Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Sɛ Ɔbarima Ne Ɔbarima Bi Da Anaa Ɔbea Ne Ɔbea Bi Da a, Ɛyɛ Bɔne Anaa?

Sɛ Ɔbarima Ne Ɔbarima Bi Da Anaa Ɔbea Ne Ɔbea Bi Da a, Ɛyɛ Bɔne Anaa?

 “Bere a merenyin no, na adeɛ bi haw me paa. Na mepɛ sɛ me ne me yɔnko barima da. Na ɛyɛ me sɛ saa atenka no bɛte akɔ, nanso ɛkɔɔ so teetee me.”—David, wadi mfe 23.

 David yɛ Kristoni a ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Wohwɛ a, obetumi ayɛ nea Onyankopɔn pɛ bere a ɔwɔ ne yɔnko barima ho akɔnnɔ? Sɛ barima ne barima da anaa ɔbea ne ɔbea da a, Onyankopɔn hu no sɛn?

 Dɛn na Bible ka wɔ ho?

 Adwene a nkurɔfo wɔ wɔ barima ne barima nna anaa ɔbea ne ɔbea nna ho no, ɛsono baabiara ne sɛnea wohu no. Afei nso, bere bi a atwam no, na ɛsono sɛnea nkurɔfo bu no, ɛnna ɛsono sɛnea nkurɔfo bu no nnɛ. Nanso Kristofo deɛ, nea nnipa dodow gye tom no, ɛnyɛ ɛno na wɔde yɛ adwuma, na wɔnyɛ nnipa nso a “nkyerɛkyerɛ biara wosow wɔn biribiri.” (Efesofo 4:14) Mmom nea Bible ka wɔ barima ne barima nna anaa ɔbea ne ɔbea nna ho (ɛne abrabɔ ho biribi foforo biara) no, ɛno na wogye tom de bɔ wɔn bra.

 Nea Bible ka fa barima ne barima nna anaa ɔbea ne ɔbea nna ho no, emu da hɔ. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ:

  •  “Wo ne ɔbarima nnna sɛnea wo ne ɔbea da. Ɛyɛ akyiwade.”—Leviticus 18:22.

  •  “Esiane sɛ wɔpɛ sɛ wodi wɔn koma mu akɔnnɔ akyi nti, . . . Onyankopɔn gyaa wɔn maa nna ho akɔnnɔ a ɛyɛ aniwu, efisɛ wɔn mmea de nna mu nkitahodi a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛnyɛ ne kwan so.”—Romafo 1:24, 26.

  •  “Anaa munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn Ahenni? Mommma wɔnnnaadaa mo. Aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima a wɔma mmarima ne wɔn da, mmarima a wɔne mmarima da, akorɔmfo, adifudepɛfo, akɔwensafo, wɔn a wotwa nkurɔfo adapaa, ne apoobɔfo rennya Onyankopɔn Ahenni no.”—1 Korintofo 6:9, 10.

 Nea ɛwom ne sɛ, sɛ barima nya ne yɔnko barima ho akɔnnɔ oo, sɛ onya ɔbea ho akɔnnɔ oo, Nyankopɔn mmara na ɛsɛ sɛ obiara de bɔ ne bra. Asɛm no ne sɛ, sɛ obi nya akɔnnɔ sɛ ɔnyɛ biribi a Onyankopɔn ani nnye ho a, ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ne ho so.—Kolosefo 3:5.

 Wei kyerɛ sɛ . . . ?

 Wei kyerɛ sɛ Bible pɛ sɛ yɛtan mmarima a ɛware mmarima ne mmea a ɛware mmea?

 Daabi. Bible nka sɛ yɛntan obiara. Mmarima a ɛware mmarima oo, mmarima a ɛware mmea oo, Bible nka sɛ yɛntan wɔn. Mmom nea Bible ka ne sɛ, ‘yɛnhwehwɛ asomdwoe wɔ yɛne nnipa nyinaa ntam.’ Enti sɛ obi te sɛn oo, ɔte sɛn oo, Bible pɛ sɛ yɛne no tena asomdwoe mu. (Hebrifo 12:14) Wei nti, ɛmfata sɛ nkurɔfo poopoo mmarima a wɔne mmarima da anaa mmea wɔne mmea da. Na ɛnyɛ papa nso sɛ yebedi wɔn bɔne anaa yɛde wɔn bɛfa ateetee biara mu.

 Wei kyerɛ sɛ mmara a ɛma kwan ma barima ware barima na ɔbea ware ɔbea no, ɛsɛ sɛ Kristofo kasa tia anaa?

 Bible ma yehu sɛ, mmara a Onyankopɔn ahyɛ afa aware ho ne sɛ, ɔbarima baako bɛware ɔbea baako. (Mateo 19:4-6) Nanso mmara a nnipa hyɛ fa barima ne barima aware anaa ɔbea ne ɔbea aware ho no, amanyɔsɛm mu na yehu no, na mmom sɛ́ ɛyɛ bɔne anaa ɛnyɛ bɔne no deɛ, ɛnyɛ ɛhɔ na wɔhwɛ. Bible ka kyerɛ Kristofo sɛ wɔmmfa wɔn ano nnto amanyɔsɛm mu. (Yohane 18:36) Wei nti, aban mmara a ɛfa barima ne barima aware anaa ɔbea ne ɔbea aware ho no, yɛnkasa ntia, na yɛnka nkyerɛ nkurɔfo nso sɛ wonnye ntom. Saa ara na aban mmara a ɛfa barima ne barima nna anaa ɔbea ne ɔbea nna ho no, yɛnkasa ntia na yɛnka nkyerɛ nkurɔfo nso sɛ wonnye ntom.

 Na sɛ . . . ?

 Na sɛ seesei barima ne ne yɔnko barima da anaa ɔbea ne ne yɔnko ɔbea da a, obetumi agyae?

 Aane obetumi agyae. Yesu asomafo no bere so mpo, wɔn a na wɔyɛ saa no bi tumi gyaee! Bible ka sɛ mmarima a wɔne mmarima da rennya Onyankopɔn Ahenni. Afei ɛde toa so sɛ: “Saa na na mo mu binom te.”—1 Korintofo 6:11.

 Wei kyerɛ sɛ mmarima a na wɔne mmarima da a wogyaee no, mmarima ho akɔnnɔ biara amma wɔn mu bio anaa? Ɛnte saa. Bible ka sɛ: “Monhyɛ suban foforo a wɔnam nokware nimdeɛ so reyɛ no foforo no.” (Kolosefo 3:10) Nsakrae deɛ, ɛmma nwie; ɛyɛ biribi a ɛkɔ so daa.

 Na sɛ obi pɛ sɛ ɔde Nyankopɔn mmara bɔ ne bra nanso ɔda so ara nya ne yɔnko barima anaa ne yɔnko ɔbea ho akɔnnɔ a, ɔbɛyɛ no dɛn?

 Ɛte sɛ akɔnnɔ foforo biara. Sɛ onipa no pɛ a, ɔrensosɔ so na ɔrenni akyi nkɔyɛ bɔne. Ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ? Bible ka sɛ: “Monkɔ so nnantew honhom mu, na ɛremma munni ɔhonam akɔnnɔ akyi da.”—Galatifo 5:16.

 Kae sɛ Bible anka sɛ honam akɔnnɔ biara remma onipa no mu. Mmom sɛ ɔma Bible adesua ne mpaebɔ tumi no a, obenya ahoɔden de adi saa akɔnnɔ no so.

 David a yɛaka n’asɛm dedaw no de saa asɛm no yɛɛ adwuma na ɛboaa no ɛnkanka bere a ɔkaa nea na ɛrehaw no no ho asɛm kyerɛɛ n’awofo a wɔyɛ Kristofo no. Ɔkae sɛ: “Mihui sɛ yɛayi adesoa kɛse bi afi me so. Sɛ mekaa ho asɛm ntɛm a, anka m’ani gyee me mmabun bere no mu paa.”

 Sɛ yɛde Yehowa mmara bɔ yɛn bra a, ɛma yɛn ani gye paa. Yegye di paa sɛ Yehowa mmara “teɛ, na ɛma koma di ahurusi,” na sɛ ‘yedi so a yenya akatua kɛse.’—Dwom 19:8, 11.