ ne papa mmɔtoam a, onsuro. Yesu de ne werɛ hyɛɛ Yehowa mu koraa sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban. (Mateo 26:53; Yohane 17:15) Yɛn nso yebetumi anya ahobammɔ wɔ yɛn soro Agya no nkyɛn. Seesei de, ahobammɔ a yenya fi Yehowa hɔ no, ne kɛse no yɛ honhom fam ahobammɔ. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɔbɔ yɛn ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrennyae ne som efisɛ ɔma yɛn nea yehia biara na aboa ama yɛatwe yɛn ho afi asiane ho na abɔ yɛne n’ayɔnkofa no ho ban. Ɔkwan biako a ɔfa so bɔ yɛn ho ban ne sɛ, ɔnam Bible so de afotu ma yɛn. Sɛ yenya afotu a ɛte saa a, ɛte sɛ nea Yehowa gyina yɛn akyi reka akyerɛ yɛn sɛ: “Ɔkwan no ni. Momfa so.”—Yesaia 30:21.

Ma yɛnhwɛ Tiago; ná ɔne ne nuabarimanom Fernando ne Rafael nyinaa dɔm nnwontofo kuw bi. Bere a woyii wɔn sɛ wɔnkɔbɔ nnwom wɔ agodibea a agye din paa wɔ São Paulo, Brazil no, wɔn ani gyei yiye. Ná wonim sɛ wɔayɛ yiye awie. Nanso, wɔn nua Kristoni bi bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ asiane wom sɛ wɔne nnipa a wɔmfa Onyankopɔn akwan nyɛ hwee no bɛbɔ. (Mmebusɛm 13:20) Ɔde ɔno ankasa ne suahu sii Bible mu asɛm yi so dua. Tiago ne ne nuanom no gyaee nnwonto no. Seesei, wɔn baasa nyinaa yɛ bere nyinaa asomfo wɔ Kristofo asafo no mu. Wogye di sɛ afotu a efi Onyankopɔn Asɛm mu a wotiei no abɔ wɔn ho ban wɔ Onyankopɔn som mu.

Yɛn Soro Agya no Teɛ Yɛn So

Agya a ɔdɔ ne mma teɛ wɔn so, efisɛ ɔpɛ sɛ wonyin yɛ mpanyin pa. (Efesofo 6:4) Agya a ɔte saa no mfa nteɛso nkame ne mma, nanso ɔnyɛ mma no ntra so. Saa ara na ɛtɔ mmere bi a yɛn soro Agya no nso teɛ yɛn so. Nanso Onyankopɔn fi ɔdɔ mu na ɔde nteɛso ma, na ɔnyɛ no abufuw so. Ná Yesu te sɛ n’Agya no, enti ɔno nso, bere a n’asuafo no ante nneɛma ase ntɛm mpo no, wamfa abufuw anteɛ wɔn so.—Mateo 20:20-28; Luka 22:24-30.

Ma yɛnhwɛ sɛnea aberante bi a wɔfrɛ no Ricardo kyerɛɛ anisɔ bere a ohui sɛ Yehowa fi ɔdɔ mu ateɛ no so no. Bere a Ricardo dii asram ason no, ne papa gyaee no hwɛ. Bere a onyin kakra no, ɔtee nka sɛ ohia agya. Ɔyɛɛ nneɛma bɔne bebree, na n’adwene fii ase buu no fɔ. Ohui sɛ ɔbra a ɔwɔ mu no ne Kristofo abrabɔ nhyia, enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ asafo a ɔwɔ mu no mpanyimfo. Mpanyimfo no fi ɔdɔ mu de Bible afotu a ɛfata maa no. Ricardo gyee nteɛso no toom, nanso nneɛma a na wayɛ atwam no de adwennwene ne kɔdaanna bɛtoo ne so, na ɛtɔ da mpo a na adan nusu. Akyiri yi koraa no, ohui sɛ nteɛso a wɔde ama no no kyerɛ sɛ Yehowa dɔ no. Ricardo kaee asɛm a ɛwɔ Hebrifo 12:6 no; ɛka sɛ: “Nea Yehowa dɔ no na ɔteɛ no so.”

Momma yɛnkae sɛ, sɛ yɛka nteɛso a, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ yɛde asotwe bɛma anaa yɛbɛka obi anim. Bible ka sɛ ntetee a wɔde ma nso yɛ nteɛso. Ɛno nti sɛ yedi mfomso a, yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no betumi ama kwan ama ɔhaw a ebefi mu aba no aka yɛn, na ɔnam so de ateɛ yɛn so. Nanso Bible ma yehu sɛ ɔnam nteɛso so tete yɛn, na ɛma yetumi yɛ adepa. (Hebrifo 12:7, 11) Ampa, yɛn Agya no dwen yɛn ho, na yɛn yiye mu nti na ɔteɛ yɛn so.

Yɛn Agya no De Yɛn Honam Fam Nneɛma Ma Yɛn

Agya biara a ɔdɔ ne mma no hwɛ sɛ ɔde wɔn honam fam nneɛma bɛma wɔn. Saa na Yehowa nso te. Yesu kae sɛ: “Mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa.” (Mateo 6:25-34) Yehowa hyɛ bɔ sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.”—Hebrifo 13:5.

Bere a ɔbea bi a wɔfrɛ no Nice kunu adwuma fii ne nsa no, ɔbɛtee saa asɛm no ase paa. Ná ɔbea no agyae n’adwuma a sika wom no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere pii de asom Onyankopɔn na wahwɛ ne mmabea baanu. Afei a ɔbarima no abɛtena fie no, dɛn na na wobedi? Ɔbɔɔ Yehowa mpae. Ade kyee no, ne kunu kɔɔ baabi a na ɔyɛ adwuma no sɛ ɔrekɔsesaw ne nneɛma. Asɛm nwonwa, oduu hɔ ara na n’adwumam panyin no ka kyerɛɛ no sɛ adwuma foforo bi abɛda hɔ, enti obetumi abɛyɛ! Enti da a Nice kunu adwuma fii ne nsa no, n’adekyee pɛpɛɛpɛ na ne nsa kaa adwuma foforo. Nice ne ne kunu daa wɔn soro Agya no ase sɛ nneɛma kɔɔ saa. Wɔn asɛm no kae yɛn sɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma n’asomfo anokwafo nti, ne werɛ remfi wɔn da, na mmom ɔbɛhwɛ wɔn daa.

Ma Yɛnkyerɛ Anisɔ Mma Yɛn Agya no Dɔ

Ɔdɔ a yɛn soro Agya no wɔ ma yɛn paa de, yɛrentumi nka ho asɛm nwie da! Ɔfa akwan pii so ma yehu sɛ ɔyɛ agya a ɔdɔ ne mma. Ogye yɛn tom, ohu yɛn mmɔbɔ, ɔbɔ yɛn ho ban, ɔteɛ yɛn so, na ɔma yɛn nea yehia. Hena na obenya Agya a ɔte saa!

Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ ɔdɔ a yɛn soro Agya no dɔ yɛn no? Yebetumi ayere yɛn ho asua n’atirimpɔw ne ɔno ankasa nso ho ade pii. (Yohane 17:3) Yebetumi ayere yɛn ho ayɛ n’apɛde. (1 Yohane 5:3) Yebetumi nso asua sɛ yɛbɛdɔ afoforo sɛnea ɔdɔ yɛn no. (1 Yohane 4:11) Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi nyinaa a, na yɛrekyerɛ sɛ yebu Yehowa sɛ ɔyɛ yɛn Agya, na yehu sɛ wadi yɛn ni sɛ ɔfrɛ yɛn ne mma.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Bible taa ka Yehowa ho asɛm sɛ agya. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, efi Mateo kosi Luka no, Yesu de asɛm “Agya” dii dwuma mpɛn 65, na ɔde dii dwuma bɛboro mpɛn 100 wɔ Yohane Asɛmpa no mu. Paulo nso frɛɛ Onyankopɔn sɛ “Agya” bɛboro mpɛn 40 wɔ nkrataa a ɔkyerɛwee no mu. Esiane sɛ Yehowa na wama yɛn nkwa nti, yebetumi aka sɛ ɔyɛ yɛn Agya.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

Sɛ yehu sɛnea yɛn agya Yehowa te yiye a, ɛbɛma yɛatumi abɛn no na yɛadɔ no kɛse

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]

Yebetumi akyerɛ sɛ yebu Yehowa sɛ ɔyɛ yɛn Agya, na yehu sɛ wadi yɛn ni sɛ ɔfrɛ yɛn ne mma

[Kratafa 21 adaka/mfonini]

AKWAN PII NA YƐN AGYA YEHOWA NAM SO KYERƐ SƐ ƆDƆ YƐN

OGYE YƐN TOM

OHU YƐN MMƆBƆ

ƆBƆ YƐN HO BAN

ƆTEƐ YƐN SO

ƆBOA YƐN HONAM FAM