Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Adɛn nti na tete no, sɛ wɔrekum abɔnefo a wobubu wɔn nan mu?

Bible ka ɔkwan a wɔfaa so kum Yesu ne abɔnefo baanu wɔ dua so no ho asɛm sɛ: “Yudafo no srɛɛ Pilato sɛ ɔmma wommubu wɔn nan mu na wonyi amu no mfi hɔ.”—Yohane 19:31.

Yudafo mmara kyerɛe sɛ, sɛ wokum ɔbɔnefo na wɔde n’amu sɛn dua so a, wɔmmma amu no “nnsɛn dua so mmma ade nnkye so.” (Deuteronomium 21:22, 23) Ɛbɛyɛ sɛ bere a Romafo di Yudafo so no, sɛ Romafo no kum obi wɔ dua so a, na Yudafo no de mmara koro no ara yɛ adwuma. Enti Yudafo no srɛɛ Pilato sɛ ɔmma wommubu mmarima no nan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobewu ntɛm na ama wɔatumi asie wɔn ansa na owia akɔtɔ ama Homeda afi ase.

Ɔkwan a na wɔtaa fa so kunkum abɔnefo ne sɛ, wɔde nnadewa bobɔ wɔn nsa ne wɔn nan mu fam dua ho. Wowie a, wɔma dua no so de si hɔ. Ɛba no saa a, dadewa no nko ara na ekura onipa no mu, enti ɛma ohu amane paa. Sɛ obetumi ahome nso a, gye sɛ ɔtwe ne mu. Nanso sɛ wobubu ne nan mu a, ɔrentumi ntwe ne mu nhome yiye, na ɛno betumi akum no. Ɛno ankum no a, mogya a entumi nni aforosian yiye nti, obetumi awu ntɛm.

Sɛn na tete no wɔde ataabo dii dwuma wɔ ɔko mu?

Ataabo na Dawid de kum ɔbran Goliat. Ɛbɛyɛ sɛ Dawid suaa ataabo no tow bere a na ɔyɛ oguanhwɛfo no.—1 Samuel 17:40-50.

Ɔdan ho mfonini bi. Asiriafo kurakura ataabo retow ahyɛ Yudafo kurow bi a wɔagye ho ban so

Tete Egyptfo ne Asiriafo yeyɛɛ ataabo ho mfonini pii. Ná ataabo yɛ aboa nhoma a wɔde ahama abien aso ha aso ha. Aboba kurukuruwa a ɛho yɛ toromtorom na na wɔde hyɛ ataabo no mu tow. Aboba no biara kɛse bɛyɛ sɛ akutu nanso emu yɛ duru kyɛn akutu. Sɛ obi retow ataabo no a, ɔma so kɔ soro paa him n’abasa kɔ ba saa ara, na wagyae ahama no biako mu, na agye hwii akɔbɔ baabi a ɔde bɛkyerɛ no pɛpɛɛpɛ.

Wɔatutu fam wɔ Mediterranea Apuei fam akohu ataabo pii a wɔde dii ako wɔ tete mmere mu. Ɛbɛyɛ sɛ na akofo a wonim ataabo tow paa no tumi tow ma aboba no kɔ ntɛm araa ma sɛ ɛnnɛ a, anka ebesian kar mpo ho. Abenfo bi ka sɛ na ataabo no tumi du akyiri te sɛ agyan. Ɛwom sɛ abenfo bi nnye ntom saa de, nanso sɛnea na etumi di awu no de, wɔn nyinaa gye tom sɛ ɛne agyan yɛ pɛ.—Atemmufo 20:16.