Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Gyidi Kɛse

Nya Gyidi Kɛse

Twe Bi:

  1. 1. Wode wo koma

    Ama Yehowa.

    Wudi nokware da biara da.

    Ɛmfa ho sɔhwɛ biara a ɛbɛba,

    Kae sɛ Yehowa hu b’ribiara.

    (NNYESO NNIANIM)

    Enti wɔfrɛ wo sɛ beyi w’ano wɔ

    Atamfo anim,

    Yehowa ne yɛn nyinaa wɔ hɔ;

    Wubedi nkonim.

    (NNYESO)

    ‘Bi’biara nni hɔ

    A ɛbɛtete yɛn afi Yehowa dɔ ho’; nya gyidi

    ‘Obiara nni hɔ,

    Aban anaa tumi biara, abɔfo mpo rentumi.’

    Nya gyidi kɛse

    Sɛ Yehowa dɔ wo.

  2. 2. Hwɛ sɛnea woadi

    Yehowa akyi.

    Wode wo ho nyinaa

    Ato no so.

    Asɛmpa no atamfo dɔɔso nti,

    Kae sɛ ɛdɔm kɛse taa w’akyi.

    (NNYESO NNIANIM)

    Enti wɔfrɛ wo sɛ beyi w’ano wɔ

    Atamfo anim,

    Yehowa ne yɛn nyinaa wɔ hɔ;

    Wubedi nkonim.

    (NNYESO)

    ‘Bi’biara nni hɔ

    A ɛbɛtete yɛn afi Yehowa dɔ ho’; nya gyidi.

    ‘Obiara nni hɔ,

    Aban anaa tumi biara, abɔfo mpo rentumi.’

    Nya gyidi kɛse

    Sɛ Yehowa dɔ wo.

    Ɔdɔ wo paa.

    (BRIDGE)

    Woahyɛ bɔ sɛ: ‘Wubewu ama Onyankopɔn’—

    O Onyankopɔn.

    ‘Nanso ne nyinaa mu, yenim sɛ wubedi nkonim’—

    Wubedi nkonim.

    (NNYESO)

    ‘Bi’biara nni hɔ

    A ɛbɛtete yɛn afi Yehowa dɔ ho’; nya gyidi.

    ‘Obiara nni hɔ,

    Aban anaa tumi biara, abɔfo mpo rentumi.’

    ‘Bi’biara nni hɔ

    A ɛbɛtete yɛn afi Yehowa dɔ ho’; nya gyidi.

    ‘Obiara nni hɔ,

    Aban anaa tumi biara, abɔfo mpo rentumi.’

    Nya gyidi kɛse

    Sɛ Yehowa dɔ wo.