Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔdan a Ɛbɛhyɛ Wo Anuonyam

Ɔdan a Ɛbɛhyɛ Wo Anuonyam

Twe Bi:

  1. 1. Otumfoɔ Yehowa Nyankopɔn,

    Yɛasi dan wɔ wo din no mu.

    Na yɛde bɛhyɛ wo anuonyam,

    Ɛbɛboa wɔ wo som no mu.

    Agya pa yɛsrɛ honhom kronkron.

    Ma ɛntena ha da biara.

    Ɛno bɛma yɛasow aba pa.

    Yɛbɛsom anigye mu daa.

    (BRIDGE)

    Yɛde yɛn b’ribiara

    Bɛhyɛ wo din anuonyam.

    Anisɔ a yɛwɔ nti

    Yɛbɛkamfo wo daa.

    (NNYESO)

    Ɛnnɛ, yɛreto ayeyi dwom.

    Nhyira kɛse na yɛanya.

    Hwɛ ɔdan a wode akyɛ yɛn!

    Ɛbɛhyɛ wo din anuonyam.

  2. 2. O Yehowa woyɛ ɔdomfo.

    Yɛbɛbɔ wo din baabiara.

    Yɛde ɔdan yi beyi w’ayɛ,

    Ɛbɛma yɛaka w’asɛm daa.

    Ɛnnɛ, anigye ahyɛ yɛn ma;

    Yɛanya yɛn koma so ade.

    Yɛbɛyɛ Aw’rade adwuma;

    Yɛde ahokeka bɛyɛ.

    (BRIDGE)

    Yɛde yɛn b’re nyinaa

    Ne ahoɔden ma wo nnɛ.

    Na wofata ayeyi;

    Yɛbɛkotow wo daa.

    (NNYESO)

    Ɛnnɛ, yɛreto ayeyi dwom.

    Nhyira kɛse na yɛanya.

    Hwɛ ɔdan a wode akyɛ yɛn!

    Ɛbɛhyɛ wo din anuonyam.