Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMABUN BISA SƐ

Mɛyɛ Dɛn Adi Fɛre So?

Mɛyɛ Dɛn Adi Fɛre So?

 Nea enye wɔ ho: Fɛre betumi ama woahwere nneɛma pa pii. Ebi ne sɛ ebetumi ama ayɛ den sɛ wubenya nnamfo pa, na woasua nneɛma foforo afi nkurɔfo hɔ.

 Nea eye wɔ ho: Ɛnyɛ bere nyina na fɛre nye adepa. Ebetumi aboa wo ama woadwen ansa na woakasa, na ebetumi ama woayɛ obi a w’ani da fam na woyɛ otiefo pa.

 Nea eye wɔ ho paa: Sɛ wofɛre ade seesei a, ɛnkyerɛ sɛ wobɛfɛre ade daa. Ɔhaw a fɛre betumi ama aba wo so no, wubetumi adi so. Nea yɛrebesusuw ho yi bɛma woahu ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa.

 Hu ade a ɛma wobɔ hu no

 Fɛre betumi ama woasuro sɛ wo ne nkurɔfo bɛbɔ nkɔmmɔ anim-ne-anim. Ɛno nti, ebetumi ama woate nka sɛ woyɛ ankonam, ɛbɛyɛ wo sɛ nea wo nko ara wohyɛ ɔdan bi a emu ayɛ sum mu. Ebetumi ayɛ ade a ɛyɛ hu. Nanso sɛ wuhu ade a ɛma wobɔ hu no a, wubehu sɛ ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɛma wobɔ hu koraa. Ma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi.

  •   Ehu #1: “Ɛyɛ a minhu nea menka ho asɛm.”

     Nokwasɛm: Nkurɔfo kae sɛnea woyɛ w’ade sen nsɛm a woka. Sɛ wusua sɛ wobɛyɛ otiefo pa bere a afoforo rekasa a, wubetumi adi ehu a ɛwɔ wo mu no so.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Adamfo bɛn na wopɛ? Nea ɔyɛ kasatenten a bere nyinaa ɔwɔ asɛm foforo a ɔbɛka, anaa obi a ɔyɛ otiefo pa?

  •   Ehu #2: “Nkurɔfo bɛka sɛ meyɛ bɔtee.”

     Nokwasɛm: Sɛ wofɛre ade oo, sɛ womfɛre ade oo, nkurɔfo benya wo ho nsɛm aka. Sɛ woma nkurɔfo hu sɛnea wote ankasa a, ɛbɛma woadi ehu a ɛwɔ wo mu no so. Wei betumi aboa nkurɔfo ama wɔanya wo ho adwene pa.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sɛ ɛyɛ wo sɛ obiara mpɛ w’asɛm a, ebetumi aba sɛ ebia wo na w’adwene yɛ wo saa.

  •   Ehu #3: “Sɛ merekasa na midi mfomso a, ɛbɛma m’anim agu ase.”

     Nokwasɛm: Ɛtɔ da a, obiara tumi di mfomso wɔ kasa mu. Sɛ wudi mfomso wɔ wo kasa mu na wofa no sɛ ɛnyɛ wo nko ara na wudi mfomso na obiara nso tumi di mfomso a, ebetumi aboa wo ama woadi ehu a ɛwɔ wo mu no so.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Sɛ wo ne nkurɔfo a wogye tom sɛ wɔn nso tumi di mfomso bɔ a, ɛyɛ a w’ani nnye?

 So Wunim? Esiane sɛ ebinom tumi de text message pii kɔma nkurɔfo nti, ɛyɛ wɔn sɛ wɔmfɛre ade. Nanso, sɛ wo ne nkurɔfo hyia anim-ne-anim bɔ nkɔmmɔ a, ɛma ɛyɛ mmerɛ sɛ mobɛfa nnamfo, na ɛma mo nnamfofa no mu yɛ den paa. Sherry Turkle yɛ adwene ne nneyɛe ho nimdefo, ɛnna ɔsan yɛ mfiridwuma ho nimdefo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛne obi hyia anim-ne-anim na yɛte ne kasa na ɔno nso te yɛn de a, ɛnna yetumi ne no bɔ paa.” a

Sɛ wunya di ehu a ɛwɔ wo mu no so a, wubehu sɛ afoforo a wo ne wɔn behyia anim-ne-anim no nyɛ hu te sɛ nea na anka wususuw no

 Nea wubetumi ayɛ

  •   Mfa wo ho ntoto afoforo. Ɛho nhia sɛ wobɛyɛ obi a n’ani so yɛ hyew. Mmom nea ɛsɛ sɛ wode si w’ani so ne sɛ wubedi wo fɛre no so, sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nnamfo pa, na woasua nneɛma foforo afi nkurɔfo hɔ.

     Ɛho nhia sɛ sɛ wo ne afoforo rebɔ nkɔmmɔ a wobɛma wo kasa ayɛ tenteenten, na saa ara nso na ɛho nhia sɛ wobɛma obiara ate wo nka bere a wowɔ nnipa mu. Wo de, nea wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛbɔ wo din akyerɛ obi a wunnim no, anaa wubebisa no nsɛm ntiaantiaa kakraa bi.”—Alicia.

     Bible nnyinasosɛm: “Ma obiara nhwɛ sɛnea n’ankasa nnwuma te. Ɛno na obenya biribi agyina so adi ahurusi wɔ nea ɔno ara ayɛ ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.”—Galatifo 6:4.

  •   Fa w’ani to fam. Hwɛ nkurɔfo a ɛnyɛ wɔn den sɛ wɔne afoforo bɛbɔ na sua sɛnea wɔne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ. Dɛn na ɛma nneɛma kɔ yiye ma wɔn? Dɛn na ɛmma nneɛma nkɔ yiye mma wɔn? Nneyɛe a ɛyɛ fɛ a wɔda no adi bɛn na wubetumi asua?

     “Fa w’ani to fam na suasua nkurɔfo a ɛnyɛ wɔn den sɛ wɔne afoforo bɛfa nnamfo. Hwɛ sɛnea wɔyɛ no, na tie nsɛm a wɔka bere a wɔahyia obi a wonnim no.”—Aaron.

     Bible nnyinasosɛm: “Sɛnea dade sew dade ano no, saa ara na onipa nso sew n’adamfo anim.”—Mmebusɛm 27:17.

  •   Bisa nsɛm. Mpɛn pii no, ɛyɛ a nkurɔfo pɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma ho, enti ɔkwan a eye a wobɛfa so ne wɔn abɔ nkɔmmɔ ne sɛ wubebisa wɔn nsɛm. Woyɛ saa a, ɛmma nkurɔfo mfa wɔn adwene nsi wo so.

     “Sɛ wudi kan dwinnwen nea wobɛyɛ ho a, ɛntaa mfa adwinnwen mmɛto wo so. Wubetumi mpo apɛ nsɛm bi a mobɛbɔ ho nkɔmmɔ ansa mpo na woakɔ apontow bi a wubehyia nkurɔfo a wunnim wɔn ase. Sɛ woyɛ saa a, ɛremma wunnwinnwen pii.”—Alana.

     Bible nnyinasosɛm: “Munnnwen mo nko ara mo ho, na mmom munnwen afoforo nso ho bi.”—Filipifo 2:4.

a Efi nhoma a wɔato din Reclaiming Conversation mu.