Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Adɛn Nti Na Daa Na M’ano Akɔpɛ Asɛm Abrɛ Me Yi?

Adɛn Nti Na Daa Na M’ano Akɔpɛ Asɛm Abrɛ Me Yi?

 “Ɛtɔ da a mitumi hwɛ me kasa yiye, nanso ɛtɔ mmere bi nso a ɛte sɛ nea mekasa a minnwen ho no!”—James.

 “Sɛ biribi hyɛ me so na minhu nea menyɛ a, mekasa a minnwen ho. Me koro yi ara sɛ biribiara nhyɛ me so nso a, mekasa dodo. Enti mɛka pa ara, daa m’ano kɔpɛ asɛm brɛ me.”—Marie.

 Bible ka sɛ: “Tɛkrɛma no yɛ . . . ogya” na, ‘ogya ketewaa tumi hyew kwae mũ!’ (Yakobo 3:5, 6) Ɛyɛ a, nsɛm a epue fi w’anom kɔpɛ asɛm brɛ wo anaa? Sɛ saa a, ɛnde asɛm yi betumi aboa wo.

 Adɛn nti na meka nea mempɛ sɛ meka?

 Mfomso wɔ yɛn ho. Bible ka sɛ: “Yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii. Sɛ obi nni mfomso wɔ kasa mu a, ɛkyerɛ sɛ saa onipa no yɛ pɛ.” (Yakobo 3:2) Esiane sɛ bɔne wɔ nnipa nyinaa ho nti, yɛnam a yetumi hwe ase. Saa ara nso na yɛrekasa a, yetumi ka nea yɛmpɛ sɛ yɛka.

 “Esiane sɛ bɔne wɔ me ho nti, sɛ meka sɛ metumi ahwɛ me kasa yiye bere nyinaa a, na meredaadaa me ho.”—Anna.

 Kasa bebrebe. Bible ka sɛ: “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu.” (Mmebusɛm 10:19) Sɛ woyɛ obi a wokasa pii na wonyɛ aso ntie afoforo a, anhwɛ a wobɛka asɛm a yɛnka, na ebetumi ahaw afoforo.

 “Sɛ nkurɔfo hyia a, wɔn a wonim ade pa ara no ntaa nkasa pii. Wohwɛ Yesu sɛɛ a, na onim ade sen obiara wɔ asase so ha, nanso ɛtɔ da a, na ɔyɛ dinn.”—Julia.

 Nsɛm a wɔka de twiw afoforo. Bible ka sɛ: “Ɛwɔ nea otu nsɛm bumbum sɛ nkrante a ɛwowɔ.” (Mmebusɛm 12:18) Nsɛm a wotu no bumbum no, baako ne nsɛm a wɔka de twiw afoforo; ɛyɛ nsɛm a ɛyɛ yaw a wɔka de bu afoforo animtiaa. Ebia obi a ɔka nsɛm de twiw afoforo no bɛka sɛ, “Ɛnyɛ agorɔ kɛkɛ na na meredi!” Nanso nsɛm a wɔka de bu afoforo animtiaa nyɛ agodi. Bible ka sɛ yenyi ‘kasatia ne adebɔne biara mfi yɛn mu.’—Efesofo 4:31.

 “Me ho yɛ anika, na ɛyɛ a mepɛ sɛ nkurɔfo serew, enti wobɛhwɛ na maka asɛm bi ama atwiw obi. Ɛno na mpɛn pii ɛkɔfa asɛm brɛ me no.”—Oksana.

Sɛnea wumia pɛpsodɛnt a, worentumi mpia nkɔ mu bio no, saa ara na nsɛm a yɛka te; sɛ yenya ka a, yɛrentumi ntwe nsan

 Sɛnea wobɛhwɛ wo kasa yiye

 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛhwɛ wo kasa yiye, nanso Bible mu afotusɛm betumi aboa wo. Wo de, susuw nhwɛso a edidi so yi ho.

 “Momma mo nsɛm ntena mo koma mu, . . . na monyɛ komm.”—Dwom 4:4.

 Ɛtɔ da a, nea eye pa ara ne sɛ wobɛyɛ komm. Ababaa bi a ne din de Laura ka sɛ, “Sɛ me bo fuw a, sɛnea mete nka no, ɛbɛyɛ kakra no na mente nka saa bio. Sɛ me bo dwo a, ɛyɛ a m’ani gye pa ara sɛ manka nea na anka mepɛ sɛ meka no.” Sɛ wohome asɛm bi so bɛyɛ anibu kakraa bi mpo a, ebetumi aboa wo na woanka nea yɛnka.

 “Ɛnyɛ asõ na ɛsɔ nsɛm hwɛ sɛnea dodom ka aduan hwɛ no?”— Hiob 12:11.

 Sɛ wode nsɛmmisa a edidi so yi susuw asɛm biara a wopɛ sɛ woka ho yiye a, ebetumi aboa wo na w’ano ankɔpɛ asɛm ammrɛ wo. Asɛm a worebɛka no, bisa wo ho sɛ:

  •   Ɛyɛ nokware? Ɛde asomdwoe bɛba? Ɛho hia?—Romafo 14:19.

  •  me na obi kaa saa asɛm no kyerɛɛ me a, anka mɛte nka sɛn?—Mateo 7:12.

  •   Ɛbɛkyerɛ sɛ mede nidi rema afoforo anaa?—Romafo 12:10.

  •   Saa bere yi na ɛsɛ sɛ meka anaa?—Ɔsɛnkafo 3:7.

 “Mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo.”—Filipifo 2:3.

 Afotusɛm yi bɛboa wo ama woanya afoforo ho adwempa. Wunya afoforo ho adwempa nso a, ɛbɛboa wo ama woadwen ansa na woakasa. Sɛ ɛkɔba sɛ woka nea yɛnka ma ɛhaw obi mpo, na wowɔ ahobrɛase a, wobɛpa kyɛw ntɛm ara! (Mateo 5:23, 24) Ɛno akyi no, bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ wo kasa yiye bere foforo.