Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Abusua

Yehowa Abusua

Twe Bi:

  1. 1. Nea ɛda m’akoma so ne sɛ,

    Menya yɔnko pa bi; nea obetie m’asɛm;

    Sɛ anka menya nnamfo bi ataa m’akyi

    Ayɛ abusua; abusua fof’ro bi.

  2. 2. Seesei Yehowa ayɛ m’adom

    Aboa me ma mahu ne nk’rɔfo; manya ’nigye mm’roso.

    Efisɛ wɔayi ɔdɔ soronko bi

    Aky’rɛ me. Ampa, manya abusua kɛse bi.

    (BRIDGE)

    Mewɔ ɛnannom ne agyanom wɔ Aw’rade mu;

    Mewɔ anuanom bebree. Enti memmɔ hu.

    Wɔwɔ wiase baabiara. Anigyesɛm bɛn ni!

    Yɛyɛ Yehowa abusua; ɔtaa yɛ’akyi.

  3. 3. Yɛwɔ asomdwoe ɛne ɔdɔ.

    Na ebi nni baabiara; efi Yehowa hɔ.

    Ɛyɛ akyɛde kɛse a ne dɔ nti

    Ɔde ama yɛn. O! Abusua kɛse bi.

    (BRIDGE)

    Yɛwɔ wiase baabiara. Anigyesɛm bɛn ni!

    Yɛyɛ Yehowa abusua; ɔtaa yɛ’akyi.

  4. 4. Yɛn Nyankopɔn no pɛ sɛ yɛba ne nkyɛn.

    Yɛsom bo ma no, enti ofi komam dɔ yɛn.

    Ɔpɛ sɛ yɛn nyinaa bom yɛ baako nti

    Ɔbɛma yɛn nkwa’a enni awieɛ da bi.

    Yɛyɛ abusua s’ronko bi

    S’ronko bi

    S’ronko bi.