Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mahu Akwan Foforo

Mahu Akwan Foforo

Twe Bi:

  1. 1. Ɔsom adwuma no

    Akɔ n’anim

    Me nso me som te sɛn?

    Mahwɛ mu na mahu sɛ.

    Nea meyɛ da biara no, ɛnsesa da.

    Mede asi m’ani so ɛnnɛ

    Mɛpɛ akwan fof’ro.

    (NNYESO)

    O mepɛ sɛ metrɛw me so mu ɛnnɛ.

    Mɛy’re me ho paa, minnyina faako.

    Yehowa, mɛyɛ nea metumi bia’a.

    Mahu akwan fof’ro, mɛtrɛw me som mu.

  2. 2. Mahu akwan fof’ro.

    Mɛbɔ mmɔden

    Ayɛ adwuma yi.

    Ná manya anigye pii.

    Mempɛ sɛ metena me dedaw mu bio.

    Ɛno nti manya hokwan kɛse.,

    Sɛ mɛtrɛw me som mu nnɛ.

    (NNYESO)

    O mepɛ sɛ metrɛw me so mu ampa.

    Mɛy’re me ho paa wɔ me som mu nnɛ.

    Yehowa, mɛyɛ nea metumi bia’a.

    Mahu akwan fof’ro, mɛtrɛw me som mu.

    (BRIDGE)

    B’re bi na ɛnyɛ mm’rɛw koraa;

    Na m’adwene rehinhim.

    Manhu sɛ ɛho hia paa,

    Sɛ mesesa mu.

    Ɛnnɛ de, mabehu sɛ,

    Me gyidi ayɛ kɛse.

    Minim nea ɛda m’anim

    Ɛyɛ nhyira nkoaa.

    (NNYESO)

    O mɛy’re me ho paa wɔ som mu nnɛ.

    Ampa’ra mɛtrɛw mu akosi daa.

    Yehowa, mɛyɛ nea metumi bia’a

    Na matrɛw me som mu nti, manya nhyira pii.

    (NNYESO)

    O mepɛ sɛ metrɛw me so mu ɛnnɛ.

    Mɛy’re me ho paa, minnyina faako.

    Yehowa, mɛyɛ nea metumi bia’a.

    Mahu akwan fof’ro,

    (NNYESO)

    O mepɛ sɛ metrɛw me so mu ampa.

    Mɛy’re me ho paa wɔ me som mu nnɛ.

    Yehowa, mɛyɛ nea metumi bia’a.

    Mahu akwan fof’ro, mɛtrɛw me som mu.

    Mɛtrɛw mu nnɛ.