Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Daakye Asɛm—Hena na Onim?

Daakye Asɛm—Hena na Onim?

Yɛn nyinaa dwen nea ɛbɛba daakye ho. Ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yehu sɛnea yɛne yɛn adɔfo asetena bɛyɛ. Yebisa nsɛm bi te sɛ: ‘Ebesi me mma yiye daakye? Atoyerɛnkyɛm bi bɛba abɛsɛe wiase anaa? Dɛn na metumi ayɛ no nnɛ na ama ɔkyena asi me yiye?’ Yebisa nsɛm a ɛtete saa a, ɛnyɛ nwonwa efisɛ sɛnea wɔbɔɔ yɛn nti, bere nyinaa yɛpɛ nea ɛbɛma yɛn koma atɔ yɛn yam sɛ biribiara da dinn. Sɛ wunim daakye asɛm a, anka ɛbɛma woasiesie wo ho asie.

Enti, wunim nea ebesi w’abrabɔ mu daakye? Hena na onim? Nhwehwɛmufo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka nea ebesi daakye no, nea wɔka no bi ba mu nanso fã kɛse no ara mma mu. Nanso Onyankopɔn de, wɔka sɛ ɔyɛ obi a otumi ka daakye asɛm ma ɛba mu pɛpɛɛpɛ. N’Asɛm Bible ka sɛ: “Me na mifi mfiase ka awiei asɛm, na mifi tete ka nea ensii.” (Yesaia 46:10) Ɛyɛ ampa sɛ nea ɔka nyinaa ba mu anaa?

ONYANKOPƆN NKƆMHYƐ NYINAA BA MU ANAA?

Adɛn nti na ɛho hia sɛ wohwehwɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛ mu hwɛ sɛ ɛba mu anaa ɛmma mu? Fa no sɛ obi wɔ hɔ a ɔkyerɛ sɛnea ewim tebea bɛyɛ; wayɛ adwuma no akyɛ, na ɔka sɛ osu bɛtɔ a, ɛtɔ, ɔka sɛ owia bɛbɔ a, ɛbɔ. Sɛ saa nipa yi ka sɛ ɔkyena osu bɛtɔ a, anka worennye nni? Saa ara na ɛte wɔ Onyankopɔn fam. Wuhu sɛ wahyɛ nkɔm pii ama aba mu pɛpɛɛpɛ a, ɛbɛma wode w’adwene akɔ nea waka sɛ ebesi daakye no so.

Ɔfasu bi a wɔasan ato wɔ tete Niniwe a ɛdanee amamfõ no

WƆBƐSƐE KUROW KƐSE BI:

Yɛmfa no sɛ kurow kɛse bi adi tumi mfe pii. Sɛ obi tumi hyɛ nkɔm sɛ kurow no bɛsɛe, na ɛba mu ampa a, wunnye nni sɛ ɛbɛyɛ nwonwa paa? Onyankopɔn yɛɛ biribi saa. Ɔnam ne diyifo bi so hyɛɛ nkɔm sɛ Niniwe bɛsɛe. (Sefania 2:13-15) Dɛn na abakɔsɛm akyerɛwfo aka afa saa asɛm no ho? Wɔkyerɛ sɛ, bɛyɛ mfe 2,600 ni no, Babilonfo ne Mediafo kɔtow hyɛɛ Niniwe kurow  no so sɛee no pasaa. Enti bere a Onyankopɔn hyɛɛ nkɔm no, edii mfe bɛyɛ 15 ansa na ɛreba mu. Afei nso, Onyankopɔn hyɛɛ nkɔm sɛ Niniwe kurow no bɛyɛ “wosee sɛ sare so.” Saa nkɔmhyɛ yi baa mu anaa? Yiw. Tete no, sɛ nkurɔfo di kurow kɛse bi so a, na wɔtaa kora kurow no ne emu nneɛma bi so. Nanso anwonwasɛm ne sɛ, kurow kɛse Niniwe (ne tenten ne ne kɛse bɛyɛ kilomita 518) de, wɔn a wɔtow hyɛɛ so no sɛee no pasaa. Wohwɛ a, onimdefo bɛn na obetumi ahyɛ nkɔm ma aba mu pɛpɛɛpɛ saa?

WƆBƐHYEW NNIPA NNOMPE:

Hena na obedwen ho mpo sɛ ɔbɛhyɛ nkɔm sɛ mfe 300 akyi wɔbɛhyew nnipa nnompe wɔ afɔremuka bi so, na kampɛsɛ wabɔ dawuru abɔ onipa pɔtee a ɔbɛyɛ saa no din? Hena na obetumi ahyɛ nkɔm saa na wasan akyerɛ abusua a onipa no befi mu ne kurow a wobesi afɔremuka no wom? Obi tumi hyɛ nkɔm saa a, anka obegye din sɛ. Onyankopɔn diyifo hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛwo ɔbabarima Dawid fie, na wɔbɛfrɛ no Yosia! Na . . . ɔbɛhyew nnipa nnompe wɔ” afɔremuka bi so wɔ kurow a wɔfrɛ no Betel mu. (1 Ahene 13:1, 2) Nkɔmhyɛ no akyi bɛyɛ mfe ahasa no, wɔwoo obi a ɔbɛyɛɛ ɔhene. Ná ofi Dawid abusua mu, na wɔde edin Yosia a ɛntaa mpue Bible mu na ɛtoo no. Yosia soma “ma wɔkɔfaa adamoa no mu nnompe bɛhyewee wɔ afɔremuka” a ɛwɔ Betel no so, na saa pɛpɛɛpɛ nso na nkɔmhyɛ no kae. (2 Ahene 23:14-16) Sɛ obi a ne tumi boro nnipa de so nsa nni mu a, ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ahyɛ nkɔm ma aba mu pɛpɛɛpɛ saa?

Adiyifo bi a Bible aka wɔn ho asɛm hyɛɛ Babilon sɛe ho nkɔm, na ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ

AHEMMAN BI BEGU:

Fa no sɛ obi ahyɛ onipa bi ho nkɔm abɔ ne din bere a wonnya nwoo saa onipa no mpo. Nkɔmhyɛ no kyerɛe sɛ onipa no betu wiase ahemman kɛse bi agu, na ɛkyerɛɛ ɔkwan pɔtee a ɔbɛfa so ayɛ saa; ɔkwan no nso, na ɛnyɛ ɔkwan a wɔtaa de di dwuma wɔ ɔko mu. Anka ɛbɛyɛ nwonwa paa, ɛnte saa? Onyankopɔn kaa sɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Kores bɛko adi ɔman bi so nkonim. Ɔkae nso sɛ Kores begyae Yudafo a wɔwɔ nkoasom mu no, na waboa wɔn ma wɔasan asi wɔn asɔrefie kronkron no. Afei nso, Onyankopɔn kae sɛ ɔkwan a Kores bɛfa so adi nkonim no, ebi ne sɛ Kores  bɛma nsubɔnten ayoyow. Ɔkaa bio sɛ wobebuebue kurow no apon ato hɔ, na ɛno bɛma Kores adi nkonim a ɔremmrɛ ho. (Yesaia 44:27–45:2) Nsɛm bebree a na ɛwɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛ mu no, ne nyinaa baa mu anaa? Abakɔsɛm akyerɛwfo adwene hyia sɛ ampa, Kores dii kurow no so nkonim. Wɔkyerɛ sɛ, Kores asraafo no yɛɛ biribi a ɛyɛ nwonwa; wotutuu nsuka maa Babilon asubɔnten no faa mu kɔɔ baabi foforo. Enti yɛbɛka a, wɔmaa nsubɔnten yoyowee. Bio nso, asraafo no hyɛn kurow no mu a obiara ansiw wɔn kwan efisɛ na wɔabuebue kurow no apon ato hɔ. Akyiri yi, Kores gyaee Yudafo no, na ɔkae sɛ wobetumi asan akosi wɔn asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no. Ɛno de na ɛyɛ nwonwa paa, efisɛ na Kores nsom Yudafo Nyankopɔn no bi. (Esra 1:1-3) Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn a, hena bio na obetumi ahyɛ nneɛma a esisii yi nyinaa ho nkɔm ama aba mu saa?

Sɛnea Onyankopɔn ka daakye asɛm ma ɛba mu pɛpɛɛpɛ no, emu abiɛsa pɛ na yɛaka ho asɛm yi. Yuda man no kannifo Yosua kaa asɛm bi kyerɛɛ ɔman no, na na ɔman no nim sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Ɔkaa sɛ: “Munim mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn aka akyerɛ mo no mu asɛm biako mpo ntɔɔ fam. Ne nyinaa aba mu; biako mpo ntɔɔ fam.” (Yosua 23:1, 2, 14) Yosua manfo no, na wonim paa sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ne ne nkɔmhyɛ nyinaa ba mu. Nanso dɛn na ɛma Onyankopɔn nkɔmhyɛ ba mu pɛpɛɛpɛ saa? Yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn yɛ n’ade ne sɛnea nnipa nso yɛ wɔn ade a, yehu nsonsonoe kɛse. Ɛho hia sɛ wuhu eyi, efisɛ Onyankopɔn aka sɛ nsɛm bi rebesisi nnansa yi ara; saa nsɛm no, wuyi wo ho fi mu a ɛnyɛ yiye.

ONYANKOPƆN NKƆMHYƐ NE NEA NNIPA KA

Ansa na nnipa bɛka daakye asɛm no, gye sɛ wɔahwɛ nea nhwehwɛmufo aka, nea asisi dedaw ne nea ɛrekɔ so ho nkontaabu, anaa wɔatie wɔn a wose wonim sunsum mu nsɛm. Sɛ nnipa ka sɛ biribi besi daakye a, nea wotumi yɛ ara ne sɛ, wɔpɛ baabi tena hwɛ sɛ nea wɔaka no bɛba mu anaa.—Mmebusɛm 27:1.

Onyankopɔn de, onim biribiara. Onim sɛnea nnipa te ne nea ɛwɔ nnipa komam, enti ɔpɛ a, obetumi ahu sɛnea ankorankoro binom ne aman mpo bɛyɛ wɔn ade daakye. Nanso Onyankopɔn tumi yɛ nea ɛsen saa. Otumi sakra nneɛma mu ma n’asɛm ba mu. Ɔka sɛ: ‘Asɛm a efi m’anom rensan mma me nkyɛn kwa, na ebewie nea enti a mesomae no.’ (Yesaia 55:11) Enti ɛtɔ da a, Onyankopɔn nkɔmhyɛ no bi yɛ nea ɔbɛyɛ no daakye a ɔde to gua. Ɔhwɛ hu sɛ nea ɔka biara bɛba mu pɛpɛɛpɛ.

WO DAAKYE

Ɔkwan pa bi wɔ hɔ a wo ne w’adɔfo betumi afa so ahu sɛnea mo asetena bɛyɛ daakye anaa? Sɛ wudi kan nya no ntee sɛ mframa gyampanturudu bi rebɔ ba baabi a wote a, wubetumi ayɛ biribi de abɔ wo ho ban. Saa ara na Bible nkɔmhyɛ te; wudi kan hu a, wubetumi atu ho anammɔn. Onyankopɔn aka sɛ nsakrae akɛse bi rebɛba wiase nyinaa nnansa yi ara. (Hwɛ adaka a wɔato din “ Nea Onyankopɔn Aka Afa Daakye Ho.”) Ɛsono daakye a yɛreka yi, ɛnna ɛsono nea wɔn a wɔfrɛ wɔn abenfo ka sɛ ɛbɛba no.

Wubetumi asusuw ho saa kwan yi so: Wiase asetena ayɛ sɛ asɛm bi a wɔakyerɛw ato hɔ dedaw. Yenim ne mfiase, na yebetumi ahu n’awiei. Onyankopɔn aka sɛ: “Me na mifi mfiase ka awiei asɛm, . . . na meka sɛ, ‘Me tirimbɔ begyina, na nea ɛsɔ m’ani biara mɛyɛ.’” (Yesaia 46:10) Wo ne w’abusua betumi anya daakye a ɛyɛ anigye. Ma Yehowa Adansefo nkyerɛ wo nea Bible aka afa daakye ho. Adansefo no nyɛ nkurɔfo a wɔka sunsum mu nsɛm. Wɔnka sɛ wɔte ahonhom nne anaasɛ wɔwɔ tumi soronko bi a ɛma wotumi ka daakye asɛm. Mmom, wɔyɛ nkurɔfo a wosua Bible, na wobetumi akyerɛ wo nneɛma pa pii a Onyankopɔn gu so reyɛ ama woanya no daakye.