Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Mɛyɛ Dɛn Adi Aduan Pa?

Mɛyɛ Dɛn Adi Aduan Pa?

 Ebia wunim sɛ, sɛ woanni aduan pa a, ebetumi ama woayare. Sɛ obi sua na onni nnuan pa a, sɛ onyin a, anhwɛ a ɔbɛkɔ so ara adi nnuan a ɛnyɛ papa. Enti eye sɛ wubefi ase adi nnuan pa seesei.

 Dɛn ne aduan pa?

 Bible ka kyerɛ yɛn sɛ, ‘yɛnkari pɛ wɔ yɛn nneyɛe mu,’ anaa ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma tra so. Enti yɛn adidi mu nso, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma tra so. (1 Timoteo 3:11) Bere a saa afotu yi wɔ yɛn adwene mu no, ɛyɛ papa sɛ yehu sɛ . . .

  •   Yɛka aduan pa a, ɛno ne aduan a nnuannuru nyinaa bi wom. Nnuan a ɛwɔ wiase nyinaa gu ahorow anum. Ɛne: Nnuan a milk wom, nnuan a protein wom, nnuaba, atosode anaa nhabamma, ne nnuan a ntɛtɛw wom te sɛ aburow, ɔmo, hwiit, ne nea ɛkeka ho. Ebinom wɔ hɔ a, woyi saa nnuan yi baako anaa nea ɛboro saa fi aduan a wodi mu. Wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, ɛremma wɔnyɛ kɛse. Nanso woyɛ saa a, nnuannuru a ɛbɛboa wo nipadua no, worennya.

     Sɔ wei hwɛ: Yɛ nhwehwɛmu na hu nea enti a ehia sɛ wudi nnuan pɔtee bi. Wubetumi nso abisa wo dɔkota ama wakyerɛ wo. Nhwɛso bi ni:

     Wudi aduan a carbohydrate wom a, ɛbɛma wo ahoɔden. Aduan a protein wom betumi aboa wo nipadua ama ako atia nyarewa, na asiesie wo nipadua. Anwa bi wɔ hɔ a, sɛ wudi no sɛnea ɛsɛ a, ebetumi aboa wo na woannya komayare. Ebetumi nso ama wo ahoɔden.

     “Bere biara a medidi no, mehwɛ hu sɛ aduan ahorow nnum no biara bi wom. Afei nso, mihu sɛ, sɛ da koro bi wudi tɔfe anaa wotɔ abɔnten aduan di a, ɛnyɛ hwee. Nanso, ɛnsɛ sɛ wode ɛno yɛ w’aduan a wubedi no daa. Biribiara a wubedi no, ɛnsɛ sɛ wudi boro so.”—Brenda.

    Aduan a nnuannuru a ehia nnim no, ɛte sɛ akongua a ne nan baako nni hɔ

  •   Aduan pa a obi bedi no nkyerɛ sɛ ɔyɛ ade tra so. Aduan pa a obi bedi no nkyerɛ sɛ ɔrennidi mmee, ɔbɛkyen ne ho kɔm na akyiri yi wadidi bebree, anaa ɔde biribi a ɔpɛ paa bɛkame ne ho.

     Sɔ wei hwɛ: Yi bosome baako si hɔ na fa hwɛ sɛnea w’adidi te. Nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ade tra so a yɛaka ho asɛm no, mpɛn dodow sɛn na woyɛɛ emu bi? Nsakrae bɛn na wubetumi ayɛ na ama woadi aduan pa?

     “Da bi wɔ hɔ a, na midi aduan a ebetumi ama mayɛ kɛse. Ɛtɔ da nso a, na madi aduan a ɛremma menyɛ kɛse. Awiei koraa no, misii gyinae sɛ sɛ merebedidi a, ɛnyɛ afei na merebebu akontaa ahwɛ sɛ ɛbɛma mayɛ kɛse anaa ɛremma menyɛ kɛse. Mmom, mehwɛ sɛ merennidi mmoro so, na sɛ meredidi na mihu sɛ mamee pɛ a, na magyae. Egyee bere de, nanso seesei midi aduan pa.”—Hailey.

 Mɛyɛ dɛn akɔ so adi aduan pa?

  •   Dwen ho to hɔ. Bible ka sɛ: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.” (Mmebusɛm 21:5) Sɛ wopɛ sɛ daa wudi aduan pa a, ɛsɛ sɛ woyɛ ho nhyehyɛe to hɔ.

     “Sɛ wopɛ sɛ wudi nnuan a ahoɔden wom a, gye sɛ woyɛ ho nhyehyɛe. Mpɛn pii no, efie aduan na ɛyɛ aduan pa. Ɛwom, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛnoa aduan wɔ fie, nanso wutumi yɛ a, ɛso wɔ mfaso paa. Ebetumi mpo aboa wo na woansɛe sika.”—Thomas.

  •   Di nnuan a ahoɔden wom na gyae nea ahoɔden nnim no. Bible ka sɛ: “Kora nyansa.” (Mmebusɛm 3:21) Saa afotu yi bɛboa wo ama woahu nneɛma a wubetumi ayɛ na ama woadi nnuan a ahoɔden wom.

     “Nea mede fii ase ne sɛ, da biara na mede aduan pa baako sesa aduan baako a ahoɔden nnim. Mɛyɛ ho nhwɛso a, sɛ́ anka medi chocolate no, mewe apple mmom. Ankyɛ koraa na mibehui sɛ, da biara mitumi di nnuan pa, na ɛnyɛ nnuan a ahoɔden nnim!”—Kia.

  •   Nyɛ nea ɛboro wo so. Bible ka sɛ: ‘Fa anigye di w’aduan.’ (Ɔsɛnkafo 9:7) Sɛ wudi aduan pa a, ɛno nkyerɛ sɛ worentumi nnidi mma wo ho mmae wo. Ɛnkyerɛ nso sɛ, aduan biara a wubedi no, susuw na bu ho akontaa. Sɛ ehia sɛ wo so tew mpo a, kae sɛ ade a esi w’ani so ne sɛ wubenya apɔwmuden. Enti nyɛ ade mmoro so.

     “Nnansa yi ara me so tew bɛyɛ kilogram 13, nanso da koro mpo nni hɔ a mekyen me ho kɔm. Mantua me ho aduan biara, na sɛ mididi wie na midi nnɔkɔnnɔkɔwade bi nso a, na memma ɛnhaw me. Mihui sɛ, ɛnyɛ da koro pɛ na me so bɛtew, enti nea na ehia ara ne sɛ mɛhwɛ m’adidi yiye.”—Melanie.