Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Hena paa na odi wiase yi so?

Sɛ Onyankopɔn na odi wiase so a, anka amanehunu bebu so saa?

Nnipa pii gye di sɛ nokware Nyankopɔn no na odi wiase yi so. Nanso, sɛ saa na ɛte a, wohwɛ a anka amanehunu bɛhyɛ asase so ma saa? (Deuteronomium 32:4, 5) Bible ma yehu sɛ ɔbɔnefo bi na ɔredi wiase so.Kenkan 1 Yohane 5:19.

Ɛbaa no sɛn na ɔbɔnefo bi nyaa nnipa so tumi? Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ankyɛ na ɔbɔfo bi tew Onyankopɔn so atua. Saa ɔbɔfo no hyɛɛ nnipa baanu a wodi kan no kutupa sɛ wɔn nso wɔntew Onyankopɔn so atua. (Genesis 3:1-6) Nnipa baanu a wodi kan no tiee nea saa ɔbɔfo tuatewfo, Satan, ka kyerɛɛ wɔn no. Nea wɔyɛe no nti, wɔbɛhyɛɛ Satan tumi ase. Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nkutoo ne obi a ɔfata sɛ odi nnipa so, nanso ɔnhyɛ nnipa sɛ wontie no. Mmom nea ɔpɛ ne sɛ, nnipa a wɔdɔ no befi wɔn pɛ mu atie no. (Deuteronomium 6:6; 30:16, 19) Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔadaadaa nnipa dodow no ara ma wɔakodi nnipa baanu a wodi kan no asoɔden akyi.—Kenkan Adiyisɛm 12:9.

Hena na obeyi nnipa haw afi hɔ?

So Onyankopɔn bɛma Satan nniso bɔne no atena hɔ? Dabi! Nneɛma a Satan asɛe no nyinaa, Onyankopɔn nam Yesu so besiesie.Kenkan 1 Yohane 3:8.

Onyankopɔn bɛma Yesu tumi ma wasɛe Satan. (Romafo 16:20) Ɛno akyi no, Onyankopɔn bedi nnipa nyinaa so. Ɔbɛhwɛ ama adesamma anya asetena a anigye ne asomdwoe wom; ɛno ne asetena a anka ɔpɛ sɛ nnipa nya.Kenkan Adiyisɛm 21:3-5.