Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adɛn na Mpaebɔ Tiefo no Ma Yehu Amane?

Adɛn na Mpaebɔ Tiefo no Ma Yehu Amane?

Adɛn na Mpaebɔ Tiefo no Ma Yehu Amane?

NNIPA binom bɔ mpae nanso wontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Adɛn nti na wɔn tirim nteɛ wɔn? Ebia amanehunu pii a ɛwɔ wiase no ntia. Aba wo tirim pɛn ama woabisa sɛ, Adɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ama yehu amane?

Sɛnea yɛte a bɔne wɔ yɛn ho na yehu amane yi, wugye di sɛ Onyankopɔn hyɛɛ da bɔɔ yɛn saa? Ɛbɛyɛ den sɛ yebenya obu ama onyame a ɔbɛbɔ nnipa sɛ wommehu amane. Wo de susuw saa asɛm yi ho: Sɛ wokɔto sɛ kar mono bi si hɔ fɛfɛɛfɛ na wuhu sɛ ɛho baabi amoa a, wobɛka sɛ nea ɔyɛɛ kar no na ɔhyɛɛ da yɛɛ no saa anaa? Worenka saa da! Nea wobɛka ara ne sɛ, bere a ɔyɛɛ kar no, na ɛnte saa; ɛbɛyɛ sɛ obi na wasɛe no anaa biribi na amoa no.

Yɛn nso sɛ yɛhwɛ sɛnea biribiara ahyehyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ abɔde mu nanso nneɛma ayɛ basaa wɔ asase so na nnipa suban asɛe no a, dɛn na yɛbɛka? Bible kyerɛ sɛ bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa baanu a wodi kan no, na bɔne nni wɔn ho. Akyiri yi na wɔn ankasa sɛee wɔn kwan. (Deuteronomium 32:4, 5) Nanso nea ɛyɛ anigye ne sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obesiesie nea asɛe no na wasan ama nnipa a wotie n’asɛm ayɛ pɛ bio. Saa na ɛte de a, ɛnde adɛn nti na wama akyɛ saa?

Adɛn Nti na Akyɛ Saa?

Ɛno ho mmuae gyina asɛmmisa foforo so. Ɛno ne sɛ: Hena na ɛsɛ sɛ odi nnipa so? Yehowa ammɔ nnipa sɛ wonni wɔn ho so. Ɔno mmom na na obedi wɔn so. Bible ankasa ka sɛ: “Enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa baanu a wodi kan no tew atua tiaa Onyankopɔn tumidi. Wɔn asoɔden no ma wɔbɛyɛɛ abɔnefo. (1 Yohane 3:4) Esiane sɛ wɔbɛyɛɛ abɔnefo nti wɔde amanehunu baa wɔne wɔn mma so.

Yehowa ama nnipa kwan ma wɔadi wɔn ho so mfe mpempem pii, na nea asisi no kyerɛ sɛ nnipa ntumi nni wɔn ho so yiye. Ɛda adi sɛ nnipa nniso nyinaa de amanehunu ba. Emu biako mpo ntumi nyii akokoakoko, nsɛmmɔnedi, ntɛnkyea, ne ɔyare mfii hɔ.

Dɛn na Onyankopɔn Bɛyɛ De Ayi Amanehunu Afi Hɔ?

Bible hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn de wiase foforo a trenee wom bɛba. (2 Petro 3:13) Wɔn a woyi wɔn yam dɔ wɔn nuanom na wɔdɔ Onyankopɔn no nkutoo na wobenya kwan atena hɔ.—Deuteronomium 30:15, 16, 19, 20.

Bio nso, Bible ka sɛ “atemmu” da a ɛreba no, Onyankopɔn beyi amanehunu ne wɔn a wɔde ba no afi hɔ. (2 Petro 3:7) Ɛno akyi no, Yesu Kristo a Onyankopɔn apaw no no bedi asoɔmmerɛwfo so hene. (Daniel 7:13, 14) Dɛn na Yesu ahenni no de bɛba? Bible ka sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11.

Atua a nnipa atew atia “nkwa nsuti” Yehowa no akɔfa ɔhaw pii aba; ebi ne ɔyare, mpanyinyɛ ne owu. (Dwom 36:9) Nanso ɔsoro Hene Yesu beyi saa ɔhaw no nyinaa afi hɔ. Wɔn a wobegye Yesu ahenni no atom no, wɔbɛsa wɔn nyinaa yare. Sɛ Ahenni no ba a, Bible bɔhyɛ a edidi so yi bɛba mu:

◼ “Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’ Wɔde asase no sofo bɔne befiri wɔn.”—Yesaia 33:24.

◼ ‘Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:4.

So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn bɛma amanehunu nyinaa afi hɔ nnansa yi ara? Seesei de, wama amanehunu ho kwan, nanso ɛno nkyerɛ sɛ yɛbɔ mpae a, ɔrentie.

Onyankopɔn wɔ hɔ. Wokasa a, ɔte, na wusi apini di abooboo nso a, egu n’asom. Onim sɛ ɛtɔ da a wo tirim nteɛ wo wɔ nneɛma bi ho na wudi yaw, nanso ɛyɛ ne koma so ade sɛ obeyi ne nyinaa afi hɔ.