Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ka Me Ho

Yehowa Ka Me Ho

Twe Bi:

  1. 1. Masɔre’anɔpa yi mebɔ mpaeɛ sɛ:

    “Yehowa mepɛ sɛ meyɛ nea wopɛ.”

    Nea nnipa bɛka bia’a, ɛremmu m’abam;

    Mɛka asɛm no de’ayi n’ayɛ.

    (NNYESO)

    Baabia’a mewɔ biara Yehowa asomdwoe wɔ me so.

    Te sɛ mframa dɛdɛ bi; ɛbɔ fa me ho.

    Ɔka me ho, minsuro. N’ani wɔ me so.

  2. 2. Mede’asɛmdɛ ne anigye aba fie.

    Asɛm no, ɔbar’ma bi’aky’rɛ ho’anigye.

    Me mpaebɔ nyinaa ne sɛ mehu no bio.

    Ohia aw’rɛkyekye ne anidaso.

    (NNYESO)

    Baabia’a mewɔ biara Yehowa asomdwoe wɔ me so.

    Te sɛ mframa dɛdɛ bi; ɛbɔ fa me ho.

    Ɔka me ho, minsuro. N’ani wɔ me so.

    (BRIDGE)

    Asɛm no redɛw wɔ me mu te sɛ gya.

    Mede m’ahoɔden nyinaa bɛka.

    Mɛma obia’a ‘hu Yehowa din.

    Me ne me nuanom bɛko akɔ yɛ’anim.

    Sɛ ɔko no mu yɛ den sɛn ara’a,

    Masi me bo sɛ mekura mu daa.

    Mede me ho nyinaa bɛhyɛ ne nsam.

    Ɛrenkyɛ ne bɔhyɛ nyinaa bɛbam.

  3. 3. B’re aso sɛ mekɔ me kɛtɛ so.

    Mesrɛ Yehowa sɛ ɔnhwɛ me so.

    Nea ɔkyena de bɛba, me deɛ minnim oo.

    Nea ebesi bia’a, ɔka me ho.

    (NNYESO)

    Baabia’a mewɔ biara Yehowa asomdwoe wɔ me so.

    Te sɛ mframa dɛdɛ bi; ɛbɔ fa me ho.

    Ɔka me ho, minsuro. N’ani wɔ me so.