Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SUASUA WƆN GYIDI | TIMOTEO

“Me Ba Dɔfo ne Ɔnokwafoɔ Awurade Mu”

“Me Ba Dɔfo ne Ɔnokwafoɔ Awurade Mu”

NÁ Timoteo te Listra; ɔne ne maame ne ne nanabaa na na ɛte. Afei twa ho mfoni hwɛ sɛ Timoteo asɔre anɔpa asi kwan so refiri fie akɔ baabi a ɔnnim. Wohwɛ no a, wohu sɛ n’adwene nyinaa si nea ɛda n’anim no so. Ɛnyɛ ɔno nko ara na ɛnam, ɔne ne mfɛfo bi na asi kwan so rekɔ. Ɔkwan a wɔnam so no, Timoteo nim so paa, nanso ɔdi ne mfɛfo no akyi. Wɔrekɔ nyinaa na wɔregya Listra kuro a ɛda kokoɔ so wɔ bɔn mu no wɔ wɔn akyi. Timoteo hu sɛ ne maame ne ne nana ani agye paa, nanso ayɛ wɔn susere. Timoteo nyɛ dɛn? Ɔntwa n’ani nyɛ wɔn baa-bae anaa?

Ɛwɔ hɔ ara a na ɔsomafo Paulo atwa n’ani ahwɛ Timoteo asere akyerɛ no. Ná Paulo nim sɛ Timoteo fɛre adeɛ, nanso ɔhwɛ sɛnea ɔde ahokeka di wɔn akyi no a, na n’ani agye paa. Ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo adi mfe 20, enti na ɔyɛ aberantewa, na na ɔpɛ Paulo asɛm paa. Paulo nso, na ɔyɛ obi a ɔmfa ne som nni agorɔ koraa; obi a ɔte sei na afei Timoteo anya hokwan ne no nam yi. Ná ɔne Paulo bɛtutu akwan akɔ akyirikyiri. Akwantu no bi wɔ hɔ a, na wɔbɛfa fam, ebi nso wɔ hɔ a, wɔbɛfa nsuo so; ne nyinaa mu no na wɔremfa no ahogono koraa. Timoteo rekɔ nyinaa, sɛ ɔbɛsan aba ne kurom bio oo, ɔnsan mma bio oo, na ɔnnim.

Dɛn paa na ɛpusuu aberantewa no maa ɔkɔyɛɛ saa adwuma yi? Dɛn koraa na na ɔbɛnya? Timoteo gyidi no bɛtumi aboa yɛn sɛn?

“WOFIRI WO MMƆFRAASE”

Wo deɛ, yɛnkɔ yɛn akyi kakra nkɔhwɛ mfe mmienu anaa mmiɛnsa a atwam no. Afei yɛmfa no sɛ Listra yɛ Timoteo kurom. Ná Listra yɛ kuro ketewaa bi a ate ne ho da bɔn mu, na na asase no yɛ asase pa. Ɛbɛyɛ sɛ na Listrafo no te Hela kasa, nanso na wɔka ɛhɔ kasa a wɔfrɛ no Likaonia. Bere bi, ɔsomafo Paulo ne ne yɔnko Barnaba a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo fi Ikoniom kɔɔ Listra; Ikoniom deɛ ɛhɔ so sene Listra. Wɔduu hɔ no, biribi sii maa kuro a anka ɛhɔ yɛ dinn no yɛɛ gyegyeegye. Asɛm no ne sɛ, na Paulo ne Barnaba reka asɛm akyerɛ nkurɔfo wɔ kuro no mu, na obubuafo bi kyerɛɛ asɛm no mu gyidi. Enti Paulo yɛɛ anwonwade saa no yareɛ!—Asomafoɔ Nnwuma 14:5-10.

Saa bere no, na Listrafo wɔ gyidi bi sɛ anyame tumi yɛ wɔn ho sɛ nnipa ba kurom. Enti ebinom nyaa adwene sɛ gyama Paulo yɛ nyame Hermes ɛnna Barnaba yɛ nyame Seus! Afei nkurɔfo no yɛɛ sɛ wɔbɛbɔ afɔre ama Paulo ne Barnaba, nanso na saa Kristofo mmienu yi mpɛ sɛ wɔgye anuonyam ma wɔn ho, enti wɔampene.—Asomafoɔ Nnwuma 14:11-18.

Listrafo bi deɛ, wɔamfa Paulo ne Barnaba sɛ wɔyɛ anyame. Mmom wɔfaa no sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wɔde asɛmpa rebrɛ wɔn. Saafo no bi ne Eunike ne ne maame Lois. Ná wɔyɛ Yudafo, nanso na Eunike ware Helani * barima bi a ɔnsom Onyankopɔn. Wɔtiee Paulo ne Barnaba asɛm no guu aso pa mu. Saa bere no, asɛm baako pɛ na na Yudani biara a ɔmfa ne som nni agorɔ repɛ ate. Ɛne sɛ Mesia no aba na wama nkɔmhyɛ ahorow a wɔakyerɛw afa ne ho wɔ Kyerɛwnsɛm mu no nyinaa aba mu. Ɛno ara nso ne asɛm a na ɛda Paulo ne Barnaba ano!

Paulo nsrahwɛ no boaa Timoteo paa. Ná wɔde kyerɛw kronkron no atete Timoteo ‘firi ne mmɔfraase’ ma wahu Hebri Kyerɛwsɛm no. (2 Timoteo 3:15) Timoteo dii ne maame ne ne nana anammɔn akyi pɛɛ; ɔno nso gyee Paulo ne Barnaba asɛm no dii. Ɔhuu sɛ Paulo ne Barnaba reka Mesia no ho nokwasɛm. Wo deɛ yɛnhwɛ obubuafo a Paulo saa no yareɛ no. Ná ɔtaa tena Listra kuro no abɔnten, na ɛbɛyɛ sɛ ɛfiri Timoteo mmofraase nyinaa na ɔhu no. Afei da koro Timoteo nkɔhwɛ a, ɔbarima yi na wasɔre renantew yi! Weinom nyinaa ka ho bi na Eunike ne Lois ne Timoteo bɛyɛɛ Kristofo no. Ɛnnɛ nso nea Eunike ne Lois yɛe no, awofo ne nanafoɔ bɛtumi asuasua. Sɛ woyɛ ɔwofo a, mmofra bɛtumi ahwɛ wo asuasua wo anaa?

“AHOHIA BEBREE MU”

Wɔn a wɔbɛyɛɛ Kristo asuafo wɔ Listra no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyee anidaso a na Kristo akyidifo wɔ no ho. Nanso wɔhuu sɛ sɛ wɔbɛyɛ asuafo a, wɔbɛfa ahohia bebree mu. Bere bi sei, nnipa bi a Yudasom adi wɔn ti fii Ikoniom ne Antiokia baa Listra, na wɔbɛtutu guu wɔn asom maa wɔsɔre tiaa Paulo ne Barnaba. Wei nti, anni gyina koraa na nkurɔfo bɛtu guu Paulo so sii no aboɔ. Wɔsii no aboɔ ara maa ɔhwee fam. Ɛduu baabi no, nkurɔfo no susuu sɛ Paulo awu, enti wɔtwee no kɔtoo kuro no akyi.—Asomafoɔ Nnwuma 14:19.

Nanso, asuafo a wɔwɔ Listra no kɔɔ baabi a Paulo da no kɔtwaa ne ho hyiae. Bere a Paulo kekaa ne ho na ɔde akokoduru sɔre san kɔɔ Listra kuro no mu bio no, wo deɛ hwɛ sɛnea asuafo no koma bɛtɔ wɔn yam! Ade kyee no, ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe kɔkaa asɛm no. Ɛhɔ nso wɔnyaa asuafo foforo na wɔde wɔn nkwa too asiane mu bio kɔɔ Listra. Adɛn nti na wɔyɛɛ saa? Bible kyerɛ mu sɛ wɔkɔhyɛɛ “asuafoɔ no akra den, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena gyidie no mu.” Paulo ne Barnaba kyerɛkyerɛɛ Kristofo no sɛ daakye wɔbɛhyɛ wɔn anuonyam, enti amane a wɔrehu no nyinaa, wɔn brɛ renyɛ kwa. Saa bere yi nyinaa ɛbɛyɛ sɛ na Timoteo ayiyi n’asom retie. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛtwa sɛ yɛfa ahohia bebree mu de kɔ Onyankopɔn ahennie mu.”—Asomafoɔ Nnwuma 14:20-22.

Timoteo tiee ɔsomafo Paulo nkyerɛkyerɛ no guu aso pa mu

Paulo ankasa nso faa ahohia pii mu kaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo, enti Timoteo hui sɛ asɛm a wɔkae no, wɔanka no kwa. Ná Timoteo nim sɛ sɛ ɔdi Paulo anammɔn akyi a, Listrafo ne ne papa mpo bɛtu wɔn ani asi ne so. Nanso na Timoteo asi ne bo sɛ sɛnea ɔpɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn no, ɔremma saa ahunahuna no nsesa n’adwene. Ɛnnɛ, mmerante ne mmabaa pii wɔ hɔ a wɔte sɛ Timoteo. Wɔn nso, sɛ wɔrepɛ nnamfo a, wɔde wɔn ani to fam fa nnamfo a wɔmfa wɔn som nni agorɔ. Saa nnamfo no tumi boa wɔn ma wɔsom Onyankopɔn yie. Mmerante ne mmabaa yi asi wɔn bo sɛ sɛ nkurɔfo sɔre tia wɔn mpo a, wɔbɛkɔ so asom nokware Nyankopɔn no!

‘ANUANOM KAA NE HO ASƐMPA’

Yɛahu sɛ bere a Paulo kɔɔ Listra no, ɛdii mfe mmienu anaa mmiɛnsa ansa na ɔresan akɔ hɔ; saa bere yi deɛ ɔne Silas na na ɛnam. Bere a wɔkɔduu Timoteo abusuafo hɔ no, anigye deɛ, na wɔfa no kwa. Paulo nso ani gyee paa, efisɛ ɔhuu sɛ asɛmpa no a ɔkɔkaa wɔ Listra no aso aba pa. Ná Lois ne ne babaa Eunike abɛyɛ Kristofo mapa, na na wɔwɔ gyidi a “nyaatwom nnim.” Wɔn gyidi no, na ɛyɛ Paulo fɛ paa. (2 Timoteo 1:5) Timoteo nso, Paulo huu no sɛn?

Paulo huu sɛ afei deɛ Timoteo ho akokwa paa. Ɛnyɛ anuanom a wɔwɔ Listra no nko ara na ‘wɔkaa Timoteo ho asɛmpa,’ anuanom a wɔwɔ Ikoniom nso kaa ne ho asɛmpa. Ná Ikoniom wɔ Listra atifi fam, na kilomita 32 (akwansin 20) na ɛda nkuro mmienu no ntam. (Asomafoɔ Nnwuma 16:2) Ɛyɛɛ dɛn na Timoteo nyaa din pa saa?

Timoteo “mmɔfraase” pɛɛ na ne maame ne ne nanabaa de “atwerɛ kronkron no” kyerɛkyerɛɛ no, enti wɔkyerɛɛ no sɛnea ɛsɛ sɛ aberante bɔ ne bra. (2 Timoteo 3:15) Nea wɔkyerɛkyerɛɛ Timoteo no baako ne “kae wo Bɔfo Kɛseɛ no, wo mmeranteberɛ mu.” (Ɔsɛnkafoɔ 12:1) Bere a Timoteo bɛyɛɛ Kristoni no, ɔtee saa asɛm no ase paa. Ɔhuu sɛ ade baako paa a ɔbɛtumi ayɛ de akae ne Bɔfo Kɛseɛ no ne sɛ ɔbɛka Kristo, Onyankopɔn Ba no ho asɛmpa akyerɛ nkurɔfo. Ná Timoteo fɛre adeɛ, nanso nkakrankakra, ɔbɛnyaa akokoduru a na ɔtumi de ka Yesu Kristo ho asɛmpa kyerɛ nkurɔfo.

Nkɔsoɔ a Timoteo nyae no, na asafo mu mpanimfoɔ no ani tua. Wɔhuu sɛ Timoteo tumi de afotu pa ma obiara, na ɔtumi hyɛ nkurɔfo nkuran; wei maa mpanimfoɔ no ani gyei. Ɛnyɛ mpanimfoɔ no nko ara na wɔhuu Timoteo mmɔdemmɔ, Yehowa nso hui, na ɔmaa wɔhyɛɛ nkɔm faa ne ho. Ebia adwuma a daakye ɔbɛyɛ wɔ asafo ahorow mu no, ɛno ho nkɔm na Onyankopɔn maa wɔhyɛe. Bere a Paulo kɔɔ Listra no, ɔhuu sɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho a, ɔbɛboa no paa wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu. Anuanom a wɔwɔ Listra no ampopo wɔn ti koraa; wɔde wɔn nsa guu aberante no so. Ɛno kyerɛ sɛ wɔayi no de adwuma titiriw bi ahyɛ ne nsa wɔ Yehowa Nyankopɔn som mu.—1 Timoteo 1:18; 4:14.

Ɛbɛyɛ sɛ adwuma a wɔde hyɛɛ Timoteo nsa no maa ne ho dwirii no, na ɔtee nka sɛ ɔnsɛ mfata adwuma kɛse saa. Nanso Timoteo sɔɔ adwuma no mu. * Afei deɛ, na Timoteo rebɛtutu akwan akɔhyɛ ne nuanom Kristofo den. Ná ne papa nyɛ gyidini, enti wohwɛ a dɛn na papa no bɛyɛ wɔ asɛm no ho? Ɔno deɛ, ɛbɛyɛ sɛ na biribi foforo koraa na ɔpɛ sɛ ne ba no yɛ daakye. Timoteo maame ne ne nanabaa nso ɛ? Ebia na ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔn ba no rekɔ, nanso na wɔredwene ne daakye nso ho. Sɛ ɛte saa mpo a, ɛyɛ ne kwan so.

Nea yɛbɛtumi aka paa ne sɛ, Timoteo kɔe. Asɛm yi mfiaseɛ pɛɛ na yɛkaa sɛ, da koro anɔpa bi, Timoteo buu ne kɛtɛ mu ne ɔsomafo Paulo fii akwantu bi ase. Wɔfirii Listra no, ɛbɛyɛ sɛ kwan a wɔfaa so no, na ɛso afu. Timoteo nam kwan so rekɔ nyinaa, anammɔn biara a ɔtui no, na ɛkyerɛ sɛ ɔrefiri fie akɔ baabi a ɔnnim. Mmarima mmiɛnsa no twaa kwantenten kɔduu Ikoniom. Ná akwankyerɛ kuo a ɛwɔ Yerusalem de akwankyerɛ foforo ama Paulo ne Silas. Enti wɔduu Ikoniom no, wɔde saa akwankyerɛ no maa gyidifo no, na wɔhyɛɛ wɔn den. Sɛnea wɔyɛɛ no no, Timoteo hui. (Asomafoɔ Nnwuma 16:4, 5) Nanso, na ɔnnya nhuu hwee koraa.

Asɛmpatrɛwfo yi faa akwan a Romafoɔ ayɛ no so kɔɔ Galatia kɔsrasraa asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no. Ɛno akyi no, wɔtwaa akwansin pii faa Frigia de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam, na afei wɔdanee wɔn ho de wɔn ani kyerɛɛ benkum so. Onyankopɔn honhom kronkron kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ Troa; ɛhɔ na wɔfaa po so hyɛn kɔɔ Makedonia. (Asomafoɔ Nnwuma 16:6-12) Saa bere no na Paulo huu sɛ Timoteo bɛtumi aboa no paa. Wɔkɔduu Beroia no, Paulo gyaa Timoteo ne Silas wɔ hɔ. (Asomafoɔ Nnwuma 17:14) Bere bi mpo deɛ, Paulo somaa Timoteo nko ara kɔɔ Tesalonika. Ɛbɛsi saa bere yi na Timoteo ne Paulo ne Silas anante kakra, enti na wasua pii afiri wɔn hɔ. Wei boaa no maa ɔtumi hyɛɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ no den.—1 Tesalonikafoɔ 3:1-3.

Akyiri yi, Paulo kaa Timoteo ho asɛm sɛ: “Menni obiara a ne suban te sɛ ɔno a ɔbɛyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma saa.” (Filipifoɔ 2:20) Din pa a Timoteo nyae no, na ɛsɛ fata. Ná Timoteo bɔ ne ho mmɔden, ɔbrɛ ne ho ase, na sɛ nneɛma nkɔ yie mpo a, n’aba mu mmu. Enti sɛ mmerante ne mmabaa a wɔwɔ hɔ nnɛ repɛ obi asuasua no a, ɛnneɛ wɔnhwɛ Timoteo nsuasua no! Monkae sɛ, sɛ mobɛnya din pa a, ɛne mo ara. Sɛ woyɛ aberante anaa ababaawa a, nneɛma bebree wɔ hɔ a wobɛtumi ayɛ de anya din pa. Ebi ne sɛ wobɛma Yehowa Nyankopɔn som ahia wo asene biribiara, wobɛyi wo yam ama afoforo, na woadi wɔn ni.

“BƆ MMƆDEN BIARA BRA ME NKYƐN NTƐM”

Timoteo dii bɛyɛ mfe 20 no, ɔtuu ne ho mae yɛɛ Kristofo som adwuma no

Timoteo ne n’adamfo Paulo boom yɛɛ adwuma bɛboro mfe 14. Anigye mu oo, awerɛhoɔ mu oo, na ɔne Paulo ara. (2 Korintofoɔ 11:24-27) Ɛduu baabi no, ɔsom adwuma no nti, wɔkyeree Timoteo kɔtoo afiase. (Hebrifoɔ 13:23) Sɛnea na Paulo dɔ ne nuanom Kristofo na ɔdwene wɔn ho no, saa ara na na Timoteo nso te. Ɛno nti na Paulo kyerɛw kɔmaa no sɛ: “Mekae wo nisuo” no. (2 Timoteo 1:4) Timoteo nso, ɛbɛyɛ sɛ na nkurɔfo haw yɛ ne haw, na na ‘ɔne wɔn a wɔsu su,’ enti ɔtumi hyɛɛ wɔn nkuran kyekyee wɔn werɛ. (Romafoɔ 12:15) Wei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa sua!

Ɛdi sɛ Timoteo bɛyɛɛ asafo mu panin a na ɔntoto n’adwuma ase no! Ɛno nti, Paulo ma ɔkɔsrasraa asafo ahorow no hyɛɛ wɔn den. Afei nso ɔmaa ɔpaw mmarima a wɔfata maa wɔsomee sɛ asafo mu mpanimfoɔ ne asomfo.—1 Timoteo 5:22.

Ná Timoteo da Paulo koma so paa, enti na ɔtu Timoteo fo sɛ ne ba. Bere bi ɔtuu no fo sɛ Onyankopɔn akyɛde a wanya no, ɔmma n’ani nku ho na ama wanya nkɔso. (1 Timoteo 4:15, 16) Yɛnim sɛ na Timoteo yɛ aberante, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔfɛre ade, enti Paulo hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmfa ne nan nsi fam na ɔntenetene nneɛma. (1 Timoteo 1:3; 4:6, 7, 11, 12) Esiane yafunu yareɛ bi a na abɛsoɛ Timoteo so nti, Paulo tuu no fo maa ɔhuu nea ɔbɛyɛ de ako yareɛ no.—1 Timoteo 5:23.

Ɛduu baabi no, Paulo huu sɛ ɛnkyɛ na wɔaku no, enti ɔkyerɛw krataa a ɛtwa to kɔmaa Timoteo. Nsɛm a ɔkaa wom no, na ɛka koma paa. Ebi ni: “Bɔ mmɔden biara bra me nkyɛn ntɛm.” (2 Timoteo 4:9) Ná Paulo dɔ Timoteo paa, na mpo ɔfrɛɛ no “me ba dɔfo ne ɔnokwafoɔ Awurade mu.” (1 Korintofoɔ 4:17) Enti bere a ɔrebɛwu no, na ɔpɛ sɛ ɔhu ne yɔnko brɛboɔ yi anim. Yɛn nso yɛbɛtumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ nkurɔfo kɔ amanehunu mu a, ɛyɛ a wɔtumi ka ba yɛn ho bɛgye awerɛkyekye anaa?’

Wohwɛ a, Timoteo tumi kɔduu Paulo nkyɛn ansa na ɔrewu? Ɛno deɛ, yɛnnim. Nea yɛnim ara ne sɛ na ɔyɛ nea ɔbɛtumi biara kyekye Paulo ne afoforo werɛ hyɛ wɔn nkuran. Ná Timoteo din ne ne honam sɛ; ne din no kyerɛ “Nea Ɔhyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Ná ne gyidi da mu fua, enti mmofra oo, mpanin oo, obiara bɛtumi asuasua no.

^ nky. 9 Hwɛ Ɔwɛn-Aban yi ara mu asɛm a wɔato din “So Wonim?

^ nky. 20 Saa bere no, na Timoteo ntwaa twetia, efisɛ na ne papa yɛ Amanaman muni. Nanso bere a Paulo kaa sɛ ɔmma wɔntwa no twetia no, wampopo ne ti. Kristofo deɛ, na wɔnhyɛ saa mmara no ase, nanso na Paulo ne Timoteo rekɔka asɛm no akyerɛ Yudafo, na sɛ wɔhu sɛ wɔntwaa Timoteo twetia a, ɛbɛtumi aba sɛ wɔrentie. Wei nti na Paulo maa wɔtwaa Timoteo twetia no.—Asomafoɔ Nnwuma 16:3.