Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Mɛyɛ Dɛn Anya Nneɛma Ho Adwempa?

Mɛyɛ Dɛn Anya Nneɛma Ho Adwempa?

 Wuhu wo ho sɛn?

  •   Woyɛ obi a wohwɛ kwan sɛ bere nyinaa nneɛma bɛkɔ yiye anaa?

     “Memfa nneɛma bi nhaw me ho, mmom mebɔ mmɔden sɛ bere biara mɛma m’ani agye. Minhu nea enti a ɛsɛ sɛ meyɛ me ho mmɔbɔ mmɔbɔ.”—Valerie.

  •   Wo de, da biara yɛ dabɔne ma wo anaa?

     “Sɛ mihu sɛ nneɛma rekɔ yiye a, nea meka ara ne sɛ, gyama biribi nkɔ yiye nti na aba saa. Minnye nni sɛ, me na ɛsɛ sɛ ɛto me.”—Rebecca.

  •   Woyɛ obi a wuhu nneɛma sɛnea ɛte ankasa?

     “Sɛ bere biara mehwɛ kwan sɛ nneɛma bɛkɔ yiye a, ebetumi ama m’abam abu, saa ara nso na sɛ da biara yɛ dabɔne ma me a, m’ani rennye da. Nanso sɛ mihu nneɛma sɛnea ɛte ankasa a, ɛboa me.”—Anna.

 Adɛn nti na wei ho hia?

 Bible ka sɛ, “Nea ɔwɔ anigye koma no wɔ apontow mu daa.” (Mmebusɛm 15:15) Ampa, nkurɔfo a bere biara wɔwɔ adwempa, na wɔde wɔn adwene si nneɛma pa so no, wɔn ani gye daa. Wei mpo ma wonya nnamfo pii. Ade yi, obiara mpɛ sɛ ɔne obi a da biara n’anim ayɛ bosabosaa anaa ne werɛ ahow bɛbɔ.

 Nanso, sɛ woyɛ obi a wowɔ nneɛma ho adwempa mpo a, nneɛma bɔne pii wɔ hɔ a ebetumi asisi a wonhwɛ kwan. Sɛ nhwɛso no:

  •   Sɛ wutie kaseɛbɔ a, ebia wobɛte sɛ akokoakoko, awudisɛm, ne abɔnefosɛm rekɔ so.

  •   Ebetumi aba sɛ, ɛsɛ sɛ wudi ɔhaw bi a ɛrekɔ so wɔ w’abusua mu ho dwuma.

  •   Wei da nkyɛn a, wowɔ suban ahorow bi a ɛsɛ sɛ woko tia.

  •   W’adamfo nso betumi ayɛ biribi ma ahaw wo.

 Sɛ́ anka wubebu w’ani agu ɔhaw ahorow yi so, anaa mpo wubedwinnwen ho dodo ama woayɛ bosaa no, bɔ mmɔden sɛ wubehu ɔhaw no sɛnea ɛte ankasa. Sɛ wuhu ɔhaw no sɛnea ɛte ankasa a, ɛbɛboa wo na woanya nneɛma ho adwempa, saa ara nso na sɛ nneɛma ankɔ yiye nso a, ɛrenhaw wo pii.

Sɛ nneɛma nkɔ yiye mpo a, nom nsu twɛn ɔpɛ, efisɛ anidaso wɔ hɔ

 Nea wubetumi ayɛ

  •   Gye tom sɛ wutumi di mfomso.

     Bible ka sɛ: “Ɔtreneeni biara nni asase so a adepa nko ara na ɔyɛ na ɔnyɛ bɔne.” (Ɔsɛnkafo 7:20) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wudi mfomso a, ɛnkyerɛ sɛ wo so nni mfaso, mmom ɛkyerɛ sɛ woyɛ onipa.

     Hu nneɛma sɛnea ɛte ankasa: Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ wo mfomso ho adwuma, nanso kae sɛ worentumi nyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Aberante bi a ne din de Caleb ka sɛ, “Mebɔ mmɔden biara sɛ meremfa m’adwene nsi me mfomso ahorow so. Mmom, misua biribi fi mu, na mehwehwɛ akwan a mɛfa so asiesie me mfomso ahorow no.”

  •   Mfa wo ho ntoto afoforo ho.

     Bible ka sɛ: “Mommma yɛmmpɛ anuonyam hunu, nnsi akan, mmma yɛn ani mmmere yɛn ho yɛn ho.” (Galatifo 5:26) Ebetumi aba sɛ wo nnamfo kogyee wɔn ani a wɔanto nsa afrɛ wo; ebia wotwitwaa ɛho mfoni de guu sohyial media so. Sɛ wokɔ so ara hwɛ saa mfoni ahorow no a, ebetumi ayɛ wo yaw na ama wo bo afuw. Ebetumi ama woanya adwene mpo sɛ, wo nnamfo no mpɛ w’asɛm bio.

     Hu nneɛma sɛnea ɛte ankasa: Gye tom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wo nnamfo bɛto nsa afrɛ wo ama moapue akogye mo ani. Afei hu sɛ, ɛnyɛ mfoni ahorow a egu sohyial media so no na ɛbɛma woahu nea esii ankasa. Abaayewa bi a wadi mfe 16 a wɔfrɛ no Alexis ka sɛ, “Sɛ wokɔ sohyial media so a, wutumi hu sɛ nkurɔfo taa de nneɛma a wɔyɛe a ɛmaa wɔn ani gyei na egu hɔ, wɔmfa nneɛma a wɔyɛe a ankɔ yiye ngu hɔ.”

  •   Ma afoforo nhu sɛ wopɛ asomdwoe, titiriw w’abusuafo.

     Bible ka sɛ: “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.” (Romafo 12:18) Ɛwom, worentumi nkyerɛ afoforo sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade, nanso ade baako ne sɛ, wubetumi asesa sɛnea woyɛ w’ade. Sɛ wopɛ a, wubetumi ayɛ obi a ɔpɛ asomdwoe.

     Hu nneɛma sɛnea ɛte ankasa: Akasakasa anaa ɔhaw a asɔre wɔ abusua no mu no, yere wo ho sɛ worenyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ woresosɔ gya gu mu, mmom yɛ w’ade sɛ obi a ɔpɛ asomdwoe. Sɛnea ɛyɛ a wopɛ sɛ asomdwoe tena wo ne wo nnamfo ntam no, saa ara na ɛsɛ sɛ woma asomdwoe tena w’abusua mu. Ababaa bi a ne din de Melinda ka sɛ, “Onipa biara nni hɔ a onni mfomso, enti sɛnea ɛte biara, obi betia wo nan so. Sɛ biribi saa si, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, yɛbɛhwehwɛ asomdwoe anaa yɛbɛtwe nsɛm mu tann?”

  •   Kyerɛ nneɛma ho anisɔ.

     Bible ka sɛ: “Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.” (Kolosefo 3:15) Sɛ wokyerɛ nneɛma ho anisɔ a, ɛbɛboa wo ama wode w’adwene asi nneɛma pa a ɛresisi wɔ w’asetena mu no so, sen sɛ wode w’adwene besi nneɛma a ɛnkɔ yiye no so.

     Hu nneɛma sɛnea ɛte ankasa: Hu nneɛma a ɛrehaw wo, nanso mmu w’ani ngu nneɛma pa a ɛrekɔ so wɔ w’asetena mu no so. Ababaa bi a ne din de Rebecca ka sɛ, “Nneɛma pa a esisi wɔ da no mu no, da biara mekyerɛw gu nhoma ketewa bi mu. Meyɛ wei sɛnea ɛbɛyɛ a, mɛkae me ho sɛ, nneɛma pa pii asisi wɔ m’asetena mu a metumi adwinnwen ho.”

  •   Hwɛ wo nnamfofa yiye.

     Bible ka sɛ: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33) Sɛ wotaa ne nkurɔfo a biribiara wonya ho asɛm ka, wɔka kasafi anaa wɔyɛ ahoɔyaw bɔ a, ebetumi anya wo so nkɛntɛnso bɔne paa.

     Hu nneɛma sɛnea ɛte ankasa: Sɛ wo nnamfo hyia nsɛnnennen bi a, wotumi yɛ basaa na wodi yaw nso. Ɛba saa a, boa wo nnamfo no, nanso mma ɔhaw a wɔrehyia no nhyɛ wo so pii. Ababaa bi a wɔfrɛ no Michelle ka sɛ, “Ɛnsɛ sɛ yɛne nkurɔfo a wonni nneɛma ho adwempa bɔ; saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ nkontaabu mu, sɛ obi de ka, na ɔsan kofiri biribi ka ho a, ɛka no bɛyɛ kɛse. Enti bere biara, sɛ yɛne nkurɔfo a wonni nneɛma ho adwempa bɔ a, yɛn nso yɛrenya adwempa.”

 Kenkan pii fa ho

 Bible ka sɛ, yɛte ‘mmere a emu yɛ den mu.’ (2 Timoteo 3:1) Nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wiase yi mu nti, ɛtɔ da a, ɛyɛ den ma wo sɛ wubenya nneɛma ho adwempa anaa? Ɛnde kenkan asɛm a ɛne, “Adɛn Ne Amanehunu Bebrebe Yi? no.