Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Ɔbea Ne Barima Nantew—Ɔfã 2: Sɛ Me Ne Obi Renantew, Dɛn Na Ɛsɛ Mehwɛ Kwan?

Ɔbea Ne Barima Nantew—Ɔfã 2: Sɛ Me Ne Obi Renantew, Dɛn Na Ɛsɛ Mehwɛ Kwan?

 Woahyia obi a wotwe ma no, ɛnna moyɛe sɛ mobɛnantew ahwɛ sɛ mubetumi aware a. Bere a mugu so rehu mo ho yiye no, dɛn na ɛsɛ sɛ obiara yɛ?

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Ɛsɛ sɛ obiara ka nokware kyerɛ ne yɔnko

 Onipa a woate ahwe ne dɔ mu no, sɛ wotaa ne no bɔ a, obiara behu ne yɔnko yiye. Wode w’ani to fam a, nneɛma bi wɔ ne ho a, wo ara wubehu.

 Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a, ɛno de, ɛsɛ sɛ motena ase ka ho asɛm; ɛnsɛ sɛ obiara de biribi sie ne yɔnko. Bere a morebɔ nkɔmmɔ no, sɛ wuhu biribi a ɛnkɔ wo yiye a, mma ɔdɔ mmfura w’ani. Dwen ho yiye paa, na si gyinae pa.

 Nneɛma a ɛsɛ sɛ mususuw ho no bi ni:

  •   Sikasɛm. Wode ka bi anaa? Wopɛ atotɔatotɔ? Sɛ moware a, sika a mubenya ne ɛka a mobɛbɔ no, mubesi ho gyinae sɛn?

  •   Apɔwmuden. W’apɔwmuden te sɛn? Yare kɛse bi abɔ wo pɛn?

  •   Botae. Dɛn na esi w’ani so wɔ abrabɔ mu? Ɔbea anaa ɔbarima a woahyia no no, nea esi w’ani so no ara bi na esi n’ani so anaa? Sɛ moware na biribi nti mo botae no bɔ nkyɛn a, anigye bɛkɔ so ara awɔ mo aware no mu anaa?

  •   Abusua. Yɛrekasa yi, wo busuani bi wɔ hɔ a wo na wohwɛ no anaa? Wode w’ani toto a, biribi saa betumi asi daakye anaa? Mopɛ sɛ mowo? Sɛ mobɛwo a, dodow sɛn?

 Moresusuw nsɛm a ɛte sei ho a, obiara nka nokware turodoo; ntwa nwura ngu asɛm biara so. Ɛnyɛ sɛ wopɛ sɛ nipa no ware wo ara nti, wode nsɛm bi besie no anaa woremma onhu nneɛma bi mu yiye.—Hebrifo 13:18.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Dɛn na ehia sɛ wuhu fa nipa a wo ne no reyɛ nhyehyɛe no ho? Ɔno nso ɛ, dɛn na ɛsɛ sɛ ohu fa wo ho? Sɛ moamfa biribiara ansie, na akyiri yi moware a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ obiara begye ne yɔnko adi bere a morebɔ nkɔmmɔ. Adɛn ntia?

 Bible mu afotusɛm: “Mo mu biara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.”—Efesofo 4:25.

 “Ebia ɔbea no bɛka sɛ, ‘Akyɛ ara, abosome nsia de, na wahyɛ me bɔ sɛ ɔbɛware me,’ nanso wobɛhwɛ no, na wogyafo redwen afe. Esi saa a, ebetumi ayɛ ɔbea no yaw, na n’adwene betumi ayɛ no bebree. Ne tirim de, nsu a wobɛnom no, wonhwɛ nkyɛnkyɛn. Enti ehia paa sɛ obiara hu nea ɛwɔ ne yɔnko adwene mu, na mote mo ho ase.”—Ariana, waware afe baako.

 Ɛsɛ sɛ obiara kae sɛ ɛnyɛ biribiara na mo adwene behyia wɔ ho

 Worennya nnipa mmienu a wɔn biribiara yɛ pɛ da. Enti nyɛ w’adwene sɛ nipa a wo ne no nam no, wo ne n’adwene behyia wɔ biribiara ho, anaa sɛnea wote nka wɔ nneɛma ho no, saa pɛpɛɛpɛ na ɔno nso bɛte nka. Nneɛma bi te sɛ baabi a yɛtetee obiara ne obiara amammerɛ na ɛbɛkyerɛ sɛnea obiara susuw nneɛma ho.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sɛ asɛm a mo adwene nhyia wɔ ho no nyɛ asɛm biara, na entia Bible mmara biara a, mo mu biara ayɛ krado sɛ asomdwoe nti, obegye ne yɔnko adwenkyerɛ atom anaa?

 Bible mu afotusɛm: “Momma nnipa nyinaa nhu sɛ mote asɛm ase.”—Filipifo 4:5.

 “Sɛ wo na wose mo adwene hyia sɛ dɛn mpo a, ɛnyɛ dɛn ara a, nneɛma baako mmienu bi de, ɛbɛsono obiara adwene. Ehia paa sɛ mo adwene kɔ bɛnkoro mu wɔ nneɛma bi ho. Nanso biribi wɔ hɔ a ehia paa sen mo adwene a ɛbɛkɔ bɛnkoro mu no. Ɛno ne sɛnea mo mu biara yɛ n’ade bere a mo adwene anhyia wɔ asɛm bi ho no.”—Matthew, waware mfe nnum.

 Ɛsɛ sɛ obiara kae sɛ anammɔn a moatu no, ɛnyɛ adwuma ketewa

 Nokware a ɛwom ne sɛ, sɛ wubetumi ahu obi yiye a, egye bere paa, na adwuma nso wom. Enti dɛn na ebetumi aboa wo?

 Nyɛ ade ntra so. Hwɛ na nipa no annye w’adwene ara amma ankɔba sɛ afei de wobɛhwɛ no, na woapia nnwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ agu nkyɛn, anaa wo nnamfo koraa afei de, wɔn ho nhia wo bio. Alana aware mfe nnum; ɔkaa sɛ: “Nnamfo yɛ nnamfo. Woware koraa a, wobɛkɔ so ahia wɔn, na wɔn nso behia wo. Enti wufi ase ne obi yɛ aware nhyehyɛe a, ntwa wɔn mmɔ.”

 Kae sɛ woware a, ɛnkyerɛ sɛ nneɛma afoforo a woyɛ wɔ w’asetena mu no, wubegyae yɛ. W’afuw adɔɔso, enti ehia sɛ woyɛ ne nyinaa. Enti saa bere yi a mugu so rehu mo ho no, sua sɛ nneɛma afoforo a ehia sɛ woyɛ no, woremmu w’ani ngu so.

 Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Nipa no, ɛyɛ a wugye no bɔ so ara ma onnya ahaban mpo ntew nwe anaa? Bere a ɔpɛ sɛ wunya ma no no, wote nka sɛ ɛboro wo so anaa? Dɛn na mo mu biara betumi ayɛ na ne yɔnko ante nka sɛ nhyehyɛe no ama ne ho kyere no dodo, na onnya ne ho twabere?

 Bible mu afotusɛm: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ, adwuma biara wɔ ne bere.”—Ɔsɛnkafo 3:1.

 “Sɛ yempue nkogye yɛn ani nko ara na munim yɛ a, aware no akyi no, ebetumi atete mo ani so. Daa daa adeyɛ bi te sɛ fie nnwuma, gua mu a mobɛkɔ, ne Nyankopɔn a mobɛsom no no, eye sɛ mobɛbom ayɛ bi. Mufi ase sei a, na fapem pa na moreto ama aware no.”—Daniel, waware mfe mmienu.

 Kae sɛ, sɛ wo ne obi bɛnantew a, adwene no ne sɛ morehwɛ ahwɛ sɛ mubetumi aware a. Nsɛm a ɛba ntoatoa so yi, ɔfã a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛma woahu nneɛma bi a ehia sɛ wususuw ho ansa na woasi gyinae sɛ wobɛware nipa no anaa worenware no.