Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ M’anim

Hwɛ M’anim

Twe Bi:

  1. 1. O​—adɛn wonkasa?

    Ɛntew wo ho saa.

    Ɛmma wo fon no mfa wo nyɛ akoa

    Onua, ɛmma ’depa mmɔ wo;

    Hwɛ nneɛma ɛbɛn wo.

    Ɛbɛma woanya anigye kɛse nnɛ—

    Ma ɛmpare wo sɛ wode wo fon bɛyɛ w’adamfo.

    Wubetumi anya nnamfo bebree.

    (NNYESO)

    Hwɛ yɛ’anim.

    Sɛ wuhu

    Wo nuanom,

    Wo nnamfonom? Yɛbɔ nkɔmmɔ dɛdɛ.

    Hwɛ m’anim.

    Mepɛ sɛ

    Wokae sɛ

    W’adamfo nie. Fa fon no to hɔ hwɛ m’anim.

  2. 2. O​—ma wo ti so hwɛ,

    Abɔde fɛfɛ.

    Ɛmma wo fon mpam wo nnamfonom.

    Onua twa w’ani hwɛ ha;

    Wo nnamfo pa wɔ ha,

    Wɔdɔ Yehowa nti, wɔpɛ w’asɛm ampa.—

    Bɔ wo ho mmɔden sɛ woremma fon no nyɛ w’adamfo.

    Wubetumi anya nnamfo bebree.

    (NNYESO)

    Hwɛ yɛ’anim.

    Sɛ wuhu

    Wo nuanom,

    Wo nnamfonom? Yɛbɔ nkɔmmɔ dɛdɛ.

    Hwɛ m’anim.

    Mepɛ sɛ

    Wokae sɛ

    W’adamfo nie.

    (ADANTAM)

    Fa fon no to hɔ hwɛ m’anim.

    (BRIDGE)

    Ɛmma wo fon no nsiw wo kwan.

    Ebesum wo afidie nti fa w’ani to fam.

    Ɛbɛma woanya mfaso pii.

    Wubenya b’re abɔ nkɔmmɔ dɛdɛ. Nyankopɔn behyira wo.

  3. 3. Fa—wo fon no to hɔ

    Sɛ w’ani anna hɔ,

    Ɛbɛma woahwere nneɛma pa pii.

    Hwɛ sɛnea ɛyɛ fɛ​—

    Sɛ yɛahyia mu ɛnnɛ

    B’ribiara ne no nsɛ, enti nya anigye.

    Ma ɛmpare wo sɛ wo de wo fon bɛyɛ w’adamfo.

    Wobɛkɔ so anya nnamfo bebree.

    (NNYESO)

    Hwɛ yɛ’anim.

    Sɛ wuhu

    Wo nuanom

    Wo nnamfonom? Yɛbɔ nkɔmmɔ dɛdɛ

    Hwɛ m’anim

    Mepɛ sɛ

    Wokae sɛ

    W’adamfo nie. Fa fon no to hɔ hwɛ m’anim.

    Sɛ wuhu

    Wo nuanom

    Wo nnamfonom? Yɛbɔ nkɔmmɔ dɛdɛ

    Hwɛ m’anim

    Mepɛ sɛ

    Wokae sɛ

    W’adamfo nie. Fa fon no to hɔ hwɛ m’anim.