Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Enti Wiase Yi Bɛba Awiei?

Enti Wiase Yi Bɛba Awiei?

Ebia wunim sɛ Bible aka sɛ wiase yi bɛba awiei. (1 Yohane 2:17) Nanso nea Bible aka yi kyerɛ sɛ nnipa ase bɛhyew afi asaase so anaa? Anaa bere bi bɛba a, asaase yi bɛda mpan, anaa wɔbɛsɛe no pasaa?

BIBLE NO MA YEHU SƐ ƐNYƐ SAA KORAA NA ASƐM NO TE!

Dɛn Na Ase Renhyew Anaa Ɛrensɛe?

NNIPA ASE RENHYEW

Nea Bible aka: ‘Onyankopɔn ammɔ asaase no kwa na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so.’​—YESAIA 45:18.

ASAASE NO RENSƐE

Nea Bible aka: “Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asaase de, ɛwɔ hɔ daa.”​—ƆSƐNKAFO 1:4.

NEA ƐKYERƐ: Bible no ma yehu sɛ wɔrensɛe asaase no da, na nnipa bɛkɔ so ara atena so. Ɛnde, sɛ yɛka sɛ wiase yi bɛba awiei a, ɛkyerɛ sɛn?

SUSUW HO: Bible no de wiase awiei a ɛreba no totoo asɛm a esii wɔ Noa bere so no ho. Saa bere no, na “amumɔyɛ ahyɛ asaase so ma.” (Genesis 6:13) Enti Onyankopɔn maa osu kɛse bi tɔe, na ɔde sɛee abɔnefo. Nanso ogyee Noa ne n’abusua nkwa, efisɛ na Noa yɛ ɔtreneeni. Bible reka nea esii ho asɛm no, ɛkaa sɛ: “Nsu yiri sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ saa bere no.” (2 Petro 3:6) Enti sɛ yɛbɛka a, saa wiase no baa awiei. Nanso hyɛ no nsow sɛ, ɛnyɛ asaase no na wɔsɛee no, mmom wɔsɛee abɔnefo a na wɔwɔ so no. Enti sɛ Bible ka sɛ wiase yi bɛba awiei a, ɛnyɛ asaase a wɔbɛsɛe no ho asɛm na ɛreka. Mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔbɛsɛe nnipabɔnefo a wɔwɔ asaase so, na wɔayi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ.

Dɛn Na Ɛbɛba Awiei?

ƆHAW NE ABƆNEFOSƐM

Nea Bible aka: “Aka kakraa bi na nnebɔneyɛfo nni hɔ bio; wobɛhwehwɛ wɔn tenabea, nanso worenhu wɔn. Ahobrɛasefo na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wobegye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu.”​—DWOM 37:10, 11.

NEA ƐKYERƐ: Osu kɛse a ɛtɔe wɔ Noa bere so no anyi abɔnefosɛm amfi hɔ koraa. Nsuyiri no akyi no, nnipa bi fii ase yɛɛ bɔne, na wɔde wɔn abɔnefosɛm no sɛee nnipa asomdwoe. Ɛrenkyɛ koraa, Onyankopɔn beyi abɔnefosɛm nyinaa afi hɔ. Sɛnea odwontofo no kae no, yɛrenhu ‘nnebɔneyɛfo bio.’ Onyankopɔn nam n’Ahenni no so na ebeyi abɔnefosɛm nyinaa afi hɔ. Saa Ahenni no yɛ aban a ɛwɔ soro, na ebedi nnipa a wotie Onyankopɔn no so.

SUSUW HO: Wiase atumfoɔ a wɔwɔ hɔ seesei no, wohwɛ a wɔbɛtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi? Bible no ma yehu sɛ wɔrenyɛ saa. Mmom wɔbɛsɔre atia Onyankopɔn Ahenni no. (Dwom 2:2) Ɛbɛkɔ akowie sɛn? Onyankopɔn Ahenni no beyi nnipa aban nyinaa afi hɔ, na “ɛno nko ara na ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Nanso asɛmmisa no ne sɛ, adɛn nti na ɛsɛ sɛ nnipa amammu fi hɔ?

ƐSƐ SƐ Nnipa Amammu Fi Hɔ

Nea Bible aka: “Sɛnea onipa nam a obetutu ne nan mpo, enni ne nsam.”​—YEREMIA 10:23.

NEA ƐKYERƐ: Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wonni wɔn yɔnko nnipa so tumi. Ɛno nti, onipa biara nni hɔ a watumi adi ne yɔnko nnipa so ama biribiara akɔ yiye, na saa ara na nnipa aban biara nso nni hɔ a atumi ayi nnipa haw afi hɔ.

SUSUW HO: Nhoma bi a wɔfrɛ no Britannica Academic ka sɛ, nnipa aban rentumi “nyi ohia, ɔkɔm, yare, atoyerɛnkyɛm, akokoakoko, ne awudisɛm a abu so wɔ baabiara no mfi hɔ.” Ɛsan ka sɛ: “Ebinom . . . gye di sɛ, sɛ aban baako pɛ na edi wiase nyinaa so a, anka ebia yebetumi anya wiase haw ano aduru.” Nanso asɛm no ne sɛ, sɛ nnipa aban nyinaa ka bom yɛ baako mpo a, nnipa a bɔne wɔ wɔn ho yi ara na wɔde wɔn besi agua so sɛ ahemfo anaa atumfoɔ. Ɔhaw ahorow a yɛrehyia no nso, yɛabehu sɛ nnipa rentumi mma yennya ano aduru. Ɛnde, aban bɛn na ebetumi aboa yɛn? Onyankopɔn Ahenni no nko ara ne aban a ebetumi ayi nnipa haw afi hɔ korakora.

Seesei yɛabehu sɛ, Bible aka sɛ ɛrenkyɛ, wiase bɔne a yɛte mu yi bɛba awiei. Wei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛbɔ apapafo hu anaa? Daabi. Mmom, ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan, efisɛ ɛrenkyɛ wiase bɔne a ayɛ basaa yi, Onyankopɔn beyi afi hɔ de wiase foforo a ɛyɛ fɛ aba!

Ɛnde, bere bɛn na Onyankopɔn de wiase foforo no bɛba? Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu mmuae a Bible no de ma.